Yeremia 1 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 1:1-19

1Nsɛm a ɛfiri Yeremia nkyɛn nie. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfoɔ no mu baako wɔ Benyamin asase so. 2Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda ɔhene Amon babarima adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu. 3Ɛtoaa so wɔ Yuda ɔhene Yosia babarima Yehoiakim ɛberɛ so kɔsii Yuda ɔhene Yosia babarima Sedekia ɛberɛ so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedie afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so enum.

Yeremia Frɛ

4Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

5“Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo;

ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn;

meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no.”

6Mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra.”

7Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. 8Nsuro wɔn, ɛfiri sɛ meka wo ho, na magye wo,” deɛ Awurade seɛ nie.

9Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu. 10Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so sɛ, tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”

11Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?”

Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.”

12Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”

13Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”

Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.”

14Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. 15Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie.

“Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba

abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano;

wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia

ne Yuda nkuro nyinaa so.

16Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn

wɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me,

sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ

na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ.

17“Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim. 18Ɛnnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, dadeɛ dum ne kɔbere ɔfasuo sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so. 19Wɔbɛko atia wo nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.