Bibelen på hverdagsdansk

Salme 55

Om at blive forrådt af sine venner

1Til korlederen: En visdomssang af David. Synges til akkompagnement af strengeinstrumenter.

Hør min bøn, Gud,
    lyt til mit råb om hjælp.
        Hør mig og svar mig.
Jeg er ude af mig selv
    og ryster af skræk.
Mine fjender gør mig bange
    med deres voldsomme trusler.
De er rasende på mig
    og klar til angreb.
Mit hjerte banker helt vildt,
    dødsangsten overmander mig.
Jeg er grebet af skræk og rædsel,
    jeg er lammet af frygt.
Jeg ville ønske, jeg havde vinger som en fugl,
    så jeg kunne flygte og finde fred.
Jeg ville flyve langt bort,
    slå mig ned i ødemarken og blive der.
Jeg ville skyndsomst søge ly
    for det voldsomme uvejr.
10 Skab forvirring hos dem, Herre,
    og forstyr deres planer.
Der er oprør og ufred i byen.
11     Der går vagter på bymuren dag og nat,
        men den virkelige fare kommer indefra.
12 Der er vold og mord overalt,
    trusler og bedrageri breder sig uhæmmet.
13 Hvis det var en fremmed, der rasede imod mig,
    kunne jeg bedre holde det ud.
Hvis jeg blev hånet af mine fjender,
    kunne jeg løbe væk fra dem.
14 Men det var dig, som jeg troede var min ven,
    du var min følgesvend og min fortrolige.
15 Vi delte hinandens hemmeligheder,
    vi fulgtes ad i festoptoget til Guds hus.

16 Gid du ville sende dem i døden, Gud,
    for ondskaben har fyldt deres sind.

17 Jeg vil råbe til min Gud,
    og Herren vil redde mig.
18 Morgen, middag og aften vil jeg klage min nød,
    og han vil høre min bøn.
19 Han vil redde mig fra mine angribere,
    selv om der er mange, der kæmper imod mig.
20 Gud, som hersker fra fortids dage,
    vil høre mig og ydmyge dem.
De nægter jo at forandre sig,
    de frygter ikke Gud.
21 Min ven forrådte mig,
    han brød sit løfte.
22 Hans tale var glat som olie,
    men han havde bagtanker om oprør.
Hans ord var bløde som smør,
    men de blev snart til skarpe dolke.
23 Kast din byrde på Herren,
    så vil han bære den for dig.
Han lader ikke de gudfrygtige bukke under.
    Aldrig i evighed.
24 Gud, send de onde bedragere i afgrunden,
    mordere og løgnere skal dø i deres ungdom.
Men jeg sætter min lid til dig.

Nkwa Asem

Nnwom 55

Adamfo a n’adamfo ayi no ama mpaebɔ

1O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ. Nnan wo ho nkyerɛ me nkotosrɛ! Tie me na bua me! Me dadwene ama mabrɛ. M’atamfo ahunahuna abɔ me hu na amumɔyɛfo nyadi abubu me. Wɔma ɔhaw ba me so; wɔn bo afuw me, na wɔtan me. Mabɔ hu na owu ahunahuna abubu me. Ehu ne ahopopo akyekyere me. Ahohuru afa me. Sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a, anka metu akɔpɛ homebea akyirikyiri. Anka metu akɔ akyirikyiri akɔkyekyere fi wɔ sare so. Anka, ntɛm so, mɛpɛ hintabea afi mframa a ano yɛ den ne ahum ano.

O Awurade! Toto m’atamfo kasa. Mihu basabasayɛ wɔ kuropɔn no mu 10 awia ne anadwo ama bɔne ne ɔhaw ahyɛ no ma. 11 Amumɔyɛ wɔ baabiara. Nsisi ne nnaadaa ahyɛ mmɔnten so ma.

12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔreserew me a, anka metumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrehoahoa ne ho kyerɛ me a, anka metumi de me ho asie no. 13 Nanso, ɛyɛ wo, me yɔnko pa. 14 Me ne wo aka atirimsɛm asom wɔ Hyiadan baako mu.

15 M’atamfo nwuwu ansa na wɔn bere aso. Ma wɔnkɔ asaman anikan. Bɔne wɔ wɔn afi ne wɔn koma mu. 16 Nanso misu frɛ Awurade Nyankopɔn sɛ ɔmmoa me na obegye me nkwa nso. 17 Anɔpa, awia, anadwo, me nsɛm ne m’apinisi kɔ ne nkyɛn na ɔbɛte me nne. 18 Ɔde me befi ɔko a mereko atia m’atamfo dodow no mu no aba dwoodwoo.

19 Onyankopɔn a wadi hene fi tete no betie me na wadi wɔn so efisɛ, wɔmpɛ sɛ wɔsakra, na wonsuro no nso.

20 Me yɔnko a odi kan kɔɔ ne nnamfonom so. Wanni ne bɔhyɛ so. 21 Na n’ano asɛm yɛ dɛ sen wo, nanso na ɔtan wɔ ne koma mu. Ne nsɛm yɛ brɛoo sɛ ngo, nanso etwa te sɛ nkrante a ɛyɛ nnam.

22 Gyaa wo haw mu ma Awurade na ɔbɛko agye wo. Ɔremma ɔnokwafo nni nkogu. 23 Nanso, wo, O Onyankopɔn, bɛma awudifo ne atorofo akɔ wɔn damoa mu ansa na wɔawie wɔn nkwa nna fa. Me de, mede me ho meto wo so.