Romafoɔ 15 – ASCB & CRO

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 15:1-33

1Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidie mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛ no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. 2Yɛn mu biara nkamfo adepa biara ne yɔnko yɛ, mfa nhyɛ no den. 3Kristo mpo anyɛ deɛ ɔpɛ, sɛdeɛ Atwerɛsɛm ka sɛ, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.” 4Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.

5Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, 6sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de akoma korɔ ne ano korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.

7Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no. 8Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu;

na mato nnwom akamfo wo din.”

10Na ɛka bio sɛ,

“Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade,

mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ.”

11Na bio,

“Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ;

asase so aman nyinaa monkamfo no.”

12Na bio Yesaia ka sɛ,

“Yisai aseni bɛsɔre,

deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so;

ɔno na wɔn ani bɛda ne so.”

13Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.

Paulo, Amanamanmufoɔ Ɔsɔfoɔ

14Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ, papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mobɛtumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. 15Mede akokoɔduru atwerɛ abobɔ nneɛma bi so, sɛdeɛ meretwe mo adwene akɔ so bio, ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no enti. 16Meyɛ Kristo Yesu ɔsomfoɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, amanamanmufoɔ bɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no ate ho.

17Ɛno enti, metumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. 18Deɛ mɛka ho asɛm ara ne sɛdeɛ Kristo nam deɛ maka ne deɛ mayɛ so ama amanamanmufoɔ ayɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. 19Saa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi yɛ tumi a ɛfiri Honhom no mu. Enti, ɛfiri Yerusalem kɔka Iliriko, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. 20Na me botaeɛ ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ mesii dan wɔ obi fapem so. 21Mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no:

“Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu,

na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.”

22Yei enti na ɛberɛ biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi si me ɛkwan.

Paulo Yɛ Nʼadwene Sɛ Ɔbɛkɔ Roma

23Nanso, seesei a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfeɛ bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abɛhunu mo no enti, 24mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mɛhunu mo na moaboa me ama makɔ hɔ ɛberɛ a me ne mo atena anigyeɛ so kakra bi no. 25Seesei ara, merekɔ Yerusalem makɔsom Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ hɔ no. 26Ɛfiri sɛ, asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafoɔ a wɔfra Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu. 27Wɔn ara na wɔsii wɔn adwene pi saa, nanso nokorɛm, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔboa saa ahiafoɔ no. Amanamanmufoɔ no nyaa Yudafoɔ honhom no mu nhyira no bi. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ amanamanmufoɔ no de wɔn ahodeɛ som Yudafoɔ no. 28Sɛ mewie saa dwumadie yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mɛfiri hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a, mɛduru mo hɔ mabɛsra mo. 29Sɛ meba mo nkyɛn a, menim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.

30Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ, mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ denden mma me. 31Mommɔ mpaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye asɛm no nni. Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ahotefoɔ a wɔwɔ hɔ no bɛgye atom. 32Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede ahosɛpɛ bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo. 33Asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.

Knijga O Kristu

Rimljanima 15:1-33

Svatko neka ugađa bližnjima

1Zato mi koji smo jaki u vjeri i čvrsta uvjerenja moramo nositi slabosti slabih i biti obzirni prema njima. Ne smijemo ih sablažnjavati onime što je nama slobodno samo zato da bismo sebi ugodili. 2Svatko od nas neka ugađa bližnjima na dobro, izgrađujući ih. 3Jer ni Krist nije sebi ugađao. Kao što piše u Svetome pismu: “Pogrde onih koji tebe ruže pale su na mene.”15:3 Psalam 69:10. 4To je nekoć zapisano nama za pouku, da nas utješi i ohrabri u nadi.

5Neka vam Bog, koji daje strpljenje i ohrabrenje, pomogne da međusobno živite u potpunoj slozi i da jedni prema drugima postupate prema Kristovu uzoru. 6Tada ćete jednodušno moći slaviti Boga, Oca našega Gospodina Isusa Krista.

7Srdačno prigrlite jedni druge kao što je Krist vas prigrlio, Bogu na slavu. 8Jer, kažem vam da je Krist postao slugom Židovima da pokaže kako je Bog vjeran obećanjima koja je dao njihovim praocima. 9Došao je da također i pogani mogu proslaviti Boga zbog njegova milosrđa prema njima. Na to je psalmist mislio kad je napisao:

“Slavit ću te među poganima

i pjevati hvalospjeve tvojem imenu.”15:9 2 Samuelova 22:50; Psalam 18:50.

10Na drugom pak mjestu kaže:

“Radujte se, narodi, skupa s njegovim narodom!”15:10 Ponovljeni zakon 32:43.

11I još:

“Slavite Gospodina, svi puci;

slavite ga, svi narodi na zemlji!”15:11 Psalam 117:1.

12Prorok Izaija je napisao:

“Pojavit će se Davidov nasljednik15:12 U grčkome: izdanak iz korijena Jišajeva. da vlada nad poganima.

U njega će polagati svoje nade.”15:12 Izaija 11:10.

13Neka vas Bog, koji daje nadu, ispuni radošću i mirom po vjeri u njega, da obilujete u nadi silom Svetoga Duha.

Pavlova služba

14Uvjeren sam, draga braćo, da ste puni čestitosti. Sve ovo vrlo dobro znate i sposobni ste jedni druge urazumljivati. 15Pa ipak sam uzeo tu slobodu da vas podsjetim na to što već znate. Jer Božjom milošću 16služim Isusu Kristu među poganima. Donosim Božje evanđelje kako bi pogani postali ugodnom žrtvom Bogu, posvećeni Svetim Duhom.

17Mogu se zato pohvaliti onime što je Isus Krist učinio kroz moju službu Gospodinu. 18Ničim se drugim ne usuđujem hvaliti osim onime što je Krist kroz moje propovijedanje i djela učinio za obraćenje pogana 19snagom čudesnih znakova, silom Božjega Duha. Tako sam potpuno ispunio svoju dužnost propovijedanja Radosne vijesti od Jeruzalema pa uokolo sve do Ilirika.15:19 Pokrajina koja je u prvome stoljeću obuhvaćala područje današnje Slovenije, Hrvatske, Bosne i Hercegovine, Crne Gore, Makedonije, Srbije i dijela Madžarske.

20Uvijek sam se trudio propovijedati Radosnu vijest gdje se Krist još nije spominjao, a ne gdje su već drugi položili temelj propovijedanju 21da se ostvari što piše u Svetome pismu:

“Vidjet će ga oni kojima nije naviješten,

razumjet će ga oni koji nikada nisu za njega čuli.”15:21 Izaija 52:15.

22Zbog toga što sam ondje propovijedao, i nisam dosad mogao doći k vama.

Pavao se sprema na put

23Ali sad sam završio s radom u tim krajevima, a već godinama žarko želim doći k vama. 24Kanim otići u Španjolsku, pa ću se na putu zaustaviti u Rimu. Pošto barem malo vremena provedem s vama, možete me opet otpraviti na put.

25Ali prije toga moram do Jeruzalema da svetima odnesem milodar 26jer su vjernici u Makedoniji i u Ahaji skupili pomoć za siromašne svete u Jeruzalemu. 27To su rado učinili jer se osjećaju njihovim dužnicima. Jer ako su pogani postali dionicima njihovih duhovnih dobara, onda su im dužni poslužiti i u tjelesnim dobrima. 28Čim im predam taj novac te tako dovršim njihovo dobro djelo, krenut ću u Španjolsku i usput doći k vama. 29Siguran sam da ću k vama stići s puninom Kristova blagoslova.

30Draga braćo, zaklinjem vas u imenu našega Gospodina Isusa Krista da mi se pridružite u borbi moleći se Bogu za mene, zbog ljubavi prema meni koju vam je dao Sveti Duh. 31Molite se da u Judeji umaknem nevjernicima i da svetima u Jeruzalemu bude po volji pomoć koju im nosim 32kako bih, po Božjoj volji, mogao radosno doći k vama i tu se odmoriti.

33Neka Bog, izvor mira, bude sa svima vama. Amen.