Nnwom 69 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 69:1-36

Dwom 69

Dawid dwom.

1Ao Onyankopɔn, gye me nkwa

na nsuo no abɛdeda me kɔn mu.

2Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu,

wɔ baabi a me nan nnya siberɛ.

Maduru subunu mu

na nsuo abu afa me so.

3Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa.

Me mene mu awe.

Mʼani so ayɛ kusuu,

na merehwehwɛ me Onyankopɔn.

4Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso

sene me tiri so nwi;

wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso,

wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.

Wɔhyɛ me sɛ mennane

deɛ menwiaaɛ no mma.

5Ao Onyankopɔn, wonim me kwasea a mayɛ;

mʼafɔdie nhintaa wo.

6Mma wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no

anim ngu ase ɛsiane me enti,

Ao Awurade, Asafo Awurade;

mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no

anim ngu ase me enti,

Ao Israel Onyankopɔn.

7Wo enti wobu me animtiaa,

na aniwuo akata mʼanim.

8Mete sɛ ɔhɔhoɔ wɔ me nuanom mu,

mete sɛ ɔmamfrani wɔ me maame mmammarima mu,

9na wo fie ho mmɔdemmɔ hyɛ me so,

wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiabuo abɛda me so.

10Sɛ metwa adwo na medi mmuada a

wɔbɔ me ahohora;

11sɛ mefira ayitoma a

nnipa de me yɛ aseredeɛ.

12Wɔn a wɔtete ɛpono no ano no sere me,

na akɔwensafoɔ de me din to dwom.

13Nanso mɛbɔ wo mpaeɛ, Ao Awurade,

wɔ wʼadom berɛ mu;

wɔ wʼadɔeɛ kɛseɛ no enti, Ao Onyankopɔn,

fa wo nokorɛ nkwagyeɛ no gye me so.

14Yi me firi atɛkyɛ no mu,

mma memmem wɔ mu;

gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam,

ne nsu bunu mu.

15Mma nsuo nnyiri mfa me

anaa ebunu mmene me

anaa amena nkata me so.

16Ao Awurade, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu;

wʼadom enti, dane bɛhwɛ me.

17Mfa wʼanim nhinta wo ɔsomfoɔ;

gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu.

18Twi bɛn me na gye me;

gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti.

19Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim;

wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa.

20Kasatia ahyɛ mʼakoma so

ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ;

mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi,

mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi.

21Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu,

osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono.

22Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie;

ma ɛnyɛ akatua ne afidie mma wɔn.

23Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ,

na ma wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.

24Hwie wʼabufuhyeɛ gu wɔn so;

na ma wʼabofuo huuhuuhu no mmra wɔn so.

25Ma wɔn atenaeɛ nyɛ amamfo;

mma obiara ntena wɔn ntomadan mu.

26Wɔtaa wɔn a wopira wɔn no,

wɔka wɔn a wopira wɔn no amanehunu ho asɛm.

27Fa amumuyɛ mu amumuyɛ ho soboɔ bɔ wɔn;

mma wɔnnya wo nkwagyeɛ mu kyɛfa.

28Pepa wɔn din firi nkwa nwoma no mu,

mfa wɔn din nka ateneneefoɔ deɛ ho.

29Mewɔ ɔyea ne ahohiahia mu;

Ao Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ no mmɔ me ho ban.

30Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ

na mede aseda ahyɛ no animuonyam.

31Yei bɛsɔ Awurade ani yie asene nantwie,

asene nantwinini a ɔtua mmɛn na ɔwɔ tɔte.

32Mmɔborɔni bɛhunu na nʼani agye,

mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no akoma bɛnya nkwa.

33Awurade tie wɔn a adeɛ ahia wɔn,

na ɔmmu ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ animtiaa.

34Ma ɔsoro ne asase nkamfo no,

ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,

35ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛgye Sion nkwa

na wakyekyere Yuda nkuropɔn no bio.

Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn dea;

36Nʼasomfoɔ asefoɔ na wɔbɛfa hɔ,

na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ.

Het Boek

Psalmen 69:1-37

1Een lied van David voor de koordirigent. Te zingen op de wijs van: ‘De Lelies.’

2Bevrijd mij, o God,

want het water stijgt mij naar de lippen.

3Ik zak weg in het moeras en kan er niet staan.

Ik sta in water waar ik de bodem niet kan voelen

en het stroomt over mijn hoofd.

4Ik ben moe van het roepen

en mijn keel is schor.

Mijn ogen zijn moe van het uitkijken naar mijn God.

5De mensen die mij haten, zijn niet te tellen,

het zijn er meer dan de haren op mijn hoofd.

En er is geen reden voor hun haat.

Mijn tegenstanders, die mij willen vernietigen,

zijn zo machtig.

Ik moet hun teruggeven

wat ik niet van hen heb geroofd.

6O God, U kent mij,

een klein en dwaas mens.

U ziet al mijn zonden.

Niets is voor U verborgen.

7Laten uw volgelingen niet door mij

hun vertrouwen in U kwijtraken,

Oppermachtige Here,

U die Heer bent over de hemelse legers.

O God, laten de mensen die U zoeken,

niet door mijn toedoen in U beschaamd worden.

8Ter wille van U verdraag ik de schande.

Ik bedek mijn gezicht uit schaamte.

9Mijn vrienden kennen mij niet meer

en mijn broers herkennen mij niet.

10Van mijzelf blijft niets over,

omdat ik alles geef voor uw huis.

De beledigingen van hen die U haten,

kwamen op mij terecht.

11Ik huilde terwijl mijn hele hart zich op U richtte,

maar het werd mij als schande aangerekend.

12Ik trok rouwkleding aan,

maar zij lachtten mij uit.

13De leiders van de stad praten met elkaar over mij

en tijdens drinkgelagen drijven zij de spot met mij.

14Maar ik zal op de juiste tijd tot U bidden, Here,

o God, geef mij uw trouwe hulp

als een antwoord daarop in uw goedheid en liefde.

15Trek mij uit dit moeras, voordat ik zink.

Red mij van mijn haters en uit dit diepe water.

16Zorg toch dat het water mij niet boven het hoofd stijgt,

dat ik niet naar de bodem word getrokken en verdrink.

17Geef mij antwoord, Here,

want ik weet hoe groot uw goedheid en trouw zijn.

Kom naar mij toe met uw liefdevolle ontferming.

18Verberg U niet voor mij,

ik ben uw dienaar en ik ben vreselijk bang.

Antwoord mij toch snel!

19Kom naar mij toe en bevrijd mij.

Verlos mij, zodat mijn tegenstanders beschaamd staan.

20U ziet toch hoe ik word bespot,

hoe beschaamd ik ben en tot schande gemaakt.

U weet precies wie mij dit allemaal aandoen.

21De spot breekt mijn hart

en ik ben nog maar heel zwak.

Ik verwachtte medelijden te ontmoeten,

maar vond het niet.

Tevergeefs wachtte ik op iemand die mij troostte.

22Zij gaven mij gif te eten

en lieten mij, toen ik dorst had, azijn drinken.

23Laat het lekkere eten een valstrik voor hen worden

en laat hun tafelgenoten hen verraden.

24Verslechter hun ogen,

zodat zij niets meer kunnen zien.

Geef dat hun heupen verzwakken,

zodat zij niet meer kunnen lopen.

25Stort uw toorn over hen uit,

laat de gloed daarvan hen vernietigen.

26Verander hun woonplaats in een woestenij

en maak hun tenten onbewoond.

27Want wie door U wordt geslagen,

wordt door hen achtervolgd.

Zij sturen verhalen de wereld in

over het verdriet van hen die door U werden getroffen.

28Laat hun schuld maar hand over hand toenemen,

zodat zij geen aanspraak kunnen maken op uw gerechtigheid.

29Verwijder hun namen uit uw boek,

waarin ieder vermeld staat die bij U hoort.

Zorg dat hun naam niet naast die van een gelovige staat.

30Ik verkeer in grote ellende en groot verdriet.

Laat uw heil mij beschermen, o God.

31Ik zal een loflied zingen

en de naam van God prijzen.

Ik zal Hem roemen door de liederen

die ik tot zijn eer zing.

32Dat zal de Here meer vreugde geven

dan een rund of een stier met horens en hoeven.

33Zij die zich dankbaar aan God onderwerpen,

zullen het zien en zich erover verheugen.

U die God zoekt, zult er nieuwe moed uit putten.

34Want de Here luistert wel

naar de armen die Hem aanroepen

en Hij ziet niet neer

op de mensen die gevangen zitten.

35Laat de hele schepping,

hemel, aarde en zeeën,

Hem eer brengen en prijzen.

36Want God zal Jeruzalem bevrijden

en de steden van Juda weer opbouwen.

Dan zullen zij weer daarin wonen

en het land opnieuw bezitten.

37De kinderen van zijn dienaren zullen het land erven

en het zal worden bewoond door mensen

die zijn naam liefhebben.