Yona 3 – ASCB & NIVUK

Asante Twi Contemporary Bible

Yona 3:1-10

Yona Kɔ Ninewe

1Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ, 2“Kɔ Ninewe kuropɔn kɛseɛ no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.”

3Yona yɛɛ ɔsetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titire a wɔde nnansa na ɛhunu hɔ nyinaa. 4Ɛda a ɛdi ɛkan no, Yona hyɛnee kuropɔn no mu, na ɔhyɛɛ aseɛ paee mu kaa sɛ, “Aka adaduanan na wɔadane Ninewe abutu.” 5Ninewefoɔ gyee Onyankopɔn diiɛ. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bɛdi abuada, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi ɔketewa so, na wɔafirafira ayitoma.

6Ɛberɛ a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre firii nʼahennwa so, ɔworɔɔ nʼahenetadeɛ, Ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa mfuturo mu. 7Afei, ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Ninewe sɛ,

“Mmara a ɛfiri ɔhene ne nʼatitire hɔ nie:

“Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuo anaa nnwankuo, mmfa hwee nka nʼano; mma ɔnnnidi anaa ɔnnom. 8Na mmom nnipa ne mmoa mfa ayitoma nkata wɔn ho. Obiara mfa anibereɛ nsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn mfiri wɔn akwammɔne so, na wɔnnyae basabasayɛ. 9Hwan na ɔnim? Ebia, Onyankopɔn bɛhunu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuhyeɛ no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.” 10Na Onyankopɔn hunuu sɛdeɛ wɔyɛeɛ ne sɛdeɛ wɔsane firii wɔn akwammɔne ho no, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no.

New International Version – UK

Jonah 3:1-10

Jonah goes to Nineveh

1Then the word of the Lord came to Jonah a second time: 2‘Go to the great city of Nineveh and proclaim to it the message I give you.’

3Jonah obeyed the word of the Lord and went to Nineveh. Now Nineveh was a very large city; it took three days to go through it. 4Jonah began by going a day’s journey into the city, proclaiming, ‘Forty more days and Nineveh will be overthrown.’ 5The Ninevites believed God. A fast was proclaimed, and all of them, from the greatest to the least, put on sackcloth.

6When Jonah’s warning reached the king of Nineveh, he rose from his throne, took off his royal robes, covered himself with sackcloth and sat down in the dust. 7This is the proclamation he issued in Nineveh:

‘By the decree of the king and his nobles:

Do not let people or animals, herds or flocks, taste anything; do not let them eat or drink. 8But let people and animals be covered with sackcloth. Let everyone call urgently on God. Let them give up their evil ways and their violence. 9Who knows? God may yet relent and with compassion turn from his fierce anger so that we will not perish.’

10When God saw what they did and how they turned from their evil ways, he relented and did not bring on them the destruction he had threatened.