Ezekiels Bog 23 – BPH & AKCB

Bibelen på hverdagsdansk

Ezekiels Bog 23:1-49

Billedtale om Samarias og Jerusalems utroskab

1Herren sagde til mig: 2-3„Du menneske, der var engang to søstre, der fra deres tidligste ungdom levede som prostituerede i Egypten. Dér krammede og knugede man deres jomfruelige bryster. 4Storesøsteren hed Ohola og lillesøsteren Oholiba. De symboliserer Samaria og Jerusalem.23,4 De to navne, der betyder „hendes telt” og „mit telt er i hende”, hentyder til, at Jerusalem havde Herrens helligdom/telt, mens Samaria havde sin egen helligdom. Hovedstæderne står symbolsk for Nordriget og Sydriget.

Jeg giftede mig med dem begge, og de fødte mig sønner og døtre. 5Men Ohola var mig utro og blev forgabt i assyrerne, 6for deres officerer og stormænd var utrolig flotte med purpurfarvede klæder og prægtige heste. 7Hun horede med Assyriens fornemste mænd og dyrkede uhæmmet deres afguder. 8Allerede da hun var i Egypten, var hun utro imod mig og gav sig hen til afguderne der. Desværre holdt hun fast ved sin utroskab, selv efter at hun havde forladt Egypten.

9Derfor lagde jeg hendes skæbne i assyrernes hænder. Hendes elskere kunne nu gøre med hende, hvad de ville. 10Som straf ydmygede de hende ved at rive tøjet af hende og gøre hendes børn til slaver. Derpå blev hun slået ned med sværdet, og de andre kvinder hånede hende for den skændsel, hun blev udsat for.

11Men selv om hendes søster Oholiba så, hvad der skete med hende, tog hun ikke ved lære. Hendes afgudsliderlighed var forfærdelig, og hun syndede endnu mere end søsteren. 12Hun flirtede med de assyriske officerer og stormænd, der havde så flotte uniformer og prægtige heste. 13Hun var lige så troløs som sin søster, 14-15ja, hun var faktisk værre end søsteren, for hun forelskede sig endog i de babyloniske officerer, hun havde set malerier af på murene med røde uniformer, bælte om livet og turban på hovedet. 16Hun blev så forelsket i dem, at hun sendte bud til Babylon om, at de skulle komme til hende. 17De kom så og horede med hende, men bagefter følte hun afsky for dem.

18Fordi hun blottede sig for dem og gav sig selv hen til dem, blev jeg led ved hende, som jeg var blevet led ved hendes storesøster. 19-20Men det generede hende ikke. Hun huskede sin fortid som prostitueret i Egypten og gav sig nu hen til de liderlige egyptere, der var brunstige som æsler og gejle som hingste. 21Hun gik tilbage til sin ungdoms lyster, dengang man krammede hendes bryster i Egypten.

22Men hør nu Herrens ord, Oholiba: Alle dine elskere, som du vendte dig fra i afsky, hidser jeg op imod dig. 23Babylonierne kommer imod dig sammen med alle kaldæerne fra Pekod, Shoa og Koa. Også assyrerne sender jeg mod dig, alle de flotte officerer og stormænd, klædt i purpur og ridende på prægtige heste. 24Fra nord kommer stridsvogne og forsyningsvogne rumlende imod dig, og deres fodfolk kommer vrimlende fra alle kanter, bevæbnet til tænderne. Fjenden omringer dig fra alle sider, og jeg overlader det til dem at udføre straffen over dig. 25I jalousi vil jeg hævne mig på dig. Jeg lader dem skære næsen og ørerne af dig og bortføre dine børn som slaver. De, der overlever, vil falde for sværdet eller brændes i ilden. 26De vil flå tøjet af dig og rive dine juveler til sig. 27Sådan vil jeg gøre en ende på dine uhæmmede lidenskaber, den skamløse livsstil du tog med dig fra Egypten. Du skal ikke mere tilbede falske guder eller tænke på Egypten. 28Jeg giver dig i dine fjenders vold, dem du afskyr og har taget afstand fra. 29I deres raseri vil de frarøve dig alt, hvad du har, og slænge dig bort, nøgen og forladt, så din skandaløse livsstil afsløres. 30Al den elendighed er du selv skyld i, fordi du dyrkede fremmede folkeslags guder og gjorde dig selv uren ved at tilbede deres afgudsbilleder. 31Du fulgte i din søsters fodspor, og derfor skal du få en straf, der svarer til hendes. 32Det er en hård straf, og du bliver genstand for alverdens hån. Du må tømme straffens fyldte bæger til bunds. 33Du vil blive fuldstændig omtåget og stønne af gru og rædsel. 34Men du skal tømme det til sidste dråbe og derefter smadre det i tusind stykker og rive dig selv til blods i fortvivlelse. Jeg, Herren, har talt. 35Fordi du glemte mig og vendte mig ryggen, må du tage konsekvensen af din forfærdelige utroskab.”

36Herren fortsatte: „Du menneske, udtal min dom over Ohola og Oholiba. Fortæl om deres frygtelige synder. 37De var mig utro og har blod på hænderne, for de dyrkede afguderne og myrdede de børn, som de fødte mig, ved at brænde dem på afgudsaltrene. 38Desuden vanærede de mit tempel og overholdt ikke sabbatsbudet. 39Tænk, lige efter at have slagtet og brændt deres børn til ære for afguderne kom de til mit tempel for at tilbede mig! Hvilken afskyelig handlemåde!

40I to søstre sendte bud til fjerne lande efter flotte mænd. I badede jer, lagde sminke på øjnene og tog jeres fineste smykker på. 41I satte jer til bords på elegante puder og stillede min hellige røgelse og olie frem på bordet. 42Der var fest og ballade. De mange indbudte mænd fra ørkenen drak sig fulde og satte armringe på jeres arme og en fornem krone på jeres hoved. 43Jeg sagde til mig selv: De utro gamle skøger! 44Derpå gik mændene ind til Ohola og Oholiba som til prostituerede. Åh, de skamløse kvinder. 45Men retskafne mænd skal efter lovens ord idømme dem straffen for ægteskabsbrud og mord, for de har været utro imod mig, og de har blod på hænderne.

46Gud Herren siger: Før en hær imod dem, så de bliver terroriseret og udplyndret. 47Lad fjenden kaste sten imod dem og hugge dem ned med sværdet, slagte deres børn og brænde deres huse ned til grunden. 48For jeg vil sætte en stopper for den afgudsliderlighed, der hersker i landet. I skal være et eksempel til skræk og advarsel for andre til alle tider. 49I vil blive straffet hårdt for jeres uanstændige afguderi, og I skal forstå, at jeg er Herren.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 23:1-49

Nuabeanom Aguamammɔfo Baanu

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, mmea baanu a wɔyɛ ɔbea baako mma tenaa ase. 3Wɔbɛyɛɛ aguamammɔfo wɔ Misraim, na wɔbɔɔ aguaman fii wɔn mmabaabere mu. Womiamiaa wɔn nufu, wɔberee wɔn mmabaabere mpokua wɔ asase no so. 4Ɔpanyin no din de Ohola na ne nuabea no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmabarima ne mmabea. Ohola ne Samaria na Oholiba nso ne Yerusalem.

5“Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ aguaman; nʼani tu dii nʼapɛfo akyi, Asiriafo, akofo no 6a wɔhyehyɛ ntade bibiri, amradofo ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmerante a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ so. 7Ɔne Asiriafo atitiriw bɔɔ aguaman, na ɔsom wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi. 8Wannyae nʼaguamammɔ a ofii ase wɔ Misraim no, bere a ɔyɛ ababaa na mmarima ne no dae, susoo ne mpokua mu na wohwiee wɔn akɔnnɔ guu ne so no.

9“Ɛno nti mede no maa nʼadɔfo Asiriafo no a nʼani bere wɔn no. 10Wɔbɔɔ no adagyaw, faa ne mmabarima ne ne mmabea kɔe, na wɔde afoa kum no. Ogyee ne din wɔ mmea mu na asotwe baa ne so.

11“Ne nuabea Oholiba huu eyi nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼaguaman sen ne nuabea no de. 12Ɔno nso dii Asiriafo no akyi; amradofo ne asahene, akofo a wɔhyehyɛ wɔn ntade, apɔnkɔsotefo a wɔn nyinaa yɛ mmerante ahoɔfɛfo. 13Mihuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɔkwan koro so.

14“Na ɔtoaa nʼaguamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ohuu mmarima mfoni a wɔakurukyerɛw agu ɔfasu bi ho, Kaldeafo mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyerɛw 15a abɔso bobɔ wɔn asen mu na abotiri bobɔ wɔn ti a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanyimfo a wofi Kaldea. 16Ohuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea. 17Na Babiloniafo no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, woguu ne ho fi. Woguu ne ho fi wiee no wɔn ho fonoo no enti ogyaa wɔn. 18Ɔkɔɔ so wɔ nʼaguamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagyaw no, migyaw no hɔ sɛnea migyaw ne nuabea no hɔ pɛpɛɛpɛ. 19Na ɔmaa nʼaguamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaabere a na ɔbɔ aguaman wɔ Misraim no. 20Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfo a wɔn barima te sɛ mfurum de na wɔn ho nsu te sɛ apɔnkɔ de no bɔɔ aguaman. 21Na wo kɔn dɔɔ wo mmabun mu akɔnnɔ bɔne no, nea woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na womiamiaa wo mpokua no.

22“Ɛno nti, Oholiba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛhwanyan wʼadɔfo atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn hɔ no; mede wɔn befi afanan nyinaa abetia wo. 23Babiloniafo ne Kaldeafo nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafo no ne wɔn bɛba, mmerante ahoɔfɛfo a wɔn nyinaa yɛ amradofo, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfo ne mmarima a wokura dibea akɛse a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. 24Wɔde akode, nteaseɛnam ahorow ne nnipadɔm bɛba abetia wo; wɔde akokyɛm akɛse ne nketewa ne dade kyɛw bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛe so atwe wo aso. 25Mɛdan me ninkunu abufuw no akyerɛ wo so, na wɔne wo bedi no anibere so. Wobetwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔbɛfa mo mmabarima ne mo mmabea akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahyew mo. 26Wɔbɛpa wo ho ntama nso na wɔafa wo nnwinne. 27Ɛno nti mɛma wʼakɔnnɔ bɔne ne aguamammɔ a wufii ase wɔ Misraim no aba nʼawie. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi, na worenkae Misraim bio.

28“Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfo nsa, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn no. 29Wɔde ɔtan ne wo bedi, na wɔafa nea woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wobegyaw wo adagyaw ne kwaterekwa, na wʼaguamammɔ ho aniwu no bɛda adi. Wʼaniwude ne wʼaguamansɛm no 30na ɛde eyinom aba wo so, efisɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi. 31Woayɛ nea wo nuabea yɛɛ no bi; na ɛno nti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.

32“Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“Wobɛnom wo nuabea kuruwa ano,

kuruwa a ɛso na mu dɔ;

ɛde fɛwdi ne ahohora bɛba,

efisɛ nea ɛwɔ mu dɔɔso.

33Nsabow ne awerɛhow bɛhyɛ wo ma,

ɔsɛe ne asaworamto kuruwa no,

wo nuabea Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma.

34Wobɛnom a hwee renka mu:

na woawe nʼasinasin no

na woasunsuan wo mpokua mu.

Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.

35“Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene wʼakyi nti, ɛsɛ sɛ wunya wʼaniwude ne wʼaguamammɔ so akatua.”

36Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wubebu Ohola ne Oholiba atɛn ana? Ɛno de, fa wɔn akyiwadeyɛ no si wɔn anim, 37efisɛ wɔasɛe aware, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee aware no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wɔn aduan. 38Wɔde eyi nso ayɛ me: Saa bere koro no ara mu, woguu me kronkronbea ne me homenna ho fi. 39Da a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛn me kronkronbea hɔ koguu ho fi. Eyi na wɔyɛɛ wɔ me fi.

40“Wɔsomaa abɔfo kɔfrɛɛ mmarima a wofi akyirikyiri bae, na wobedui no, muguare, kekaa mo ani akyi, de mo adwinne hyehyɛɛ mo ho maa wɔn. 41Motenaa akongua papa bi a wɔde ɔpon a wɔasɛw so asi anim, ɛso na mode nnuhuam ne ngo a anka ɛyɛ me de no sisii.

42“Na hooyɛ a efi nnipakuw bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafo fi sare no so ne mmarima a wofi dɔm no mu bae, na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbea no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ. 43Na meka faa nea aguamammɔ ama watetew no ho se, ‘Momma wɔnnyɛ no sɛ oguamanfo, efisɛ saa ara pɛ na ɔte.’ 44Na wɔne no dae. Sɛnea mmarima ne oguamanfo da no, saa ara na wɔne saa mmea a wɔn ho yɛ aniwu no, Ohola ne Oholiba dae. 45Nanso atemmufo atreneefo de asotwe a wɔde ma mmea a wɔsɛe aware na wɔka mogya gu no bɛma wɔn, efisɛ wɔyɛ nguamanfo na wɔn nsa ho wɔ mogya.

46“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Fa nnipadɔm bra betia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so. 47Nnipakuw no besiw wɔn abo na wɔde wɔn afoa bɛtow ahyɛ wɔn so. Wobekunkum wɔn mmabarima ne wɔn mmabea na wɔahyew wɔn afi.

48“Ɛno nti mɛma aniwu nneyɛe aba awiei wɔ asase no so na abɔ mmaa nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo. 49Wubenya wʼaniwude so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.”