Yohane 16 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 16:1-33

Awerɛhoɔ Ne Anigyeɛ Wɔ Yɛn Anim

1“Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina hɔ pintinn. 2Wɔbɛpam mo afiri wɔn asɔredan mu. Na ɛberɛ bi bɛba a obiara a ɔbɛkum mo no bɛsusu sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresom Onyankopɔn. 3Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Agya no na me nso wɔnnim me. 4Nanso, mereka yei akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɛberɛ no duru a, mobɛkae deɛ meka kyerɛɛ mo no. Ahyɛaseɛ no, manka yei ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na meka mo ho.”

Honhom Kronkron Dwumadie

5“Afei deɛ merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso, mo mu biara mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’ 6Deɛ maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ aho. 7Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo sɛ mɛkɔ, ɛfiri sɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn. 8Nanso, sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma ewiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atemmuo. 9Deɛ wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔnnye me nni. 10Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhunu me bio. 11Saa ara na deɛ wɔka fa atemmuo ho no nso nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔabu ewiase yi ɔtemmufoɔ no atɛn dada.

12“Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso seesei deɛ, morentumi nte aseɛ. 13Sɛ nokorɛ Honhom no ba a, ɔbɛma moahunu nokorɛ no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom, deɛ ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. 14Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. 15Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno enti na mekaa sɛ, Honhom no bɛtie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.”

Awerɛhoɔ Ne Anigyeɛ

16“Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.”

17Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ ” 18Wɔsane bisaa bio sɛ, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi aseɛ ne sɛn? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.”

19Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ase no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mekaa sɛ, ‘aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa mobɛhunu me bio’. Yei ne asɛm a monte aseɛ a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? 20Mereka nokorɛ akyerɛ mo; mo werɛ bɛho na moasu, nanso ewiasefoɔ ani bɛgye. Mobɛdi awerɛhoɔ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ. 21Sɛ ɔbaa rebɛwo a, ne werɛ ho, ɛfiri sɛ, nʼamanehunuberɛ aduru so. Nanso, sɛ ɔnya wo a, ne werɛ firi ne yea, ɛfiri sɛ, nʼani gye sɛ wawo onipa aba ewiase. 22Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Seesei deɛ, mo werɛ aho. Nanso, mɛhunu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigyeɛ no mfiri mo nsam. 23Sɛ saa da no duru a, moremmisa me biribiara. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bɛbisa no bɛma mo. 24Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mommisa na wɔde bɛma mo na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.

Wiase So Nkonimdie

25“Menam abɛbuo mu na maka yeinom akyerɛ mo. Nanso, ɛberɛ bi bɛba a merenkasa abɛbuo mu bio, na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo. 26Sɛ saa da no duru a, mode me din bɛbisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka sɛ me na mɛbisa Agya no ama mo, 27ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ. 28Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa ewiase; na afei merefiri ewiase akɔ Agya no nkyɛn.”

29Nʼasuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ, wokasa pefee ma yɛte wo aseɛ. 30Yɛahunu sɛ wonim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Yei ama yɛagye adi sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn.”

31Yesu buaa wɔn sɛ. “Afei deɛ, mogye di? 32Ɛberɛ bi rebɛduru, na mpo aduru dada a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ ne fie na aka me nko. Nanso, ɛrenka me nko ɛfiri sɛ, Agya no ka me ho.

33“Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ wɔ me mu. Mobɛhunu amane wɔ ewiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi ewiase so nkonim!”

New International Reader’s Version

John 16:1-33

1“I have told you all this so that you will not turn away from the truth. 2You will be thrown out of the synagogue. In fact, the time is coming when someone may kill you. And they will think they are doing God a favor. 3They will do things like that because they do not know the Father or me. 4Why have I told you this? So that when their time comes, you will remember that I warned you about them. I didn’t tell you this from the beginning because I was with you. 5But now I am going to the one who sent me. None of you asks me, ‘Where are you going?’ 6Instead, you are filled with sadness because I have said these things. 7But what I’m about to tell you is true. It is for your good that I am going away. Unless I go away, the Friend will not come to help you. But if I go, I will send him to you. 8When he comes, he will prove that the world’s people are guilty. He will prove their guilt concerning sin and godliness and judgment. 9The world is guilty as far as sin is concerned. That’s because people do not believe in me. 10The world is guilty as far as godliness is concerned. That’s because I am going to the Father, where you can’t see me anymore. 11The world is guilty as far as judgment is concerned. That’s because the devil, the prince of this world, has already been judged.

12“I have much more to say to you. It is more than you can handle right now. 13But when the Spirit of truth comes, he will guide you into all the truth. He will not speak on his own. He will speak only what he hears. And he will tell you what is still going to happen. 14He will bring me glory. That’s because what he receives from me he will show to you. 15Everything that belongs to the Father is mine. That is why I said what the Holy Spirit receives from me he will show to you.”

The Disciples’ Sadness Will Turn Into Joy

16Jesus continued, “In a little while, you will no longer see me. Then after a little while, you will see me.”

17After they heard this, some of his disciples spoke to one another. They said, “What does he mean by saying, ‘In a little while, you will no longer see me. Then after a little while, you will see me’? And what does he mean by saying, ‘I am going to the Father’?” 18They kept asking, “What does he mean by ‘a little while’? We don’t understand what he is saying.”

19Jesus saw that they wanted to ask him about these things. So he said to them, “Are you asking one another what I meant? Didn’t you understand when I said, ‘In a little while, you will no longer see me. Then after a little while, you will see me’? 20What I’m about to tell you is true. You will weep and mourn while the world is full of joy. You will be sad, but your sadness will turn into joy. 21A woman giving birth to a baby has pain. That’s because her time to give birth has come. But when her baby is born, she forgets the pain. She forgets because she is so happy that a baby has been born into the world. 22That’s the way it is with you. Now it’s your time to be sad. But I will see you again. Then you will be full of joy. And no one will take away your joy. 23When that day comes, you will no longer ask me for anything. What I’m about to tell you is true. My Father will give you anything you ask for in my name. 24Until now you have not asked for anything in my name. Ask, and you will receive what you ask for. Then your joy will be complete.

25“I have not been speaking to you plainly. But a time is coming when I will speak clearly. Then I will tell you plainly about my Father. 26When that day comes, you will ask for things in my name. I am not saying I will ask the Father instead of you asking him. 27No, the Father himself loves you because you have loved me. He also loves you because you have believed that I came from God. 28I came from the Father and entered the world. Now I am leaving the world and going back to the Father.”

29Then Jesus’ disciples said, “Now you are speaking plainly. You are using examples that are clear. 30Now we can see that you know everything. You don’t even need anyone to ask you questions. This makes us believe that you came from God.”

31“Do you believe now?” Jesus replied. 32“A time is coming when you will be scattered and go to your own homes. In fact, that time is already here. You will leave me all alone. But I am not really alone. My Father is with me.

33“I have told you these things, so that you can have peace because of me. In this world you will have trouble. But be encouraged! I have won the battle over the world.”