3. Mosebog 12 – BPH & ASCB

Bibelen på hverdagsdansk

3. Mosebog 12:1-8

Regler for renselse efter en fødsel

1Herren befalede Moses at give Israels folk følgende instrukser:

2„Efter at en kvinde har født en dreng, skal hun regnes for uren i syv dage ligesom under hendes menstruation. 3Når drengen er en uge gammel, skal han omskæres. 4Derefter har moderen en periode på 33 dage, hvor hun ikke må røre noget, som er helligt, og hun må ikke gå hen til åbenbaringsteltet.

5En kvinde, der føder en pige, skal regnes for uren ligesom under hendes menstruation, men dobbelt så længe, altså i 14 dage. Og derefter må hun ikke komme i nærheden af noget helligt i 66 dage.

6Følgende regler gælder, hvad enten barnet er en dreng eller en pige: Når perioden på de 40 eller 80 dage efter fødslen er overstået, skal moderen tage et etårs lam som brændoffer og en ung due eller en turteldue som syndoffer og bringe dem til præsten ved indgangen til åbenbaringsteltet. 7Han skal så ofre dem til Herren som forsoning, og derefter er hun fuldstændig renset efter sin fødsel.

8Men hvis kvinden er fattig og ikke har råd til at ofre et lam, skal hun bringe to turtelduer eller to unge duer. Den ene due skal bruges til brændofferet og den anden til syndofferet.”

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 12:1-8

Awoɔ Akyi Ahodwira

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ Israelfoɔ mmara sɛ, 2“Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabarima a, ne ho nnte nnanson, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. 3Ne nnawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wɔtwa abarimaa no twetia. 4Na nnafua aduasa mmiɛnsa a ɛda nʼanim a ɔde rete ne ho no, ɛnsɛ sɛ ɔsɔ biribiara a ɛyɛ kronkron mu na ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso. 5Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabaa a, ne ho nnte nnawɔtwe mmienu, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia nsia ma ne ho twa.

6“Sɛ saa ahoteɛ nna yi twam a (mmara a ɛdi so yi ka ɔbaa a wawo abarimaa anaa abaayewa ho asɛm), ɛsɛ sɛ ɔde odwammaa a wadi afe bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano kɔma ɔsɔfoɔ no, 7na ɔsɔfoɔ no de ama Awurade de ayɛ mpatadeɛ ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho te bio wɔ nʼawoɔ mu mogyaguo ho.

“Yei ne awoɔ akyi ahyɛdeɛ. 8Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa no a, ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu ba. Wɔde baako bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔde baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɔsɔfoɔ no de yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛte bio.”