Yohane 18 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 18:1-40

Wɔkyere Yesu

1Yesu bɔɔ saa mpaeɛ yi wieeɛ no, ɔne nʼasuafoɔ no firii baabi a wɔwɔ no kɔtwaa asuo Kidron kɔɔ turo bi mu.

2Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafoɔ no taa kɔ hɔ no enti, na Yuda a ɔyii no maeɛ no nim hɔ. 3Asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no somaa Yuda ne asraafoɔ ne asɔredan mu awɛmfoɔ a wɔkurakura akodeɛ ne nkanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.

4Yesu a na ɔnim deɛ ɛbɛba ne so nyinaa no kɔhyiaa wɔn bisaa wɔn sɛ. “Hwan na mohwehwɛ no?”

5Wɔbuaa no sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me ni!” Na Yuda a ɔyii no maeɛ no gyina hɔ bi. 6Yesu kaa sɛ, “Me ni” no, wɔpinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.

7Ɔsane bisaa wɔn bio sɛ, “Morehwehwɛ hwan?”

Na wɔbuaa sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.”

8Yesu buaa wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada sɛ me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛnneɛ momma mʼasuafoɔ no nkɔ.” 9Ɔkaa yei nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka sɛ, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyeraeɛ” no, bɛba mu.

10Saa ɛberɛ no, Petro a na ɔkura sekan no tweeɛ, de twaa ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.

11Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa wo sekan no sane hyɛ faako a wotwe firiiɛ. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano anaa?”

Yesu Gyina Anas Anim

12Asraafoɔ no ne wɔn panin ne asɔredan mu awɛmfoɔ no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, 13de no dii ɛkan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no. 14Kaiafa na ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ, ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.

Petro Pa Yesu

15Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanin no nim no yie. Saa osuani no na ɔnyaa ɛkwan kɔɔ ɔsɔfopanin no efie hɔ. 16Petro deɛ ɔkaa ɛpono no akyi. Saa osuani a na ɔnim ɔsɔfopanin no yie no, sane baeɛ ne abaayewa a na ɔhwɛ ɛpono no ano no bɛkasaeɛ maa Petro nyaa ɛkwan kɔɔ mu.

17Abaayewa a ɔgyina ɛpono ano no bisaa Petro sɛ, “Wonyɛ saa onipa no asuafoɔ no mu baako anaa?”

Petro buaa sɛ, “Dabi.”

18Saa ɛberɛ no na ɛyɛ awɔberɛ, enti na asomfoɔ no ne asraafoɔ no asɔ ogya a wɔreto. Petro nso kɔgyinaa hɔ too ogya no bi.

Ɔsɔfopanin No Bisa Yesu Nsɛm

19Ɔsɔfopanin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafoɔ no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.

20Yesu buaa sɛ, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ dwam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kɔkoam. 21Adɛn enti na wobisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wɔtiee me no. Wɔn na wɔnim asɛm a mekaeɛ.”

22Yesu kaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako bɔɔ no sotorɔ kaa sɛ, “Wo sɛɛ ne hwan a wotumi kasa ɔsɔfopanin anim saa.”

23Yesu buaa no sɛ, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekaeɛ no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaeɛ no nso yɛ nokorɛ deɛ a, adɛn enti na wobɔ me?” 24Afei, Anas maa wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim.

Petro Pa Yesu Bio

25Ɛberɛ a Petro da so gyina hɔ reto ogya no bi no, wɔn a na wɔgyina hɔ no mu bi bisaa no sɛ, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafoɔ no mu baako anaa?”

Petro sanee bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”

26Ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako a na ɔyɛ deɛ Petro twaa nʼaso no busuani no bisaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?” 27Petro sane sanee bio sɛ, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔneeɛ.

Wɔde Yesu Kɔ Pilato Anim

28Wɔde Yesu firi Kaiafa fie de no kɔɔ Pilato ahemfie. Saa ɛberɛ no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafoɔ no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduane no bi enti, wɔankɔ hɔ bi. 29Pilato firii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bɛbisaa wɔn sɛ, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”

30Nnipa no buaa no sɛ, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”

31Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.”

Yudafoɔ no nso kaa sɛ, “Yɛnni tumi sɛ yɛkum obi.” 32Deɛ ɛsiiɛ yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a ɔbɛwu no daa adi pefee.

33Pilato sane kɔɔ nʼahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”

34Yesu nso bisaa no sɛ, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na aka me ho asɛm akyerɛ wo?”

35Pilato buaa Yesu sɛ, “Wosusu sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfoɔ ne wɔn asɔfoɔ mpanin na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woayɛ?”

36Yesu buaa no sɛ, “Mʼahennie nnyɛ asase so ahennie; sɛ mʼahennie yɛ asase so ahennie a, anka mʼakyidifoɔ bɛko agye me afiri Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsam. Mereka bio sɛ, mʼahennie nnyɛ asase so ahennie.”

37Pilato see no sɛ, “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?”

Yesu buaa no sɛ, “Wo na woseɛ sɛ meyɛ ɔhene. Adeɛ baako pɛ enti na wɔwoo me baa ewiase ha, sɛ memmɛdi nokorɛ ho adanseɛ. Obiara a ɔpɛ nokorɛ no tie me.”

38Pilato bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn ne saa nokorɛ no?” Afei, Pilato firii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ. 39Nanso, sɛdeɛ mo Twam Afahyɛ amanneɛ te no, afeɛ biara moma megyaa ɔdeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ ɔhene no ma mo anaa?”

40Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfoɔ.

New International Reader’s Version

John 18:1-40

Jesus Is Arrested

1When Jesus had finished praying, he left with his disciples. They crossed the Kidron Valley. On the other side there was a garden. Jesus and his disciples went into it.

2Judas knew the place. He was going to hand Jesus over to his enemies. Jesus had often met in that place with his disciples. 3So Judas came to the garden. He was guiding a group of soldiers and some officials. The chief priests and the Pharisees had sent them. They were carrying torches, lanterns and weapons.

4Jesus knew everything that was going to happen to him. So he went out and asked them, “Who do you want?”

5“Jesus of Nazareth,” they replied.

“I am he,” Jesus said. Judas, who was going to hand Jesus over, was standing there with them. 6When Jesus said, “I am he,” they moved back. Then they fell to the ground.

7He asked them again, “Who do you want?”

“Jesus of Nazareth,” they said.

8Jesus answered, “I told you I am he. If you are looking for me, then let these men go.” 9This happened so that the words Jesus had spoken would come true. He had said, “I have not lost anyone God has given me.” (John 6:39)

10Simon Peter had a sword and pulled it out. He struck the high priest’s slave and cut off his right ear. The slave’s name was Malchus.

11Jesus commanded Peter, “Put your sword away! Shouldn’t I drink the cup of suffering the Father has given me?”

12Then the group of soldiers, their commander and the Jewish officials arrested Jesus. They tied him up 13and brought him first to Annas. He was the father-in-law of Caiaphas, the high priest at that time. 14Caiaphas had advised the Jewish leaders that it would be good if one man died for the people.

Peter Says He Is Not Jesus’ Disciple

15Simon Peter and another disciple were following Jesus. The high priest knew the other disciple. So that disciple went with Jesus into the high priest’s courtyard. 16But Peter had to wait outside by the door. The other disciple came back. He was the one the high priest knew. He spoke to the servant woman who was on duty there. Then he brought Peter in.

17She asked Peter, “You aren’t one of Jesus’ disciples too, are you?”

“I am not,” he replied.

18It was cold. The slaves and officials stood around a fire. They had made it to keep warm. Peter was also standing with them. He was warming himself.

The High Priest Questions Jesus

19Meanwhile, the high priest questioned Jesus. He asked him about his disciples and his teaching.

20“I have spoken openly to the world,” Jesus replied. “I always taught in synagogues or at the temple, where all the Jews come together. I didn’t say anything in secret. 21Why question me? Ask the people who heard me. They certainly know what I said.”

22When Jesus said that, one of the officials nearby slapped him in the face. “Is this any way to answer the high priest?” he asked.

23“Have I said something wrong?” Jesus replied. “If I have, then tell everyone what it was. But if I spoke the truth, why did you hit me?” 24Annas sent him, tied up, to Caiaphas, the high priest.

Peter Again Says He Is Not Jesus’ Disciple

25Meanwhile, Simon Peter was still standing there warming himself by the fire. So they asked him, “You aren’t one of Jesus’ disciples too, are you?”

He said, “I am not.”

26One of the high priest’s slaves was a relative of the man whose ear Peter had cut off. He said to Peter, “Didn’t I see you with Jesus in the garden?” 27Again Peter said no. At that exact moment a rooster began to crow.

Jesus Is Brought to Pilate

28Then the Jewish leaders took Jesus from Caiaphas to the palace of the Roman governor. By now it was early morning. The Jewish leaders did not want to be made “unclean.” They wanted to be able to eat the Passover meal. So they did not enter the palace. 29Pilate came out to them. He asked, “What charges are you bringing against this man?”

30“He has committed crimes,” they replied. “If he hadn’t, we would not have handed him over to you.”

31Pilate said, “Take him yourselves. Judge him by your own law.”

“But we don’t have the right to put anyone to death,” they complained. 32This happened so that what Jesus said about how he was going to die would come true.

33Then Pilate went back inside the palace. He ordered Jesus to be brought to him. Pilate asked him, “Are you the king of the Jews?”

34“Is that your own idea?” Jesus asked. “Or did others talk to you about me?”

35“Am I a Jew?” Pilate replied. “Your own people and chief priests handed you over to me. What have you done?”

36Jesus said, “My kingdom is not from this world. If it were, those who serve me would fight. They would try to keep the Jewish leaders from arresting me. My kingdom is from another place.”

37“So you are a king, then!” said Pilate.

Jesus answered, “You say that I am a king. In fact, that’s the reason I was born. I was born and came into the world to be a witness to the truth. Everyone who is on the side of truth listens to me.”

38“What is truth?” Pilate replied. Then Pilate went out again to the Jews gathered there. He said, “I find no basis for any charge against him. 39But you have a practice at Passover time. At that time, you ask me to set one prisoner free for you. Do you want me to set ‘the king of the Jews’ free?”

40They shouted back, “No! Not him! Give us Barabbas!” Barabbas had taken part in an armed struggle against the country’s rulers.