Yeremia 23 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 23:1-40

Tenenee Dubaa No

1“Nnome nka nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe na wɔhwete me nnwankuo no” Awurade na ɔseɛ. 2Ɛno enti yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me nkurɔfoɔ so nie: “Esiane sɛ, moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yie no enti, mede asotwe bɛbrɛ mo wɔ mo bɔne a moayɛ no nti,” deɛ Awurade seɛ nie. 3“Me ara ankasa mɛboaboa me nnwan nkaeɛ no afifiri aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛ. 4Na mɛyi nnwanhwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ɔseɛ.

5“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ,

“Mɛma tenenee dubaa bi so ama Dawid,

ɔhene bi a ɔbɛdi adeɛ nyansa mu

na wayɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase yi so.

6Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwa

na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu.

Yei ne edin a wɔde bɛfrɛ no:

Awurade Yɛn Tenenee.

7Na afei nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’ 8na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”

Atorɔ Adiyifoɔ

9Ɛfa adiyifoɔ no ho no:

Mʼakoma abubu wɔ me mu;

me nnompe nyinaa woso.

Mete sɛ ɔsabofoɔ,

mete sɛ obi a nsã aboro noɔ,

ɛsiane Awurade

ne ne nsɛm kronkron no enti.

10Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;

nnome no enti asase no awo wesee

adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye.

Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so

de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene.

11“Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn;

mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,”

Awurade na ɔseɛ.

12“Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro;

wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu

na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase.

Mede amanehunu bɛba wɔn so

wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,”

Awurade na ɔseɛ.

13“Samaria adiyifoɔ mu no

mehunuu saa atantanneɛ yi:

Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm

nam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan.

14Na Yerusalem adiyifoɔ mu no

mahunu adeɛ a ɛyɛ hu:

Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ.

Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden,

enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho.

Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me;

na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.”

15Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ fa adiyifoɔ no ho:

“Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwono

na wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu,

ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti,

abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.”

16Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:

“Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo;

wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ.

Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu,

a ɛmfiri Awurade anom.

17Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ,

Awurade se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’

Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa,

wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’

18Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho

sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm?

Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm?

19Hwɛ, Awurade ahum

bɛtu abufuhyeɛ mu,

ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ

amumuyɛfoɔ mpampam.

20Awurade abufuo rennwo

kɔsi sɛ ɔbɛwie

nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.

Nna a ɛreba no mu no

mobɛte aseɛ yie.

21Mansoma saa adiyifoɔ yi,

nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyini;

manto wɔn nkra biara,

nanso wɔahyɛ nkɔm.

22Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a,

anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔ

na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔne

ne wɔn nneyɛɛ bɔne ho.

23“Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,”

Awurade na ɔseɛ,

“na mennyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?

24Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a

merentumi nhunu no anaa?”

Awurade na ɔseɛ.

“Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?”

Awurade na ɔseɛ.

25“Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde medin hyɛ nkɔmtorɔ no keka. Wɔkeka sɛ, ‘Mesoo daeɛ! Mesoo daeɛ!’ 26Yei bɛkɔ so akɔsi da bɛn wɔ atorɔ adiyifoɔ yi akoma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm? 27Wɔdwene sɛ daeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfoɔ werɛ afiri me din, sɛdeɛ Baalsom enti wɔn agyanom werɛ firii me din no. 28Ma odiyifoɔ a waso daeɛ no nka nʼadaeso, na ma deɛ ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokorɛm. Na ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?” Awurade na ɔseɛ. 29“Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” Awurade na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa?

30“Ɛno nti,” Awurade na ɔseɛ, “mekyi adiyifoɔ a wɔfa nsɛm a ɛfiri wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛdeɛ ɛfiri me nkyɛn no. 31Aane,” Awurade asɛm nie, “mekyi saa adiyifoɔ a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawoɔ ka sɛ, ‘Awurade na ɔseɛ.’ 32Nokorɛm, mekyi wɔn a wɔhyɛ adaeɛso ho nkɔmtorɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atorɔ nsɛm daadaa me nkurɔfoɔ ma wɔfom ɛkwan, nso mensomaa wɔn na mennyii wɔn. Wɔn ho nni mfasoɔ mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ɔseɛ.

Atorɔ Adiyisɛm Ne Atorɔ Adiyifoɔ

33“Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa mo sɛ, ‘Ɛdeɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ɔseɛ.’ 34Sɛ odiyifoɔ bi, ɔsɔfoɔ bi anaa obi foforɔ si so dua sɛ, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fiefoɔ aso. 35Yei ne deɛ mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuaeɛ ne sɛn?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’ 36Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; ɛfiri sɛ, obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa enti modanedane nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn, Teasefoɔ, Asafo Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn mu. 37Yei ne deɛ mokɔ so ka kyerɛ odiyifoɔ: ‘Mmuaeɛ bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’ 38Ɛwom, mosi so dua sɛ, ‘Yei ne Awurade adiyisɛm’ nanso sei na Awurade ka: Mokaa sɛ, ‘Yei yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ ɛberɛ a maka akyerɛ mo sɛ monnka saa nsɛm yi bio. 39Afei, nokorɛm, me werɛ bɛfiri mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afiri mʼani so. 40Na mede daa animguaseɛ, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Иеремия 23:1-40

Праведная Ветвь

1– Горе пастухам, которые губят и разгоняют овец Моего стада! – возвещает Вечный.

2Поэтому так говорит Вечный, Бог Исроила, пастухам, которые пасут Его народ:

– Это вы рассеяли Мою отару, разогнали её и не позаботились о ней, и Я накажу вас за ваши злодеяния, – возвещает Вечный. – 3Я Сам соберу уцелевших из Моей отары со всех стран, куда Я их изгнал, и верну Моих овец в загоны, где они будут плодиться и размножаться. 4Я поставлю над ними пастухов, которые будут пасти их. И Мои овцы больше не будут знать ни страха, ни трепета и не будут больше пропадать, – возвещает Вечный.

5– Непременно настанут дни, – возвещает Вечный, –

когда Я произращу для Довуда праведную Ветвь23:5 Ветвь – одно из имён Исо Масеха (см. Ис. 4:2; Зак. 3:8; 6:12-13; Рим. 15:8-13).,

Царя, Который будет править мудро

и вершить в стране справедливость и правосудие.

6В Его дни Иудея будет спасена

и Исроил будет жить в безопасности.

Вот имя, которым Его назовут:

«Вечный – наша праведность»23:5-6 Эти слова являются пророчеством об Исо Масехе (см. 1 Кор. 1:30; Лк. 1:32)..

7– Итак, непременно настанут дни, – возвещает Вечный, – когда не будут больше говорить: «Верно, как и то, что жив Вечный, Который вывел исроильтян из Египта», 8а будут говорить: «Верно, как и то, что жив Вечный, Который вывел исроильтян из северных земель и из всех стран, куда Он изгнал их». Тогда они будут жить в своей земле.

Осуждение лжепророков

9О пророках.

Сердце во мне разрывается,

все мои кости дрожат.

Я словно пьяный,

как человек, которого одолело вино.

И это из-за Вечного,

из-за Его святых слов.

10Земля полна распутников,

поэтому она высыхает под проклятием,

и пастбища сгорели в пустыне.

Путь их зол,

и их сила – несправедлива.

11– Пророки и священнослужители – безбожники;

даже в Моём храме нахожу Я их беззакония, –

возвещает Вечный. –

12За это их путь станет скользким;

они будут ввергнуты во тьму

и там упадут.

Я нашлю на них беду,

когда придёт год их наказания, –

возвещает Вечный. –

13В сомарийских пророках

Я вижу нечто отвратительное:

именем Баала они пророчествовали

и сбили с пути народ Мой Исроил.

14И в пророках Иерусалима

Я вижу нечто ужасное:

они изменяют, живут во лжи

и нечестивцев поддерживают,

чтобы никто не отвратился от злодейства.

Все они стали Мне как Содом,

жители Иерусалима – как Гоморра23:14 См. Нач. 18:20–19:29..

15Поэтому так говорит Вечный, Повелитель Сил, о пророках:

– Горькой пищей их накормлю,

напою их отравленной водой

за то, что от пророков Иерусалима

нечестие расходится по всей стране.

16Так говорит Вечный, Повелитель Сил:

– Не слушайте слов, что говорят вам пророки –

они напрасно вас обнадёживают.

Они говорят вам то, что им пригрезилось,

а не Мои слова.

17Они твердят тем, кто Меня презирает:

«Вечный говорит: У вас будет мир»,

а всем, кто живёт по упрямству своих сердец, они говорят:

«Беда не придёт к вам».

18Но кто из них был на совете у Вечного,

кто видел и слышал слово Его?

Кто внимал Его слову и слышал Его?

19Вот буря Вечного разразится яростью,

сильный смерч закружится

над головами нечестивых!

20Гнев Вечного не утихнет,

пока до конца не исполнит

того, что у Него на сердце.

В последующие дни

вы ясно это поймёте.

21Я этих пророков не посылал,

а они прибежали;

Я с ними не говорил,

а они пророчествовали.

22Но если бы они были на Моём совете,

то возвещали бы Моему народу Мои слова,

чтобы он отвратился от своих злых путей и злодеяний.

23Разве Я Бог только вблизи,

а вдали – не Бог? –

возвещает Вечный. –

24Разве может кто-нибудь спрятаться в укромном месте,

чтобы Я его не увидел? –

возвещает Вечный. –

Разве не Я наполняю небо и землю? –

возвещает Вечный.

25– Я слышал, что говорят пророки, которые пророчествуют от Моего имени ложь. Они говорят: «Я видел сон! Я видел сон!» 26Как долго будет это продолжаться? Исправятся ли сердца пророков, которые пророчествуют ложь и обман, что у них на сердце? 27Они думают, что сны, которые они рассказывают друг другу, заставят Мой народ забыть Моё имя, как их отцы забыли его ради поклонения Баалу. 28Пусть тот пророк, который видел сон, рассказывает его как сон, а тот, у кого Моё слово, передаёт его верно. Что общего у мякины с зерном? – возвещает Вечный. – 29Разве Моё слово не подобно огню, – возвещает Вечный, – и молоту, что раскалывает скалу?

30Потому Я против пророков, – возвещает Вечный, – что крадут друг у друга Мои слова. 31Да, Я против пророков, – возвещает Вечный, – что болтают своим языком, заявляя: «Вечный возвещает». 32Да, Я против тех, кто пророчествует лживые сны, – возвещает Вечный. – Они рассказывают свои сны и сбивают Мой народ с пути своим обманом и безрассудством, хотя Я не посылал их и не повелевал им. Они не приносят этому народу ни малейшей пользы, – возвещает Вечный.

33Если кто-нибудь из народа, пророк или священнослужитель, спросит тебя: «Каким пророчеством обременил23:33 На языке оригинала наблюдается игра слов: слово масса можно перевести и как «пророчество», и как «бремя». тебя Вечный?» – отвечай: «Вы – Моё бремя. Я вас покину, – возвещает Вечный». 34Если пророк, священнослужитель или кто-нибудь из народа скажет: «Вот бремя от Вечного», то Я накажу этого человека и его дом. 35Пусть спрашивают друг у друга и брат у брата: «Что ответил Вечный?» или: «Что сказал Вечный?» – 36но не упоминайте впредь «бремя от Вечного», потому что слова всякого становятся его бременем, и вы искажаете этим слова живого Бога, Вечного, Повелителя Сил, нашего Бога. 37Говорите пророку так: «Что тебе ответил Вечный?» или: «Что сказал Вечный?» 38А если вы будете говорить: «Бремя от Вечного», то вот что говорит Вечный: «Вы произносите эти слова, „Бремя от Вечного“, хотя Я повелел вам не говорить: „Бремя от Вечного“. 39За это Я совершенно забуду и отвергну вас от Себя вместе с этим городом, который Я дал вам и вашим предкам. 40Я навеки покрою вас позором и бесчестием, которое не позабудется».