Yosua 17 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 17:1-18

1Wɔde asase no fa a ɛda atɔeɛ fam no maa Manase abusuakuo no fa a ɔyɛ Yosef babarima panin no asefoɔ. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apueeɛ fam no ama Makir abusua no dada, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔkofoni kɛseɛ. (Na Makir yɛ Manase babarima panin ne Gilead agya.) 2Asase a ɛda Yordan atɔeɛ fam no, wɔde maa mmusua nkaeɛ a wɔwɔ Manase abusuakuo mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.

3Nanso, Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no na ɔnni mmammarima. Mmom, na ɔwɔ mmammaa baanum. Na wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 4Saa mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuo mu no agyapadeɛ.”

Enti, Yosua maa wɔne wɔn agyanom agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no. 5Ɛno enti Manase agyapadeɛ bɛyɛɛ nsasetea edu a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho, 6ɛfiri sɛ, Manase asefoɔ a wɔyɛ mmaa no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapadeɛ. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefoɔ a wɔyɛ mmarima nkaeɛ no).

7Manase abusuakuo no ɛhyeɛ no firi Aser ɛhyeɛ ano kɔsi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apueeɛ fam. Afei, ɛhyeɛ no firi Mikmetat kɔ anafoɔ fam, kɔsi nnipa a wɔte bɛn Tapua asuo no ho no. 8(Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso, Tapua kuro no a ɛda Manase mantam no ɛhyeɛ so no yɛ Efraim abusuakuo no dea.) 9Manase ɛhyeɛ no firi Tapua asuo no, nenam Kana suka atifi kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. (Nkuro bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuo no dea.) 10Asase a ɛda suka no anafoɔ fam no yɛ Efraim dea, na deɛ ɛda atifi fam nso wɔ Manase, na Ɛpo kɛseɛ no yɛ Manase asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Aser asase no da Manase deɛ no atifi fam, na Isakar asase no nso da apueeɛ fam.

11Wɔde saa nkuro a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraaseɛ.

12Nanso, Manase asefoɔ no antumi amfa saa nkuro yi. Wɔantumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte hɔ no. 13Akyire yi, ɛberɛ a Israelfoɔ nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso, wɔampamo wɔn amfiri asase no so.

14Yosef asefoɔ baa Yosua nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woama yɛn asaseta baako pɛ wɔ ɛberɛ a Awurade ama yɛn ase adɔre?”

15Yosua buaa sɛ, “Sɛ Efraim bepɔ asase no sua ma mo dea, monkɔdɔ kwaeɛ a Perisifoɔ ne Refaimfoɔ te so no.”

16Na wɔbuaa sɛ, “Bepɔ so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔwɔ bepɔ no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bɔnhwa ho ahyia no wɔ nnadeɛ nteaseɛnam na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.”

17Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ no sɛ, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den enti, mobɛnya nsasetam no bi aka baako no ho. 18Wɔde kwaeɛ a ɛda bepɔ no so no bɛka mo ho. Monnɔ asase no sɛdeɛ mobɛtumi biara na montena hɔ. Ɛwom sɛ Kanaanfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam, nanso mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mobɛtumi apamo wɔn afiri bɔnhwa no mu.”

Het Boek

Jozua 17:1-18

Het land van de halve stam van Manasse

1De stam van Manasse kreeg ook land toegewezen door loting, want Manasse was Jozefs oudste zoon. De familie van Machir, de oudste zoon van Manasse en heer van Gilead, kreeg het land van Gilead en Basan ten oosten van de Jordaan, want zij waren een familie van heldhaftige strijders. 2Nu werd dus land ten westen van de Jordaan toegewezen aan de families van Abiëzer, Helek, Asriël, Sechem, Chefer en Semida. 3Chefers zoon Selofchad, een kleinzoon van Gilead, achterkleinzoon van Machir en achter-achter-kleinzoon van Manasse, had echter geen zonen. Hij had wel vijf dochters die Machla, Noa, Hogla, Milka en Tirza heetten.

4Deze vrouwen gingen naar de priester Eleazar, Jozua en de Israëlitische leiders en brachten hun in herinnering: ‘De Here heeft Mozes gezegd dat wij net zoveel eigendom moesten krijgen als de mannen van onze stam.’ Zo kregen deze vrouwen, precies zoals de Here door Mozes had bevolen, net zoʼn groot erfdeel als hun vijf ooms. 5-6 Het totale erfdeel kwam daarmee op tien stukken land, nog afgezien van het land van Gilead en Basan aan de andere kant van de Jordaan.

7De noordgrens van de stam van Manasse liep in zuidelijke richting van Aser naar Michmethath dat ten oosten van Sichem ligt. Verder naar het zuiden bereikte de grens de bron van Tappuah. 8Het land van Tappuah behoorde toe aan Manasse, maar de stad Tappuah, op de grens van Manasses land, maakte deel uit van het gebied van Efraïm. 9Vanaf de bron van Tappuah volgde de grens van Manasse de noordelijke oever van de rivier Kana naar de Middellandse Zee. Verscheidene steden ten zuiden van de rivier behoorden aan Efraïm toe, ook al lagen zij in het gebied van Manasse. 10Het land ten zuiden van de Kana, dat zich naar het westen uitstrekte tot aan de Middellandse Zeekust, was aan Efraïm toegewezen en het land ten noorden van de rivier en ten oosten van de kust ging naar Manasse. Manasses noordgrens was het gebied van Aser en de oostgrens was het gebied van Issachar.

11De halve stam van Manasse kreeg ook nog enkele steden in de gebieden die aan Issachar en Aser waren toegewezen. Dat waren: Bet-Sean, Jibleam, Dor, Endor, Taänach, Megiddo met zijn drie heuvels en de dorpen die bij deze steden behoorden. 12Maar omdat de nakomelingen van Manasse er niet in slaagden de inwoners van deze steden te verdrijven, bleven de Kanaänieten er wonen. 13Toen de Israëlieten later echter sterk genoeg waren geworden, dwongen zij de Kanaänieten tot slavenarbeid.

14De twee stammen van Jozef gingen naar Jozua en vroegen: ‘Waarom hebt u ons slechts één stuk land toegewezen, terwijl de Here ons zoʼn grote bevolking heeft gegeven?’ 15‘Als het heuvelgebied van Efraïm niet groot genoeg voor u is,’ antwoordde Jozua, ‘kap dan open plekken in het bos waar de Perizzieten en Refaïeten wonen.’ 16-18‘Dat is goed,’ vonden de stammen van Jozef, ‘want de Kanaänieten in de laagvlakten rond Bet-Sean en de vallei van Jizreël hebben ijzeren strijdwagens en zijn te sterk voor ons.’ ‘Dan krijgen jullie de bossen in het gebergte,’ besloot Jozua, ‘en omdat jullie zoʼn grote en sterke stam vormen, zullen jullie er zeker in slagen daar ruimte te maken om te kunnen leven. Jullie krijgen dan een dubbel deel, want de Kanaänieten zullen zeker uit de dalen worden verdreven, ook al zijn zij sterk en hebben zij ijzeren strijdwagens.’