Yohane 1 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 1:1-51

Hann A Ɛwɔ Sum Mu

1Ansa na wɔrebɛbɔ ewiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dada. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. 2Ahyɛaseɛ no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. 3Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. 4Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann. 5Hann no hyerɛn wɔ esum mu a esum no ntumi nni hann no so.

6Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. 7Ɔbɛdii hann no ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi. 8Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.

9Saa hann yi ne nokorɛ hann a ɛba ewiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no. 10Saa ɛberɛ no, na Asɛm no wɔ ewiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase deɛ, nanso ɔbaa ewiase no, ewiase anhunu no. 11Ɔbaa nʼankasa ne ɔman mu, nanso ne manfoɔ annye no anto mu. 12Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma 13wɔ honhom fam, a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa.

14Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam sɛ ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma.

15Yohane kaa ne ho asɛm sɛ, “Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ ” 16Ɔfiri ne mmɔborɔhunu a ɛtoɔ ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa. 17Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yɛnyaa adom ne nokorɛ. 18Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.

Yohane Adansedie

19Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?” 20Yohane antwentwɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ sɛ, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.”

21Wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?”

Ɔbuaa wɔn sɛ, “Dabi.”

Wɔbisaa no bio sɛ, “Wone Odiyifoɔ no?”

Ɔsane buaa wɔn sɛ, “Dabi”.

22Wɔsane bisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amaneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”

23Yohane buaa wɔn sɛ, “Mene nne a ɛfiri ɛserɛ so a ɛreteam, sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no no.’ ”

24Afei, wɔn a Farisifoɔ no somaa wɔn no bisaa Yohane bio sɛ, 25“Sɛ ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, adɛn enti na wobɔ asu?”

26Yohane nso buaa sɛ, “Me deɛ, nsuo na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a monnim no, 27a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔ; ɔno na ɔbɛdi mʼakyi aba.”

28Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.

Yesu, Onyankopɔn Dwammaa No

29Adeɛ kyeeɛ a Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteaam kaa sɛ, “hwɛ, Onyankopɔn Dwammaa a ɔyi ewiase bɔne korɔ no! 30Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’ 31Me deɛ, na mennim no, nanso mede nsuo bɛbɔɔ asu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.”

32Na Yohane dii adanseɛ sɛ, “Mehunuu Honhom no sɛ asiane aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresiane firi soro. 33Na anka mennim no, nanso ɛberɛ a Onyankopɔn somaa me sɛ memfa nsuo mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Onipa a wobɛhunu sɛ Honhom no bɛsiane aba ne so no, ɔno ne deɛ worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’ 34Mahunu yeinom nyinaa sɛ aba mu na medi ho adanseɛ sɛ yei ne Onyankopɔn Ba no.”

Yesu Asuafoɔ A Wɔdi Kan

35Adeɛ kyeeɛ a Yohane ne nʼasuafoɔ no mu baanu gyina baabi no, wɔhunuu sɛ Yesu retwam. 36Yohane hwɛɛ no, kaa sɛ, “Yei ne Onyankopɔn Dwammaa no!”

37Asuafoɔ baanu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi. 38Yesu twaa nʼani hunu sɛ wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?”

Wɔn nso bisaa no sɛ, “Rabi” (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ), “ɛhe na wote?”

39Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mommra mmɛhwɛ.”

Enti, wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa hɔ firi awia nnɔnnan kɔsii anwummerɛ.

40Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no enti ɛmaa wɔkɔdii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea. 41Adeɛ a ɛdi ɛkan a Andrea yɛeɛ ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Mesia no.” 42Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn.

Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no.

Yesu Frɛ Filipo Ne Natanael

43Adeɛ kyeeɛ no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ɔhunuu Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.”

44Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi. 45Filipo firi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba.”

46Natanael bisaa Filipo sɛ, “Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?”

Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛhwɛ.”

47Ɛberɛ a Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkaa sɛ, “Israelni nokwafoɔ ni ampa.”

48Natanael bisaa Yesu sɛ, “Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?”

Yesu nso buaa no sɛ, “Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”

49Natanael kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”

50Yesu bisaa no sɛ, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase enti na wogye di anaa? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom. 51Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.”

Japanese Contemporary Bible

ヨハネの福音書 1:1-51

1

キリストこそほんとうの光

1-2まだこの世界に何もない時から、キリストは神と共におられました。キリストは、いつの時代にも生きておられます。キリストは神だからです。 3このキリストが、すべてのものをお造りになりました。そうでないものは一つもありません。 4キリストには永遠のいのちがあります。全人類に光を与えるいのちです。 5そのいのちは暗闇の中でさんぜんと輝いていて、どんな暗闇もこの光を消すことはできません。

6-7イエス・キリストこそほんとうの光です。このことを証言させるために、神はバプテスマのヨハネをお遣わしになりました。 8ヨハネ自身は光ではなく、ただその光を指し示す証人にすぎません。 9後に、ほんとうの光である方が来て、全世界の人々を照らしてくださったのです。

10ところが、世界を造った方が来られたというのに、だれもこの方に気づきませんでした。 11-12ご自分の国に来ながら、ご自分の民に受け入れられなかったのです。この方を心から喜び迎えたのは、ほんのわずかな人たちだけでしたが、受け入れた人はみな、この方から神の子どもとなる特権をいただきました。それにはただ、この方が救ってくださると信じればよかったのです。 13信じる人はだれでも、新しく生まれ変わります。それは、人間の熱意や計画によるものではありません。神がそう望まれたからです。

14キリストは人間となり、この地上で私たちと共に生活なさいました。彼は恵みと真実のお方でした。私たちは、この方の栄光を目のあたりにしました。それは天の父である神の、ひとり子としての栄光でした。 15バプテスマのヨハネは、人々にキリストを紹介しました。「私が今まで、『まもなく来られる方は、私よりはるかに偉大な方だ。私が生まれるずっと前からおられたからだ』と言ってきたのは、まさにこの方のことです。」 16この方の恵みは尽きることがありません。私たちはみな、次から次へと、あふれるばかりに恵みをいただきました。 17モーセはきびしい命令と戒めとを与えましたが、イエス・キリストはその上に、愛に満ちた赦しの道を備えてくださったのです。 18いまだかつて、実際に神を見た人はいません。しかし、神のひとり子だけは別です。御子は父なる神といつもいっしょですから、神について知っていることを教えてくださいました。

バプテスマのヨハネの証言

19ユダヤ人の指導者たちは、エルサレムから、祭司とその助手たちとをバプテスマのヨハネのもとへ派遣し、「あなたはキリスト(ギリシャ語で、救い主)なのか」と問いたださせました。 20ヨハネは、「私はキリストではない」と、きっぱり否定しました。 21「では、いったいだれか。エリヤか。」「いや、違う。」「すると、あの預言者か。」「いや。」 22「では、いったい何者か。はっきりしてくれ。私たちは帰って報告しなければならないのだ。あなたはだれなのか。」 23「私は、イザヤが預言した、あの荒野から聞こえる叫び声です。『主を迎える準備をせよ』イザヤ40・3と叫ぶ声、それが私です。」 24-25パリサイ人(特に律法を守ることに熱心なユダヤ教の一派)から派遣された人たちは、なおもヨハネに問いました。「キリストでも、エリヤでも、あの預言者でもないのなら、いったいどんな資格でバプテスマ(洗礼)を授けているのか。」 26ヨハネは答えました。「私はただ、水でバプテスマを授けているだけです。しかし、ここにいる人々の中には、あなたがたのまだ知らない方がおられます。 27まもなく、あなたがたの間で働きを始められるでしょう。私にはその方のしもべとなる資格もないのです。」 28このことがあったのは、ヨハネがバプテスマを授けていたヨルダン川の東岸にある、ベタニヤ村でのことです。

29その翌日、ヨハネはイエスが来られるのを見て、言いました。「ごらんなさい。この方こそ、世の人々の罪を取り除く神の小羊です。 30私が、『まもなく、私よりはるかに偉大な方がおいでになる。私よりずっと前からおられる方だ』と話していたのは、この方のことだったのです。 31最初、私もこの方がキリストであるとはわかりませんでした。しかし、私がここで水のバプテスマを授けているのは、まさにこの方を、イスラエルの人々に紹介するためだったのです。」 32ヨハネはさらに続けました。「確かに、聖霊が鳩のように天から下り、この方の上にとどまられるのを見ました。 33それまでは私も、この方がキリストだとはわかりませんでした。しかし、バプテスマを授けさせるために私を遣わす時、神がこう言われたのです。『もし、聖霊がだれかに下り、その上にとどまるのを見たら、その方こそ、あなたの捜し求めている方、聖霊のバプテスマをお授けになる方である。』 34そのとおりのことが、この方に起こりました。しっかりこの目で見たのです。この方は神の子にまちがいありません。」

イエス、弟子を集める

35その翌日、ヨハネは二人の弟子といっしょに立っていました。 36目を上げると、イエスが歩いておられるではありませんか。その姿をじっと見つめながら、ヨハネは、「ごらんなさい。神の小羊です」と言いました。 37これを聞いた弟子は二人とも、急いでイエスのあとを追いかけました。 38その足音にイエスはふり向き、二人を見てお尋ねになりました。「何かご用ですか。」「先生。今、どちらにお泊まりですか。」 39「いっしょに来なさい。すぐにわかります。」こう言われて二人は、イエスの泊まっておられる所までついて行きました。午後四時ごろのことでした。その日二人は、それからずっとイエスといっしょにいました。 40二人のうち一人は、シモン・ペテロの兄弟アンデレでした。 41それからアンデレはシモンを捜し出し、「とうとうメシヤ(ヘブル語で、救い主)にお会いしたよ」と言いました。 42そして、彼をイエスのところへ連れて行きました。イエスはシモンをじっと見つめ、「あなたはヨハネの子シモンですね。これからは、ペテロ(岩)と呼びましょう」と言われました。

43その翌日、イエスはガリラヤへ出発されました。途中、ピリポを見つけ、「さあ、ついて来なさい」と言われました。 44ピリポはアンデレやペテロと同郷で、ベツサイダの出身でした。 45ピリポはナタナエルを捜しに行き、会うなり言いました。「私たちはメシヤにお会いした。モーセや預言者たちが言った、あのお方のことだよ。ナザレ出身のイエスという方で、ヨセフという人の息子さんだそうだ。」 46「ナザレだって!」ナタナエルはびっくりしました。「あんな所から、すぐれた人物など出るはずがない。」しかしピリポは、「とにかく来て、自分の目で確かめたらいいだろう」と言いました。 47ナタナエルも行ってみる気になりました。イエスは歩いて来るナタナエルの姿に目をとめておっしゃいました。「この人こそ生粋のイスラエル人です。正直で、うそがありません。」 48「どうして、おわかりなのですか。」ナタナエルは聞き返しました。「わたしは、ピリポがあなたに会う前に、あなたがいちじくの木の下にいるのを見ましたよ。」 49「先生。あなたは神の子、イスラエルの王です。」 50「そう信じるのは、あなたがいちじくの木の下にいるのを見たと、わたしが言ったからですか。それよりもはるかにすばらしい証拠があります。 51天が開けて、天使たちがメシヤのわたしの上を行き来するのを、やがて、あなたがたは見るのです。」