Romafoɔ 4 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 4:1-25

Wɔgyina Abraham Gyidie So Bu No Bem

1Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ? 2Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 3Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.”

4Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wɔbu nʼakatua no sɛ akyɛdeɛ, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. 5Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyidie wɔ ne mu. 6Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ:

7“Nhyira ne wɔn a

wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,

na wɔakata wɔn bɔne so.

8Nhyira nka onipa a

AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.”

9Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.” 10Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ. 11Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia. 12Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.

13Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ bɔ sɛ wɔbɛyɛ ewiase adedifoɔ, mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so. 14Sɛ wɔn a wɔdi Mmara so yɛ adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie nka hwee, na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ, 15ɛfiri sɛ mmara de abufuhyeɛ ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.

16Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. 17Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ.

18Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no. 19Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. 20Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. 21Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no. 22Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no. 23Wɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔbuu no sɛ tenenee maa no” no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara. 24Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no. 25Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo.

New International Reader’s Version

Romans 4:1-25

Abraham’s Faith Made Him Right With God

1What should we say about these things? What did Abraham, the father of our people, discover about being right with God? 2Did he become right with God because of something he did? If so, he could brag about it. But he couldn’t brag to God. 3What do we find in Scripture? It says, “Abraham believed God. God accepted Abraham’s faith, and so his faith made him right with God.” (Genesis 15:6)

4When a person works, their pay is not considered a gift. It is owed to them. 5But things are different with God. He makes ungodly people right with himself. If people trust in him, their faith is accepted even though they do not work. Their faith makes them right with God. 6King David says the same thing. He tells us how blessed people are when God makes them right with himself. They are blessed because they don’t have to do anything in return. David says,

7“Blessed are those

whose lawless acts are forgiven.

Blessed are those

whose sins are taken away.

8Blessed is the person

whose sin the Lord never counts against them.” (Psalm 32:1,2)

9Is that blessing only for those who are circumcised? Or is it also for those who are not circumcised? We have been saying that God accepted Abraham’s faith. So his faith made him right with God. 10When did it happen? Was it after Abraham was circumcised, or before? It was before he was circumcised, not after! 11He was circumcised as a sign of the covenant God had made with him. It showed that his faith had made him right with God before he was circumcised. So Abraham is the father of all believers who have not been circumcised. God accepts their faith. So their faith makes them right with him. 12And Abraham is also the father of those who are circumcised and believe. So just being circumcised is not enough. Those who are circumcised must also follow the steps of our father Abraham. He had faith before he was circumcised.

13Abraham and his family received a promise. God promised that Abraham would receive the world. It would not come to him because he obeyed the law. It would come because of his faith, which made him right with God. 14Do those who depend on the law receive the promise? If they do, faith would mean nothing. God’s promise would be worthless. 15The law brings God’s anger. Where there is no law, the law can’t be broken.

16The promise is based on God’s grace. The promise comes by faith. All of Abraham’s children will certainly receive the promise. And it is not only for those who are ruled by the law. Those who have the same faith that Abraham had are also included. He is the father of us all. 17It is written, “I have made you a father of many nations.” (Genesis 17:5) God considers Abraham to be our father. The God that Abraham believed in gives life to the dead. Abraham’s God also creates things that did not exist before.

18When there was no reason for hope, Abraham believed because he had hope. He became the father of many nations, exactly as God had promised. God said, “That is how many children you will have.” (Genesis 15:5) 19Abraham did not become weak in his faith. He accepted the fact that he was past the time when he could have children. At that time Abraham was about 100 years old. He also realized that Sarah was too old to have children. 20But Abraham kept believing in God’s promise. He became strong in his faith. He gave glory to God. 21He was absolutely sure that God had the power to do what he had promised. 22That’s why “God accepted Abraham because he believed. So his faith made him right with God.” (Genesis 15:6) 23The words “God accepted Abraham’s faith” were written not only for Abraham. 24They were written also for us. We believe in the God who raised Jesus our Lord from the dead. So God will accept our faith and make us right with himself. 25Jesus was handed over to die for our sins. He was raised to life in order to make us right with God.