Yeremia 49 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 49:1-39

Asɛm A Ɛfa Amon Ho

1Deɛ ɛfa Amonfoɔ ho no nie:

Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Israel nni mmammarima anaa?

Ɔnni wɔn a wɔbɛdi nʼadeɛ?

Ɛnneɛ adɛn enti na Molek afa Gad ayɛ ne dea yi?

Adɛn enti na ne nkurɔfoɔ tete ne nkuro mu?

2Nanso nna no reba,”

Awurade na ɔseɛ,

“a mɛbobom de afrɛ ɔko

atia Raba a ɛwɔ Amonfoɔ;

ɛbɛyɛ nkunkumaboɔ sie,

wɔbɛto nkuraaseɛ a atwa ne ho ahyia no mu ogya.

Na Israel bɛpamo wɔn a

wɔpamoo noɔ no,”

sei na Awurade seɛ.

3“Twa adwo Ao, Hesbon, ɛfiri sɛ, wɔasɛe Ai!

Monteam Ao, mo a mowɔ Raba!

Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ;

mommɔ nnyenyen wɔ afasuo no mu,

ɛfiri sɛ Molek bɛkɔ nnommumfa mu,

ɔne nʼasɔfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ.

4Adɛn enti na wode wo bɔnhwa ahodoɔ hoahoa wo ho?

Sɛdeɛ ɛso aba bebree enti anaa?

Ao ɔbabaa a ɔnni nokorɛ,

wode wo ho to wʼahonya so na woka sɛ,

‘Hwan na ɔbɛto ahyɛ me so?’

5Mede ehu bɛba wo so;

ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,”

Awurade na ɔseɛ, Asafo Awurade no.

“Wɔbɛpam mo nyinaa,

na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano.

6“Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,”

sei na Awurade seɛ.

Asɛm A Ɛfa Edom Ho

7Deɛ ɛfa Edom ho no nie:

Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:

“Nyansa nni Teman bio anaa?

Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa?

Wɔn nyansa no aporɔ anaa?

8Monnane mo ho na monnwane

monkɔtetɛ abodan a emu dɔ mu,

mo a motete Dedan,

ɛfiri sɛ, mede amanehunu bɛba Esau so

wɔ ɛberɛ a mɛtwe nʼaso no.

9Sɛ wɔn a wɔtete bobe no baa mo nkyɛn a

anka wɔrennya bobe no kakra?

Sɛ akorɔmfoɔ baa ɔdasuo mu a,

anka wɔrenwia deɛ wɔpɛ nko ara?

10Na mɛma Esau ada adagya.

Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi,

sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma.

Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu,

na wɔrenhunu no bio.

11‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban.

Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’ ”

12Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso! 13Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ.

14Mate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn:

wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ,

“Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so!

Monsɔre nkɔ ɔko!”

15“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu,

na wɔabu wo animtia.

16Ehu a wobɔ

nkurɔfoɔ akoma mu no adaadaa wo,

wo a wote abotan ntokuro mu,

na wote kokoɔ no sorɔnsorɔmmea.

Ɛwom sɛ woyɛ wo pirebuo wɔ soro tɛ sɛ ɔkɔdeɛ deɛ,

nanso ɛhɔ na mɛfiri de wo aba fam,”

Awurade na ɔseɛ.

17“Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ;

wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ

ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.

18Sɛdeɛ wɔdanee Sodom ne Gomora

ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,”

Awurade na ɔseɛ,

“saa ara na obiara rentena hɔ;

onipa biara rentena mu.

19“Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mu

kɔ adidibea frɔmfrɔm no,

saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu.

Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei?

Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?

Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”

20Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Edom,

deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman nie:

Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ;

wɔn enti wɔbɛsɛe adidibea no koraa.

21Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso;

wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho.

22Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ bi bɛtu akɔ soro na wato hoo aba fam a

watrɛtrɛ ne ntaban mu wɔ Bosra so.

Saa ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma

bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so.

Asɛm A Ɛfa Damasko Ho

23Deɛ ɛfa Damasko ho no nie:

“Hamat ne Arpad aba mu abu,

ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne.

Wɔn akoma aboto

te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.

24Damasko ayɛ mmerɛ,

wayɛ sɛ ɔrebɛdwane;

wabɔ huboa;

ahoyera ne ɔyea akyekyere no,

ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so deɛ.

25Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ,

kuro a mʼani gye muo?

26Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so;

wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,”

sɛi na Asafo Awurade seɛ.

27“Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu;

na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.”

Asɛm A Ɛfa Kedar Ne Hasor Ho

28Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie.

Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Sɔre na kɔto hyɛ Kedar so

na sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no.

29Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo;

wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ,

ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ.

Nnipa bɛteateam sɛ,

‘Ehu wɔ baabiara!’

30“Monnwane nkɔ ntɛm ntɛm!

Monhyehyɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Hasor,”

Awurade na ɔseɛ.

“Babiloniahene Nebukadnessar apam mo tiri so;

wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo.

31“Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ,

ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,”

Awurade na ɔseɛ,

“ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ,

na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ.

32Wɔn mfunumu bɛyɛ afodeɛ,

na wɔn anantwikuo akɛseɛ no bɛyɛ asadeɛ.

Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no,

na mede amanehunu bɛfiri afa nyinaa aba wɔn so,”

Awurade na ɔseɛ.

33“Hasor bɛdane sakraman atuo,

ɛbɛda mpan afebɔɔ.

Obiara rentena hɔ;

onipa biara rentena mu.”

Asɛm A Ɛfa Elam Ho

34Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ: 35Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:

“Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu,

deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no.

36Mede mframa ɛnan no bɛba Elam so

afiri ɔsorosoro afanan;

mɛbɔ wɔn ahwete mframa ɛnan no mu,

na Elam atukɔfoɔ akɔ ɔman biara so.

37Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim,

wɔ wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim;

mede amanehunu bɛba wɔn so

mpo mʼabufuhyeɛ no,”

Awurade na ɔseɛ.

“Mede akofena bɛtaa wɔn

kɔsi sɛ mɛwie wɔn korakora.

38Mɛsi mʼahennwa wɔ Elam

na masɛe ne ɔhene ne nʼadwumayɛfoɔ,”

Awurade na ɔseɛ.

39“Nanso, mɛsane de Elam adenya ama no

nna a ɛreba no mu,”

Awurade na ɔseɛ.

New International Reader’s Version

Jeremiah 49:1-39

A Message About Ammon

1Here is what the Lord says about the people of Ammon.

He says,

“Doesn’t Israel have any sons?

Doesn’t Israel have anyone

to take over the family property?

Then why has the god named Molek taken over Gad?

Why do those who worship him live in its towns?

2But a new day is coming,”

announces the Lord.

“At that time I will sound the battle cry.

I will sound it against Rabbah in the land of Ammon.

It will become a pile of broken-down buildings.

The villages around it will be set on fire.

Then Israel will drive out

those who drove her out,”

says the Lord.

3“Heshbon, weep for Ai! It is destroyed!

Cry out, you who live in Rabbah!

Put on the clothes of sadness and mourn.

Run here and there inside the walls.

Your god named Molek will be carried away.

So will its priests and officials.

4Why do you brag about your valleys?

You brag that they produce so many crops.

Ammon, you are an unfaithful country.

You trust in your riches. You say,

‘Who will attack me?’

5I will bring terror on you.

It will come from all those around you,”

announces the Lord. He is the Lord who rules over all.

“Every one of you will be driven away.

No one will bring back those who escape.

6“But after that, I will bless the people of Ammon

with great success again,”

announces the Lord.

A Message About Edom

7Here is what the Lord says about Edom.

The Lord who rules over all says,

“Isn’t there wisdom in the town of Teman anymore?

Can’t those who are wise give advice?

Has their wisdom disappeared completely?

8Turn around and run away, you who live in Dedan.

Hide in deep caves.

I will bring trouble on Esau’s family line.

I will do this at the time I punish them.

9Edom, suppose grape pickers came to harvest your vines.

They would still leave a few grapes.

Suppose robbers came at night.

They would steal only as much as they wanted.

10But I will strip everything away from Esau’s people.

I will uncover their hiding places.

They will not be able to hide anywhere.

Their army is destroyed.

Their friends and neighbors are destroyed.

So there is no one to say,

11‘Leave your children whose fathers have died.

I will keep them alive.

Your widows can also depend on me.’ ”

12The Lord says, “What if those who do not have to drink the cup must drink it anyway? Then shouldn’t you be punished? You will certainly be punished. You must drink the cup. 13I make a promise in my own name. Bozrah will be destroyed,” announces the Lord. “People will be shocked at it. They will say Bozrah is a shameful place. They will use its name as a curse. And all its towns will be destroyed forever.”

14I’ve heard a message from the Lord.

A messenger was sent to the nations. The Lord told him to say,

“Gather yourselves together to attack Edom!

Prepare for battle!”

15The Lord says to Edom, “I will make you weak among the nations.

They will hate you.

16You live in the safety of the rocks.

You live on top of the hills.

But the terror you stir up has now turned against you.

Your proud heart has tricked you.

You build your nest as high as an eagle does.

But I will bring you down from there,”

announces the Lord.

17“People of Edom,

all those who pass by you will be shocked.

They will make fun of you

because of all your wounds.

18Sodom and Gomorrah were destroyed.

So were the towns that were near them,”

says the Lord.

“You will be just like them.

No one will live in your land.

No human beings will stay there.

19“I will be like a lion coming up

from the bushes by the Jordan River.

I will hunt in rich grasslands.

I will chase you from your land in an instant.

What nation will I choose to do this?

Which one will I appoint?

Is anyone like me?

Who would dare to argue with me?

What leader can stand against me?”

20So listen to what the Lord has planned

against the people of Edom.

Hear what he has planned against those who live in Teman.

Edom’s young people will be dragged away.

Their grasslands will be shocked at their fate.

21When the earth hears Edom fall, it will shake.

The people’s cries will be heard all the way to the Red Sea.

22Look! An enemy is coming.

It’s like an eagle diving down.

It will spread its wings over Bozrah.

At that time the hearts of Edom’s soldiers

will tremble in fear.

They’ll be like the heart of a woman having a baby.

A Message About Damascus

23Here is what the Lord says about Damascus. He says,

“The people of Hamath and Arpad are terrified.

They have heard bad news.

They have lost all hope.

They are troubled like the rolling sea.

24The people of Damascus have become weak.

They have turned to run away.

Panic has taken hold of them.

Suffering and pain have taken hold of them.

Their pain is like the pain of a woman having a baby.

25Why hasn’t the famous city been deserted?

It is the town I take delight in.

26You can be sure its young men will fall dead in the streets.

All its soldiers will be put to death at that time,”

announces the Lord who rules over all.

27“I will set the walls of Damascus on fire.

It will burn down the strong towers of King Ben-Hadad.”

A Message About Kedar and Hazor

28Here is what the Lord says about the people of Kedar and the kingdoms of Hazor. Nebuchadnezzar, the king of Babylon, was planning to attack them.

The Lord says to the armies of Babylon,

“Prepare for battle. Attack Kedar.

Destroy the people of the east.

29Their tents and flocks will be taken away from them.

Their tents will be carried off.

All their goods and camels will be stolen.

People will shout to them,

‘There is terror on every side!’

30“Run away quickly!

You who live in Hazor, stay in deep caves,”

announces the Lord.

“Nebuchadnezzar, the king of Babylon,

has made plans against you.

He has decided to attack you.

31“Armies of Babylon, prepare for battle.

Attack a nation that feels secure.

Its people do not have any worries,”

announces the Lord.

“That nation does not have gates or bars that lock them.

Its people live far from danger.

32Their camels will be stolen.

Their large herds will be taken away.

I will scatter to the winds those who are in places far away.

I will bring trouble on them from every side,”

announces the Lord.

33“Hazor will become a home for wild dogs.

It will be a dry and empty desert forever.

No one will live in that land.

No human beings will stay there.”

A Message About Elam

34A message from the Lord came to Jeremiah the prophet. It was about Elam. It came shortly after Zedekiah became king of Judah.

35The Lord who rules over all said,

“Elam’s bow is the secret of its strength.

But I will break it.

36I will bring the four winds against Elam.

I will bring them from all four directions.

I will scatter Elam’s people to the four winds.

They will be taken away

to every nation on earth.

37I will use Elam’s enemies to smash them.

Those who want to kill them will kill them.

I will bring trouble on Elam’s people.

My anger will be great against them,”

announces the Lord.

“I will chase them with swords.

I will hunt them down

until I have destroyed them.

38I will set up my throne in Elam.

I will destroy its king and officials,”

announces the Lord.

39“But in days to come I will bless Elam

with great success again,”

announces the Lord.