Salmernes Bog 65 – BPH & ASCB

Bibelen på hverdagsdansk

Salmernes Bog 65:1-14

En takkesang ved høstfesten

1Til korlederen: En lovsang af David.

2Zions Gud, vi vil lovprise dig,

vi vil indfri vore løfter til dig.

3Du er en Gud, der hører bøn,

og vi kommer alle til dig.

4Når vi indrømmer vores synd,

oplever vi din nådige tilgivelse.

5Lykkelige er de, du lader leve i din nærhed.

Vi jubler over alt det gode, du giver os.

6Du er vores frelser, Gud,

du redder os ved dine mægtige undere.

Du kan give håb til alle og enhver,

hvor de end bor i den vide verden.

7Du er den almægtige Gud.

Du formede de enorme bjerge,

8du dæmper bølgernes brusen

og standser nationernes oprør.

9Alle folkeslag forundres over dine vældige gerninger,

du bliver lovprist både i øst og i vest.

10Du vander jorden og gør den frugtbar,

du fylder floderne med enorme vandmasser.

Du sørger for væde til jorden,

så der bliver en god høst.

11Du sender regn til de pløjede marker,

så furerne fyldes med vand.

Du blødgør jorden med regn

og giver grobund for den sæd, der er sået.

12Når høsten er omme, er laderne fulde,

din velsignelse betyder overflod.

13Græsgangene i ødemarken glinser af væde,

bakkerne blomstrer af fryd.

14Fårene flokkes på de frodige enge,

dalene klædes i korn.

Hele dit skaberværk synger af glæde.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 65:1-13

Dwom 65

Dawid dwom.

1Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion,

na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.

2Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ,

wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.

3Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no,

wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn.

4Nhyira nka wɔn a woyi wɔn

ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ!

Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma,

deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.

5Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ,

Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa.

Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ

ne ɛpo so akyirikyiri nso.

6Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ

de daa wʼahoɔden adi.

7Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ,

asorɔkye no a ɛbobɔ

ne amanaman no hooyɛ.

8Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ.

Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ,

wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ.

9Wohwɛ asase no gugu so nsuo;

woma no yɛ asase pa ma ɛboro so.

Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma

sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane.

Sɛdeɛ woayɛ no nie.

10Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee

na wokaa nkofie no sram so;

wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ

na wohyiraa ɛso afifideɛ.

11Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no,

na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.

12Ɛserɛ so wira dɔɔso

na anigyeɛ baa nkokoɔ so.

13Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ ma

na ayuo akata mmɔnhwa no so;

wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom.