Yeremia 42 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 42:1-22

1Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho ne nnipa no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so kɔɔ 2odiyifoɔ Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade wo Onyankopɔn mpaeɛ ma saa nkaeɛfoɔ yi nyinaa. Sɛdeɛ wohunu no, kane no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi. 3Bɔ mpaeɛ sɛdeɛ Awurade wo Onyankopɔn bɛkyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”

4Yeremia buaa wɔn sɛ, “Mate mo asɛm no, na ɛkwan biara so mɛbɔ Awurade mo Onyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mo asrɛ no; mɛka deɛ Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”

5Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ yɛanyɛ deɛ Awurade wo Onyankopɔn soma wo sɛ ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ntia yɛn. 6Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ ɔsetie ama Awurade yɛn Onyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛdeɛ ɛbɛsi yɛn yie, na yɛbɛdi Awurade yɛn Onyankopɔn asɛm so.”

7Dadu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ. 8Enti, ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. 9Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no seɛ: 10‘Sɛ motena asase yi so a, mɛsiesie mo na merensɛe mo, mɛdua mo na merentu mo ase, ɛfiri sɛ me werɛ aho wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho. 11Monnsuro Babiloniahene a seesei mosuro noɔ no. Monnsuro no, Awurade na ɔseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo wɔ hɔ, mɛgye mo, na mayi mo afiri ne tumi ase. 12Mɛhu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asane aba mo asase so.’

13“Nanso sɛ moka sɛ, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa enti moanyɛ ɔsetie amma Awurade mo Onyankopɔn, 14na moka sɛ, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, baabi a yɛrenhunu ɔko, na yɛrente totorobɛnto nnyegyeeɛ na aduanekɔm nne yɛn a,’ 15ɛnneɛ tie Awurade asɛm, Ao Yuda nkaeɛfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Sɛ moayɛ mo adwene sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ monya kɔtena hɔ a, 16ɛnneɛ akofena a mosuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɛkɔm a mo akoma tu wɔ ho no bɛdi mo akyi akɔ Misraim, na ɛhɔ na mobɛwuwu. 17Nokorɛm, wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bɛwuwu wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako mpo renka anaa ɔrennwane mfiri amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’ 18Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem soɔ no, saa ara na sɛ mokɔ Misraim a, mʼabufuhyeɛ bɛhwie agu mo so. Mobɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbuo ne ahohora; morenhunu saa beaeɛ yi bio.’

19“Ao Yuda nkaeɛfoɔ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mfiri. Ɛnnɛ merebɔ mo kɔkɔ 20sɛ moyɛɛ mfomsoɔ a ɛyɛ hu yie ɛberɛ a mosomaa me kɔɔ Awurade mo Onyankopɔn hɔ, na mokaa sɛ, ‘Bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na ka deɛ ɔka biara kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ,’ no. 21Ɛnnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ ɔsetie mmaa Awurade mo Onyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho. 22Enti, afei mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛwuwu wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”

Het Boek

Jeremia 42:1-22

Waarschuwing tegen een terugkeer naar Egypte

1Toen gingen alle legerofficieren, onder wie Johanan en Azarja, samen met de rest van het volk naar Jeremia en zeiden: 2‘Bid alstublieft voor ons tot de Here, uw God, want zoals u weet zijn er van ons maar weinig hier overgebleven. 3Smeek de Here, uw God, of Hij ons wil laten zien wat wij moeten doen en waar wij heen moeten gaan.’ 4‘Goed,’ antwoordde Jeremia. ‘Ik zal het Hem vragen en u zijn antwoord overbrengen. Ik zal niets voor u achterhouden.’ 5Zij verzekerden Jeremia met klem: ‘Wij beloven bij de Here dat wij zullen doen wat Hij zegt! 6Of wij het nu prettig vinden of niet, wij zullen de Here, onze God, tot wie wij ons richten, gehoorzamen, want dan zal het goed met ons gaan.’

7Tien dagen later kreeg Jeremia het antwoord van de Here. 8-9 Hij riep Johanan, de andere legeraanvoerders en het hele volk bij zich en zei: ‘U stuurde mij naar de Here, de God van Israël, om Hem te vragen naar uw gebed te luisteren. Dit is zijn antwoord: 10“Blijf in dit land. Als u dat doet, zal Ik u zegenen en u niets in de weg leggen. Want Ik ben van gedachten veranderd over de vele straffen die Ik u moest geven. 11U hoeft niet langer bang te zijn voor de koning van Babel, want Ik ben bij u om u te redden en uit zijn hand te bevrijden. 12Ik zal genadig voor u zijn door de koning medelijden te laten krijgen, zodat hij u niet doodt of tot slaaf maakt, maar u naar uw akkers laat terugkeren.” 13-14 Maar als u weigert de Here te gehoorzamen en zegt: “Wij blijven hier niet” en toch naar Egypte wilt gaan waar u veilig denkt te zijn voor oorlog, honger en onrust, 15is dit het antwoord van de Here, restant van Juda: de Here van de hemelse legers, de God van Israël, zegt: “Als u uw plannen doorzet om naar Egypte te gaan, 16zullen de oorlog en de hongersnood waarvoor u zo bang bent, u op de voet volgen en zult u daar omkomen. 17Dat is het lot dat ieder van u die zich in Egypte wil vestigen, te wachten staat. Ja, dan zult u sterven door het zwaard, hongersnood en ziekten. Niemand van u zal eraan kunnen ontsnappen.” 18Want de Here van de hemelse legers, de God van Israël, zegt: “Net zoals mijn toorn werd uitgegoten over de inwoners van Jeruzalem, zo zal hij ook over u worden uitgegoten als u naar Egypte gaat. U zult worden ontvangen met afkeer en haatgevoelens, u zult worden vervloekt en bespot. En uw vaderland zult u nooit meer terugzien.” 19Want de Here heeft gezegd: “Restant van Juda, ga niet naar Egypte!” ’

Jeremia besloot met de woorden: ‘Vergeet nooit de waarschuwing die ik u vandaag heb gegeven. 20Als u gaat, is dat ten koste van uw eigen leven. Want u was niet eerlijk toen u mij vroeg voor u te bidden en zei: “Vertel ons wat God zegt en we zullen het doen!” 21Vandaag heb ik u precies verteld wat Hij zei, maar u zult niet gehoorzamer zijn dan al die andere keren toen ik door de Here werd gestuurd om u te waarschuwen. 22Wees er daarom zeker van dat u door het zwaard, de hongersnood en door ziekten zult sterven als u toch besluit naar Egypte te gaan.’