Yuda 1 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yuda 1:1-25

1Yesu Kristo ɔsomfoɔ Yuda a meyɛ Yakobo nua na metwerɛɛ krataa yi,

Mede kɔma wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu:

2Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.

Atorɔ Adiyifoɔ

3Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ mo afa nkwagyeɛ a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ metwerɛ mo wɔ asɛm foforɔ ho na moyere mo ho gyina nokorɛ a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfoɔ afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da. 4Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Onyankopɔn adom no ka sɛ adom no enti abrabɔ bɔne nsɛe hwee. Wɔnnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Atwerɛsɛm no aka wɔn afɔbuo a aba wɔn so no ho asɛm dada.

5Ɛwom sɛ monim yeinom dada, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ ɔgye a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asase so na akyire yi, ɔsɛee wɔn a na wɔnnye asɛm no nni no ho. 6Monkae abɔfoɔ a wɔdii tumi trasoɔ ma wɔgyaa wɔn atenaeɛ no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn ɛda kɛseɛ no, na wabu wɔn atɛn. 7Monkae Sodom ne Gomora ne nkuro a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na emu nnipa no yɛ adwamanfoɔ. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a wɔbɛnya asotwe a ɛde wɔn kɔ ogya a ɛnnum da no mu.

8Saa ɛkwan korɔ no ara so na adaeɛsofoɔ yi nam. Wogu wɔn ankasa onipadua ho fi. Wɔpo tumidie, na wɔka nsɛmmɔne fa animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ho. 9Ɔbɔfopanin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Ɛberɛ a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wante ɔbonsam atua, na mmom, asɛm a ɔkaeɛ ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.” 10Nanso, saa nnipa yi te nneɛma a wɔnte aseɛ ho atua. Sɛdeɛ mmoa a wɔnni nyansa di wɔn atenka akyi no, saa ara na wɔn nso wɔdi wɔn atenka akyi wɔ nneɛma a wɔnte aseɛ ho, na yei de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so.

11Wɔnnue! Ɛkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibereɛ enti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔate atua atia Onyankopɔn sɛdeɛ Kora yɛeɛ pɛpɛɛpɛ. Yei enti wɔbɛsɛe wɔn.

12Wɔte sɛ nkekaeɛ fi a ɛwɔ wo nua aduane a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a ɛsi na mframa bɔ no, nanso osuo ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnso aba asusɔberɛ mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne nhini ama awu koraa. 13Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a ɛhuru sɛ ahuro da wɔn aniwudeɛ adi. Wɔte sɛ nsoromma a ɛkyinkyini a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛeɛ esum kabii mu afebɔɔ.

14Henok, Adam aseni a ɔtɔ no so nsia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfoɔ Kronkron mpempem reba, 15na wɔabɛbu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.” 16Ɛberɛ biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomsoɔ to afoforɔ so. Wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛba abɛdi wɔn akyi.

Kɔkɔbɔ

17Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ no kaeɛ. 18Wɔkaa sɛ, “Sɛ awieeɛ no duru a, nnipa a wɔdi mo ho fɛ bɛba, wɔn a wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi.” 19Yeinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wɔnni Honhom no wɔ wɔn mu.

20Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, metu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidie mu. Mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, 21na montena Onyankopɔn dɔ mu ɛberɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔborɔ mu ama wama mo nkwa a ɛnni awieeɛ no.

22Monhunu wɔn a wɔn gyidie sua mmɔbɔ. 23Montwe wɔn mfiri ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa suro nhunu wɔn mmɔbɔ, na monkyiri ntadeɛ a wɔn bɔne nkekaeɛ akeka mu.

24Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moanhwinti, na ɔde mo asi nʼanimuonyam anim sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosane mu no, 25Onyankopɔn korɔ a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ a atwam, ne ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

犹大书 1:1-25

1我是耶稣基督的奴仆、雅各的兄弟犹大,现在写信给蒙父上帝呼召、眷爱、被耶稣基督看顾的人。

2愿上帝丰丰富富地赐给你们怜悯、平安和慈爱!

捍卫真道

3亲爱的弟兄姊妹,我一直迫切地想写信跟你们谈谈我们所共享的救恩,但现在我觉得有必要写信劝勉你们竭力护卫一次就完整地交给圣徒的真道。 4因为有些不敬虔的人偷偷地混进你们中间,以上帝的恩典作借口,放纵情欲,否认独一的主宰——我们的主耶稣基督。圣经上早已记载,这样的人必受到审判。

前车之鉴

5以下的事情,你们虽然都知道,但我还要再提醒你们:从前上帝1:5 上帝”有些抄本作“主”。把祂的子民从埃及救出来,后来把其中不信的人灭绝了。 6至于不守本分、擅离岗位的天使,上帝也用锁链将他们永远囚禁在幽暗里,等候最后审判的大日子到来。 7此外,所多玛蛾摩拉及其附近城镇的人同样因为荒淫无度、沉溺于变态的情欲而遭到永火的刑罚。这些事都成为我们的警戒。

假教师的恶行

8同样,这些做梦的人玷污自己的身体,不服权柄,亵渎有尊荣的。 9当天使长米迦勒摩西的尸体跟魔鬼争辩的时候,尚且不敢用毁谤的话谴责它,只说:“愿主责罚你!” 10这些人却毁谤自己不明白的事,像没有理性的野兽一样凭本能行事,结果自取灭亡。 11他们大祸临头了!他们步了该隐的后尘,为谋利而重蹈巴兰的谬误,又像可拉一样因叛逆而灭亡。 12这些人在你们的爱宴中是败类1:12 败类”希腊文是“暗礁”或“污点”的意思。。他们肆无忌惮地吃喝,是只顾喂养自己的牧人;是没有雨的云,随风飘荡;是深秋不结果子的树,被连根拔起,彻底枯死。 13他们是海中的狂涛,翻动着自己可耻的泡沫,是流荡的星星,有幽幽黑暗永远留给他们。

14亚当的第七代子孙以诺曾经针对这些人说预言:“看啊!主率领祂千万的圣者一同降临, 15要审判所有的人,按不虔不敬的罪人所行的恶事和他们亵渎上帝的话定他们的罪。” 16这些人满腹牢骚,怨天尤人,放纵自己的邪情私欲。他们口出狂言,为了谋利而阿谀奉承他人。

牢记警告

17亲爱的弟兄姊妹,要谨记主耶稣基督的使徒从前给你们的警告。 18他们曾对你们说:“末世的时候,必定有不敬虔、好讥笑的人放纵自己的邪情私欲。” 19这些人制造分裂,血气用事,心中没有圣灵。

20亲爱的弟兄姊妹,你们要在至圣的真道上造就自己,在圣灵的引导下祷告, 21常在上帝的爱中,等候我们主耶稣基督施怜悯赐给你们永生。

22那些心存疑惑的人,你们要怜悯他们; 23有些人,你们要将他们从火中抢救出来;还有些人,你们要怀着畏惧的心怜悯他们,甚至要厌恶被他们的邪情私欲玷污的衣服。

祝颂

24愿荣耀归给我们的救主——独一的上帝!祂能保守你们不失足犯罪,使你们无瑕无疵、欢欢喜喜地站在祂的荣耀面前。 25愿荣耀、威严、能力和权柄借着我们的主耶稣基督都归给祂,从万世以前直到现今,一直到永永远远。阿们!