Esters Bog 7 – BPH & ASCB

Bibelen på hverdagsdansk

Esters Bog 7:1-10

Hamans endeligt

1Om aftenen sad kongen og Haman endnu en gang til fest hos dronning Ester. 2Mens de drak af vinen, spurgte kongen igen: „Hvad har du på hjerte, dronning Ester? Fortæl mig nu, hvad du ønsker. Jeg giver dig det, om det så er det halve kongerige!”

3Da svarede dronning Ester: „Hvis jeg har fundet nåde for Deres øjne, herre konge, beder jeg om, at De vil skåne mit eget og mine landsmænds liv. 4Det er blevet besluttet, at jeg og mit folk skal udryddes fuldstændigt. Hvis vi var blevet solgt som slaver, ville jeg ikke have ulejliget kongen af den grund, men total udryddelse er en anden sag.”

5„Hvad mener du?” spurgte kong Xerxes. „Hvem er det, der har besluttet at udrydde jer?”

6„Det er en fjende af jøderne, den onde Haman der!” svarede Ester.

Haman blev ligbleg og rystede af skræk. 7Kongen sprang op i vrede og gik ud i parken, mens Haman blev tilbage for at bønfalde dronning Ester om nåde, for han vidste, hvad kongens vrede betød. 8I sin fortvivlelse knælede Haman ned over divanen, som Ester lå på, netop som kongen vendte tilbage fra haven.

„Hvad i alverden!” råbte kongen. „Overfalder han dronningen for øjnene af mig i mit eget palads?” Straks sprang tjenerne til, overmandede Haman og tildækkede hans ansigt.

9Den tjener, der hed Harbona, sagde til kongen: „Herre, Haman har netop opstillet en høj galge, som var tænkt til Mordokaj, kongens redningsmand. Den står parat i Hamans gård.”

„Så hæng ham selv i den!” beordrede kongen. 10Så hængte de Haman i den galge, han havde tænkt til Mordokaj, og kongens vrede lagde sig.

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 7:1-10

Wɔkum Haman

1Enti, ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmaa Ɛster apontoɔ no. 2Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”

3Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn. 4Ɛfiri sɛ, wɔatɔn me ne me manfoɔ ama nnipa a wɔbɛkunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, ɛfiri sɛ, ɛno deɛ, ɛyɛ asɛm kumaa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”

5Ɔhene Ahasweros bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛyɛ saa? Na hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka wo?”

6Ɛster buaa sɛ, “Saa omumuyɛfoɔ ne ɔtamfoɔ yi ne animguaseni Haman.”

Ehu maa Haman too hoa wɔ ɔhene ne ɔhemmaa no anim. 7Ɔhene no de abufuo huri gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfie hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, dwane toaa Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ nʼawieeɛ aduru.

8Ɔde abasamutuo bu hwee Ɔhemmaa Ɛster mpa a ɔrehome so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso firii ahemfie no turo mu hɔ baeɛ.

Ɔhene no bobɔɔ mu sɛ, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmaa yi wɔ ahemfie ha, wɔ mʼani so ha nso?”

Ɔhene no kasa wieeɛ ara pɛ, nʼasomfoɔ no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawieeɛ aduru.7.8 Sɛ wɔkata obi tiri so a, na ɛkyerɛ sɛ wɔabu no kumfɔ. 9Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Haman asi dua a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum wɔ ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no wɔ so.”

Afei, ɔhene no kaa sɛ, “Monsɛn Haman wɔ so.” 10Enti, wɔsɛnee Haman wɔ dua no a ɔsi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoeɛ.