Yeremia 45 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 45:1-5

Asɛm A Wɔde Ma Baruk

1Yei ne nsɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan so mu, ɛberɛ a na Baruk atwerɛ nsɛm a ɛfiri Yeremia anom no agu nwoma mmobɔeɛ bi mu. 2“Baruk, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka kyerɛ wo: 3Wokaa sɛ, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhoɔ aka me yeadie ho, na apinisie ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’ 4Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase wɔ asase no so nyinaa. 5Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛseɛ ma wo ho anaa? Ɛnyɛ saa. Ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ɔseɛ, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ ”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Иеремия 45:1-5

Послание Баруху

1Вот что сказал пророк Иеремия Баруху, сыну Нерии, в четвёртом году правления иудейского царя Иоакима, сына Иосии (в 605 г. до н. э.), после того, как Барух записал в свиток слова, которые продиктовал ему Иеремия45:1 См. 36:1-4, 32.:

2– Так говорит Вечный, Бог Исроила, тебе, Барух: 3«Ты говорил: „Горе мне! Вечный прибавил скорбь к моим мукам; я устал от стонов и не нахожу покоя“».

4Скажи ему: «Так говорит Вечный: Я разрушу то, что построил, и искореню то, что насадил, во всей этой стране. 5Тебе ли искать для себя чудес? Не ищи. Я насылаю беду на всякую плоть, – возвещает Вечный, – но куда бы ты ни отправился, Я спасу тебя».