Yeremia 36 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 36:1-32

Yehoiakim Hye Yeremia Nwoma Mmobɔeɛ

1Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛtɔ so ɛnan mu, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ, 2“Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, ɛfiri ɛberɛ a mefirii aseɛ kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedie berɛ so bɛsi ɛnnɛ gu so. 3Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”

4Enti, Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na ɛberɛ a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu. 5Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu. 6Enti, kɔ Awurade efie mmuadadie da bi na kenkan nsɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a meka ma wotwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so aba no. 7Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adane afiri nʼamumuyɛ akwan ho, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.” 8Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifoɔ Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkanee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu wɔ Awurade asɔredan no mu. 9Ɔbosome a ɛtɔ so nkron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so enum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadie maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wɔfiri Yuda nkuro so aba no. 10Baruk kenkanee Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; firii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adihɔ na ɛbɛn Ɔpono Foforɔ no mu.

11Ɛberɛ a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no, 12ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no dan a ɛwɔ ahemfie hɔ no mu, baabi a na ɔtwerɛfoɔ Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa teteɛ. 13Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkanee firii nwoma mmobɔeɛ no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi, 14adwumayɛfoɔ no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ a wokenkane firii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a nwoma mmobɔeɛ no kura no. 15Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.”

Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. 16Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17Afei, wɔbisaa Baruk sɛ, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wotwerɛɛ yeinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wotwerɛeɛ anaa?”

18Baruk buaa sɛ, “Aane, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu.”

19Na adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Wo ne Yeremia, monkɔhinta. Monnkyerɛ obiara mo akyiri ɛkwan.”

20Wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔsiee ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu akyi no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabannwa no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no. 21Ɔhene no somaa Yehudi sɛ, ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Yehudi kɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa. 22Na ɛyɛ ɔbosome a ɛtɔ so nkron a na ɔhene no te awɔberɛ dan mu reto ogya a ɛsi nʼanim. 23Ɛberɛ biara a Yehudi bɛkenkan nwoma mmobɔeɛ no afaafa bɛyɛ mmiɛnsa anaa ɛnan no, ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan, twitwa de gu ogya no mu, kɔsii sɛ nwoma mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ. 24Ɔhene no ne nʼasomfoɔ a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntadeɛ mu nso. 25Ɛwom sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn. 26Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia sɛ, wɔnkɔkye ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia mmra. Nanso, na Awurade de wɔn asie.

27Ɔhene no hyee nwoma mmobɔeɛ a na nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anom wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 28“Fa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no gu mu. 29Afei, ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Wohyee nwoma mmobɔeɛ no kaa sɛ: “Adɛn enti na wotwerɛɛ wɔ mu sɛ ɛkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre ɛso nnipa ne mmoa nyinaa ase?” 30Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahennwa so. Wɔbɛto ne funu atwene a, wɔrensie no, na wada owia hyeɛ ne anadwo awɔ mu. 31Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnntieɛ.’ ”

32Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na ɔka maa ne twerɛfoɔ Baruk twerɛeɛ. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no a Yudahene Yehoiakim hyee no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Иеремия 36:1-32

Иоаким сжигает свиток Иеремии

1В четвёртом году правления иудейского царя Иоакима, сына Иосии (в 605 г. до н. э.), Вечный сказал Иеремии:

2– Возьми свиток и запиши в него все слова, которые Я говорил тебе об Исроиле, Иудее и всех народах с того времени, как Я начал говорить с тобой в дни правления Иосии вплоть до этого дня. 3Может быть, когда народ Иудеи услышит о всех невзгодах, которые Я задумал наслать на них, каждый из них оставит свой злой путь; тогда Я прощу им их вину и грех.

4Иеремия призвал Баруха, сына Нерии, и под диктовку Иеремии Барух записал в свиток все слова, которые Вечный говорил Иеремии.

5Затем Иеремия сказал Баруху:

– Мне запрещено входить в храм Вечного. 6Поэтому ты пойди в дом Вечного в день поста и прочитай народу из свитка слова Вечного, которые ты записал с моих слов. Прочитай их всему народу Иудеи, который соберётся со всех городов. 7Может быть, они вознесут к Вечному свою молитву и отвратится каждый со своего злого пути – ведь страшны гнев и ярость Вечного, которые грозят этому народу.

8Барух, сын Нерии, сделал всё, что велел ему пророк Иеремия, – он прочитал слова Вечного из свитка в храме Вечного. 9В девятом месяце пятого года правления иудейского царя Иоакима, сына Иосии (поздней осенью 604 г. до н. э.), для всех жителей Иерусалима и для тех, кто пришёл в Иерусалим из городов Иудеи, был объявлен пост перед Вечным. 10В комнате писаря Гемарии, сына Шафана, которая находилась в верхнем дворе у входа в Новые ворота храма, Барух прочёл всему народу, пришедшему в храм Вечного, слова Иеремии из свитка.

11Когда Михей, сын Гемарии, внук Шафана, услышал все слова Вечного из свитка, 12он пошёл в комнаты писарей в царском дворце, где сидели все придворные сановники: писарь Элишама, Делая, сын Шемаи, Элнафан, сын Ахбора, Гемария, сын Шафана, Цедекия, сын Ханании, и все остальные придворные. 13Когда Михей рассказал им всё, что он услышал, всё, что читал Барух народу из свитка, 14все вельможи отправили Иегуди, сына Нетании, внука Шелемии, правнука Куши, сказать Баруху: «Принеси свиток, который ты читал народу, и сам приходи». И Барух, сын Нерии, пришёл к ним со свитком в руках.

15Они сказали ему:

– Садись, просим тебя прочитать и нам.

Барух прочитал им. 16Услышав все эти слова, они в страхе переглянулись и сказали Баруху:

– Мы непременно должны доложить об этом царю.

17Потом они спросили Баруха:

– Просим тебя, расскажи нам, как ты написал всё это? Со слов Иеремии?

18– Да, – ответил Барух, – он говорил мне все эти слова, а я записывал чернилами в свиток.

19Тогда вельможи сказали Баруху:

– Ты и Иеремия идите и спрячьтесь, и пусть никто не знает, где вы.

20Оставив свиток в комнате писаря Элишамы, они пошли в царский двор и доложили обо всём царю. 21Царь послал Иегуди взять свиток. Иегуди принёс его из комнаты писаря Элишамы и стал читать его царю и всем вельможам, которые стояли возле него. 22Был девятый месяц (конец осени), и царь сидел в зимней комнате перед жаровней, в которой горел огонь. 23Когда Иегуди прочитывал три или четыре столбца свитка, царь отрезал их писарским ножом и бросал в жаровню. Он делал так до тех пор, пока в огне не сгорел весь свиток. 24Царь и все его слуги, слышавшие все эти слова, не ужаснулись и не разорвали в знак покаяния на себе одежду. 25Элнафан, Делая и Гемария упрашивали царя не сжигать свиток, но он не послушал их. 26Вместо этого царь приказал Иерахмеилу, члену царской семьи, Серае, сыну Азриила, и Шелемии, сыну Авдеила, взять под стражу писаря Баруха и пророка Иеремию. Но Вечный укрыл их.

27После того как царь сжёг свиток со словами, которые Барух записал со слов Иеремии, Вечный сказал Иеремии:

28– Возьми другой свиток и запиши в него все слова, какие были в первом свитке, который сжёг Иоаким, царь Иудеи. 29А Иоакиму, царю Иудеи, скажи: Так говорит Вечный: «Ты сжёг этот свиток и сказал: „Зачем ты написал, что царь Вавилона непременно явится и погубит эту землю, поразив на ней и людей, и зверей?“» 30Поэтому так говорит Вечный об Иоакиме, царе Иудеи: «Не будет у него потомка, который воцарился бы на престоле Довуда; а его мёртвое тело бросят незахороненным на дневной зной и ночной холод. 31Я накажу его, его детей и его слуг за их беззакония; Я нашлю на них, и на жителей Иерусалима, и на народ Иудеи все невзгоды, которыми Я им грозил, потому что они не слушали Меня».

32Тогда Иеремия взял другой свиток, отдал его писарю Баруху, сыну Нерии, и под диктовку Иеремии Барух записал в него все слова того свитка, который был сожжён царём Иудеи Иоакимом. И к словам сожжённого свитка было прибавлено много похожих слов.