Nnwom 2 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 2:1-12

Dwom 2

1Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu?

Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?

2Asase so ahemfo sɔre gyina

na atumfoɔ bom tu agyina

tia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no.

3Wɔka sɛ,

“Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn

na yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.”

4Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere;

Awurade di wɔn ho fɛw.

5Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu

hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ,

6“Masi me Ɔhene

wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.”

7Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ:

Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima;

ɛnnɛ mayɛ wʼAgya.

8Bisa me,

na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ,

asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea.

9Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so;

na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.”

10Enti mo ahemfo, monsua nyansa;

monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ.

11Momfa suro nsom Awurade

na monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu.

12Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu

ansɛe mo wɔ mo akwan so,

ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so.

Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.

New International Reader’s Version

Psalm 2:1-12

Psalm 2

1Why do the nations plan evil together?

Why do they make useless plans?

2The kings of the earth rise up against the Lord.

The rulers of the earth join together against his anointed king.

3“Let us break free from their chains,” they say.

“Let us throw off their ropes.”

4The God who sits on his throne in heaven laughs.

The Lord makes fun of those rulers and their plans.

5When he is angry, he warns them.

When his anger blazes out, he terrifies them.

6He says to them,

“I have placed my king on my holy mountain of Zion.”

7I will announce what the Lord has promised.

He said to me, “You are my son.

Today I have become your father.

8Ask me, and I will give the nations to you.

All nations on earth will belong to you.

9You will break them with an iron scepter.

You will smash them to pieces like clay pots.”

10Kings, be wise!

Rulers of the earth, be warned!

11Serve the Lord and have respect for him.

Celebrate his rule with trembling.

12Obey the son completely, or he will be angry.

Your way of life will lead to your death.

His anger can blaze out at any moment.

Blessed are all those who go to him for safety.