Yosua 9 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 9:1-27

Gibeonfoɔ Daadaa Israelfoɔ

1Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. (Yeinom ne Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ahemfo a na wɔtete mmepɔ nsase a ɛwɔ atɔeɛ fam mmepɔ ayaase ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoano kɔsi Lebanon atifi fam mmepɔ so tɔnn.) 2Saa ahemfo yi boaa wɔn akodɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfoɔ.

3Nanso Gibeonfoɔ tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, 4wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotokuo a atete ne mmoa nwoma nsã nkotokuo a ayɛ dada na wɔatetɛ mu soaa wɔn mfunumu. 5Wɔhyehyɛɛ ntadeɛ dada ne mpaboa a akyɛre na wɔapempam. Afei wɔfaa burodo a abɔ ntu sɛ wɔn aduane. 6Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.”

7Israelfoɔ no buaa saa Hewifoɔ9.7 Na Hewifoɔ yɛ nnipa bi a wɔn ase firi Mesopotamia. 2 Samuel mu, wɔka sɛ wɔyɛ Amonfoɔ. yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ monnte mmɛn ha? Ɛfiri sɛ, sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”

8Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”

Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?”

9Wɔbuaa sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Onyankopɔn no kɛseyɛ ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. 10Afei yɛate deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no). 11Ɛno enti, yɛn mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma akwantuo tenten. Monkɔhyia Israelfoɔ na mompae mu nka sɛ, “Yɛn nkurɔfoɔ bɛyɛ wɔn asomfoɔ na mompere asomdwoeɛ.” ’ 12Yɛresi mu no, na burodo yi yɛ hyeehyeehye a ɛfiri fononoo mu. Nanso sɛdeɛ mohunu no, akyenkyene na abɔ ntu. 13Saa mmoa nwoma nsã nkotokuo yi, ɛberɛ a yɛde nsã guu mu no na ɛyɛ foforɔ, nanso seesei, apaapae ayɛ dada. Na yɛn ntadeɛ ne mpaboa nso, ɛsiane akwantuo tenten enti, atete.”

14Enti, Israelfoɔ no hwehwɛɛ wɔn burodo no ho nanso wɔammisa Awurade. 15Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam no na Israel mpanimfoɔ no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu.

16Nnansa akyi no, nokorɛ no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfoɔ no te bɛn. 17Enti, Israelfoɔ no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no wɔduruu wɔn nkuro no so. Saa nkuro no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. 18Nanso, Israelfoɔ no anto anhyɛ nkuro no so, ɛfiri sɛ, na wɔn mpanimfoɔ aka ntam akyerɛ Awurade, Israel Onyankopɔn.

Esiane Apam no enti, Israelfoɔ no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanimfoɔ no. 19Na mpanimfoɔ no buaa sɛ, “Yɛaka ntam wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. 20Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yɛbu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo bɛfu yɛn. 21Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asuo ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfoɔ no dii ɛbɔ a wɔahyɛ Gibeonfoɔ no so.

22Na Yosua frɛɛ Gibeonfoɔ mpanimfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na motwaa atorɔ kyerɛɛ yɛn? Adɛn enti na mokaa sɛ mote akyirikyiri asase so wɔ ɛberɛ a mote yɛn mu pɛɛ? 23Nnome mmra mo so! Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, mobɛbu nnua, atwe nsuo de akɔ me Onyankopɔn fie.”

24Wɔbuaa Yosua sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yɛsuroo sɛ mobɛkum yɛn. Ɛno enti na ɛma yɛyɛɛ saa. 25Seesei yɛdan mo. Deɛ mosusu sɛ ɛyɛ ma mo biara no, monyɛ.”

26Yosua amma Israelfoɔ no ankum wɔn. 27Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfoɔ no yɛɛ nnuabufoɔ ne asukɔfoɔ maa Israelfoɔ ne Awurade afɔrebukyia no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wɔnsi no no. Saa nhyehyɛeɛ no wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Иешуа 9:1-27

Обман исроильтян гаваонитянами

1Когда об этом услышали все цари к западу от Иордана – в нагорьях, в западных предгорьях и по всему побережью Средиземного моря9:1 Букв.: «Великого моря». до самого Ливана (цари хеттов, аморреев, ханонеев, перизеев, хивеев и иевусеев), 2они собрались вместе, чтобы воевать с Иешуа и Исроилом.

3Но жители Гаваона, услышав о том, что Иешуа сделал с Иерихоном и Гаем, 4прибегли к хитрости: они пошли, и собрали в дорогу еды, и нагрузили своих ослов ветхими мешками и ветхими бурдюками для вина, изорванными и заплатанными. 5На ногах у них были поношенные и залатанные сандалии, их одежда также была очень ветхой. Весь хлеб, что они взяли с собой, был чёрствым и заплесневелым. 6Они пришли к Иешуа в гилгалский лагерь и сказали ему и исроильтянам:

– Мы пришли из далёкой страны. Заключите с нами союз.

7Исроильтяне сказали хивеям:

– А вдруг вы живёте рядом с нами? Как же нам тогда заключать с вами союз?

8– Мы твои рабы, – сказали они Иешуа.

Но Иешуа спросил:

– Кто вы такие и откуда вы пришли?

9Они ответили:

– Твои рабы пришли из очень далёкой страны, узнав о славе Вечного, твоего Бога. Мы слышали о Нём: обо всём, что Он сделал в Египте, 10и обо всём, что Он сделал с двумя царями аморреев к востоку от Иордана – с Сигоном, царём Хешбона, и Огом, царём Бошона, который правил в Аштароте. 11Наши старейшины и все жители нашей страны сказали нам: «Соберите в дорогу пищу, идите, встретьтесь с ними и скажите им: „Мы ваши рабы, заключите с нами союз“». 12Вот наш хлеб. Он был ещё тёплым, когда, отправляясь к вам, мы дома запасались им в дорогу. Но посмотрите теперь, как он зачерствел и заплесневел. 13А эти бурдюки для вина, когда мы их наполняли, были новыми, но посмотрите, как они изорвались теперь. А наша одежда и сандалии совсем износились за долгую дорогу.

14Исроильтяне в знак мира взяли и ели из их припасов, но не спросили Вечного. 15И Иешуа заключил с ними мир, охраняя их жизни договором, а вожди народа скрепили его клятвой.

16Спустя три дня после того, как они заключили союз с гаваонитянами, исроильтяне узнали, что это их соседи, живущие рядом. 17Тогда исроильтяне отправились в путь и на третий день пришли к их городам – Гаваону, Кефире, Беэроту и Кириат-Иеариму. 18Но исроильтяне не напали на них, потому что вожди народа поклялись им Вечным, Богом Исроила. Весь народ роптал против вождей, 19но они ответили:

– Мы поклялись им Вечным, Богом Исроила, и не можем теперь тронуть их. 20Вот что мы сделаем с ними: мы оставим их в живых, чтобы на нас не обрушился гнев за нарушение клятвы, которую мы им дали.

21И вожди народа продолжили:

– Пусть они живут, но будут дровосеками и водоносами для всего нашего общества.

Так обещание вождей не было нарушено.

22Иешуа призвал гаваонитян и сказал:

– Почему вы обманули нас, сказав: «Мы живём далеко от вас», тогда как вы живёте рядом с нами? 23Теперь вы прокляты. Вы всегда будете работать дровосеками и водоносами для дома моего Бога9:23 Позже это наказание обратилось в благословение: в начале царствования Сулаймона в Гаваоне находился священный шатёр (см. 2 Лет. 1:3), где через свою работу гаваонитяне могли служить истинному Богу..

24Они ответили Иешуа:

– Твои рабы узнали наверняка, что Вечный, твой Бог, повелел Своему рабу Мусо отдать вам всю эту землю и истребить перед вами всех её жителей. Мы очень испугались за свою жизнь и потому поступили так. 25Теперь мы в твоих руках. Поступай с нами, как сочтёшь лучшим и справедливым.

26И Иешуа защитил их от исроильтян, и те не убили их. 27В тот день он сделал гаваонитян дровосеками и водоносами для народа и для жертвенника Вечного на том месте, какое бы Вечный ни избирал. Они делают это и до сих пор.