Yona 2 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yona 2:1-10

1Yona firii apataa no yam bɔɔ Awurade ne Onyankopɔn mpaeɛ sɛ. 2Ɔkaa sɛ,

“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,

na ɔgyee me so.

Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoa

na wotiee me sufrɛ.

3Wotoo me twenee ebunu mu

wɔ ɛpo ase tɔnn,

na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ;

wʼasorɔkye ne mframa

bu faa me so.

4Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim;

nanso mede mʼani bɛkyerɛ

wʼasɔredan kronkron no bio’

5Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu,

ebunu no twaa me ho hyiaeɛ;

ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.

6Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ;

asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.

Nanso wogyee me nkwa firii amena mu,

Ao Awurade, me Onyankopɔn.

7“Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no,

mekaee wo Awurade,

na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn,

wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.

8“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuo ho no

hwere adom a anka ɛyɛ wɔn dea.

9Nanso me, mede ayɛyie nnwom

bɛbɔ afɔdeɛ ama wo.

Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.

Nkwagyeɛ firi Awurade.”

10Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.