Nnwom 50 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 50:1-23

Dwom 50

Asaf dwom.

1Tweaduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa,

na ɔfrɛ asase nyinaa

ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ.

2Onyankopɔn hran firi Sion

kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ.

3Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;

ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim,

ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.

4Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase,

sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn;

5Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me,

wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.”

6Ɔsoro pae mu ka ne tenenee,

na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ.

7“Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa,

mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel;

Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.

8Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔdeɛ

anaa mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ mʼanim daa no ho.

9Anantwinini a wɔfiri mo mfuo so

anaa mpapo a wɔfiri mo buo mu ho nhia me,

10ɛfiri sɛ kwaeɛ mu aboa biara yɛ me dea,

anantwie a wɔwɔ nkokoɔ mpempem so nso saa ara.

11Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so,

na wiram abɔdeɛ nyinaa yɛ me dea.

12Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo;

ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea.

13Mewe anantwinini nam,

na menom mpapo mogya anaa?

14Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn,

na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,

15na momfrɛ me da hiada;

na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.”

16Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ,

“Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm

na mʼapam da mo ano?

17Mokyiri me nkyerɛkyerɛ

na moto me nsɛm gu mo akyi.

18Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no;

na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ.

19Mode mo ano yɛ bɔne

na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.

20Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara

na mosopa mo ankasa maame ba.

21Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee,

enti mosusu sɛ mete sɛ mo.

Nanso mɛka mo anim

na mede mo soboɔ asi mo anim.

22“Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn,

anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo;

23Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam,

na ɔsiesie ɛkwan

sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Забур 50:1-21

Песнь 50

1Дирижёру хора. Песнь Довуда, 2когда пророк Нафан пришёл к нему, после того, как Довуд согрешил с Вирсавией50:2 См. 2 Цар. 11:1–12:23..

3О Всевышний, помилуй меня

по Своей великой милости,

по Своему великому состраданию

изгладь мои беззакония.

4Омой меня от неправды

и от греха очисти,

5потому что я сознаю свои беззакония,

и грех мой всегда предо мной.

6Против Тебя Одного я согрешил

и в Твоих глазах сделал зло.

Ты справедлив в Своём приговоре

и безупречен в суде Своём.

7Вот грешником я родился,

грешным зачала меня моя мать.

8Но Ты желаешь истины в сердце,

так наполни меня Своей мудростью.

9Очисти меня иссопом50:9 Иссоп – по всей вероятности, один из видов майорана, распространённый в Исроиле. Это растение использовалось священнослужителями для кропления (см. Лев. 14:4-7; Чис. 19:18) и было символом очищения от греха в иудейской культуре., и буду чист;

омой меня, и стану белее снега.

10Дай мне услышать веселье и радость;

пусть порадуются мои кости, Тобой сокрушённые.

11Отврати лицо от моих грехов

и неправду мою изгладь.

12Всевышний, сотвори во мне чистое сердце

и обнови во мне правый дух.

13Не отвергни меня от Себя

и не лиши меня Твоего Святого Духа.

14Верни мне радость Твоего спасения

и дай мне желание быть послушным Тебе.

15Тогда я научу нечестивых Твоим путям,

и грешники к Тебе обратятся.

16Избавь меня от кровопролития, Всевышний,

Бог моего спасения,

и язык мой восхвалит праведность Твою.

17Открой мне уста, Владыка,

и я возвещу Тебе хвалу.

18Жертва Тебе неугодна – я дал бы её;

всесожжения Ты не желаешь.

19Жертва Всевышнему – дух сокрушённый;

сокрушённое и скорбящее сердце, Всевышний,

Ты не отвергнешь.

20Сотвори Сиону добро по Своей благосклонности;

заново возведи стены Иерусалима.

21Тогда будут угодны Тебе

предписанные жертвы, возношения и всесожжения;

тогда приведут быков к Твоему жертвеннику.