Yesaia 48 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 48:1-22

Israel Ɔsoɔdenfoɔ

1“Montie yei, Ao, Yakob fiefoɔ

mo a wɔde Israel din frɛ mo,

na moyɛ Yuda asefoɔ,

mo a mobɔ Awurade din ka ntam,

na mofrɛ Israel Onyankopɔn,

nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu;

2mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mma

na mode mo ho to Israel Onyankopɔn so.

Asafo Awurade ne ne din.

3Nneɛma a atwam no medii ɛkan kaeɛ,

mebɔɔ nkaeɛ, na medaa no adi;

afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.

4Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden.

Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ

na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

5Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada.

Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ

sɛdeɛ morentumi nka sɛ,

‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ:

me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’

6Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa.

Morennye nto mu anaa?

“Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo,

nneɛma a ahinta a monnim.

7Afei na ɛreba koraa, ɛnkyɛreɛ;

ɛbɛsi ɛnnɛ no, na anka montee ho hwee da.

Enti morentumi nka sɛ,

‘Aane na menim dada!’

8Wonteeɛ, na wontee aseɛ;

ɛfiri tete nyinaa wʼaso asi.

Na menim sɛ woyɛ ɔfatwafoɔ;

wɔfrɛɛ wo otuatefoɔ firi yafunu mu.

9Medin enti metwentwɛne mʼabufuo so;

mʼayɛyie enti meyi firii wo so,

sɛdeɛ mentwa wo ntwene.

10Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho;

mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.

11Me enti, me enti, na meyɛ yei.

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din?

Memma obi nnye mʼanimuonyam.”

Israel Ahofadie

12“Tie me, Ao, Yakob,

Israel a mafrɛ no;

Me ne no;

Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.

13Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem,

na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu;

sɛ mefrɛ wɔn a,

wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.

14“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmɛtie:

ahoni no mu deɛ ɔwɔ he na waka saa nneɛma yi dada?

Awurade ɔboafoɔ a wapa no

bɛma nʼatirimpɔ a ɛtia Babilonia aba mu;

ne basa bɛtia Babiloniafoɔ.

15Me, me na makasa;

aane, mafrɛ no.

Mede no bɛba,

na ɔbɛwie nʼadwuma nkonimdie so.

16“Montwe mmɛn me na montie yei:

“Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam;

ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.”

Na afei Asafo Awurade

de ne Honhom asoma me.

17Yei ne deɛ Awurade seɛ,

mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no:

“Mene Awurade mo Onyankopɔn,

deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo,

na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ.

18Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a,

anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten,

na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.

19Anka mo asefoɔ ayɛ sɛ anwea,

na mo mma ayɛ sɛ nʼaboseaa a wɔntumi nkane;

wɔn din rempepa da.

Wɔrensɛe mfiri mʼanim.”

20Momfiri Babilonia,

monnwane mfiri Babiloniafoɔ nkyɛn!

Momfa osebɔ nteam mmɔ nkaeɛ

na mo mpae mu nka yei.

Momfa nkɔ nsase ano;

monka sɛ, “Awurade abɛgye ne ɔsomfoɔ Yakob.”

21Osukɔm anne wɔn ɛberɛ a ɔdii wɔn anim, wɔ anweatam ahodoɔ so no,

ɔmaa nsuo firi ɔbotan mu ba maa wɔn;

ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsuo tue firii mu.

22“Asomdwoeɛ nni hɔ mma amumuyɛfoɔ.” Sei na Awurade seɛ.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Исаия 48:1-22

Откровение упрямому Исроилу

1– Слушайте это, потомки Якуба,

вы, кто зовётся именем Исроила

и ведёт свой род от Иуды,

вы, кто клянётся именем Вечного

и призывает Бога Исроила –

но не в истине и не в праведности;

2вы, кто зовёт себя жителями святого города Иерусалима

и полагается на Бога Исроила;

Его имя – Вечный, Повелитель Сил.

3Я предрекал минувшее заранее,

уста Мои возвещали его,

и Я объявлял о нём;

затем внезапно Я действовал,

и всё исполнялось.

4Потому что знал Я, что вы упрямы,

сухожилия шеи вашей – железные,

лоб ваш – медный.

5Поэтому Я и говорил вам заранее;

прежде чем всё исполнится, Я возвещал вам,

чтобы вы не сказали:

«Наши идолы сделали это;

наши деревянные истуканы и литые боги предначертали это».

6Вы слышали об этом – взгляните же!

Неужели вы это не признаёте?

Отныне и впредь Я буду говорить вам о новом,

о скрытом, неведомом вам.

7Это исполняется сейчас, а не раньше;

до сегодняшнего дня вы об этом не слышали,

и не сможете сказать:

«Да, мы это знали».

8Вы не слышали и не понимали;

издревле не было ухо ваше открыто.

Ведь Я знаю, как вы вероломны;

вы с рождения был наречены отступниками.

9Ради Своего имени Я сдерживал гнев;

ради Своей славы Я удерживал его от вас,

чтобы вас не искоренить.

10Вот Я очистил вас, хотя и не как серебро;

Я испытал вас в печи страданий.

11Ради Себя, ради Самого Себя Я делаю это.

Зачем Моему имени быть в поругании?

Славы Своей не отдам другому.

Освобождение Исроила

12– Слушай Меня, Якуб,

Исроил, призванный Мой!

Я – Тот же;

Я – первый, и Я – последний.

13Моя рука заложила основания земли,

Моя правая рука распростёрла небеса;

когда Я призову их,

они вместе предстанут.

14Соберитесь, вы все, и слушайте:

кто из идолов это предрёк?

Избранник Вечного исполнит Его замысел о Вавилоне

и обратит свою руку на вавилонян48:14 Здесь подразумевается Куруш, царь Персии. См. также сноски на 41:2 и 44:28..

15Я, Я сказал и призвал его.

Я его приведу,

и он преуспеет в деле своём.

16Приблизьтесь ко Мне и слушайте:

с самого начала Я говорил не в тайне;

с тех пор, как это началось, Я – там.

И ныне Владыка Вечный

послал Меня и Духа Своего48:16 Или: «И ныне Владыка Вечный и Его Дух послали Меня»..

17Так говорит Вечный,

твой Искупитель, святой Бог Исроила:

– Я – Вечный, Бог твой,

Тот, Кто учит тебя полезному,

Тот, Кто ведёт тебя по пути,

которым ты должен идти.

18О, если бы ты внимал Моим повелениям,

твой мир стал бы как река,

твоя праведность – словно волны морские.

19Твоих потомков было бы много, как песка,

твоих детей – как бессчётных песчинок.

Их имя не стёрлось бы

и не исчезло бы предо Мной.

20Уходите из Вавилона,

бегите от вавилонян!

Возвещайте эту весть с криком радости,

объявляйте и распространяйте до краёв земли:

«Вечный искупил Своего раба Якуба!»

21Они не томились жаждой,

когда вёл Он их через пустыни;

из скалы источал Он им воду,

рассекал Он скалу, и струились воды.

22– Но нет мира нечестивым, –

говорит Вечный.