Nehemia 13 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 13:1-31

Nehemia Nsiesie Nnwuma

1Ɛda no ara, ɛberɛ a wɔgu so rekenkan Mose Nwoma no, ɔmanfoɔ no hunuu asɛm bi a ɛka sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn adwabɔ ase. 2Aseɛ ne sɛ, ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim no, wɔne wɔn anni no yie. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Onyankopɔn danee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira. 3Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpamoo amanfrafoɔ no nyinaa firii badwa no ase.

4Ansa na saa asɛm yi rebɛsi no, na ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfoɔ no a na ɔsane yɛ Tobia busuani no, 5adane adekoradan kɛseɛ no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atokoɔ afɔrebɔdeɛ, aduhwamfufuo, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfoɔ. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔdeɛ no yɛ Lewifoɔ, nnwomtofoɔ ne aponoanohwɛfoɔ dea.

6Saa ɛberɛ no, na menni Yerusalem. Na masane kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahennie afe a ɛtɔ so aduasa mmienu so. Akyire no na ɔmaa me kwan sɛ mensane mmra. 7Mebɛduruu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adihɔ dan bi ama Tobia no, 8ɛtɔɔ me so, na meyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa guiɛ. 9Afei mehyɛɛ sɛ, wɔnnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne aduhwamfufuo no sane bɛguu mu.

10Mesane hunuu sɛ wɔmfaa deɛ ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no nya no mmaa wɔn, enti, na wɔne nnwomtofoɔ no a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔsom no so no asane akɔyɛ adwuma wɔ wɔn mfuo mu. 11Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofoɔ no nkyɛn, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moayi mo ani afiri Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifoɔ no nyinaa, maa wɔsane baeɛ, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano.

12Na bio, Yudafoɔ nyinaa hyɛɛ aseɛ de wɔn atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu. 13Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ Sadok ne Lewifoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na meyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nana sɛ wɔn ɔboafoɔ. Na saa mmarima yi wɔ edin pa, na wɔn adwuma ne sɛ, wɔde nokorɛ bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no.

14Kae saa ade pa yi yɛ, Ao me Onyankopɔn, na mma wo werɛ mfiri deɛ mefiri nokorɛdie mu ayɛ nyinaa de ama me Onyankopɔn Asɔredan.

15Ɛda koro Homeda bi, mehunuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamena so. Na wɔrehyehyɛ atokoɔ afiafi wɔ wɔn mfunumu so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsã, bobe aba, borɔdɔma ne mfudeɛ bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn mfudeɛ homeda. 16Na mmarima bi nso firi Tiro a wɔde nsuomnam ne adwadeɛ ahodoɔ bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafoɔ wɔ Yerusalem fie ankasa! 17Ɛno enti, mekɔɔ Yuda ntuanofoɔ no so, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi? 18Monnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no enti na yɛn Onyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so seesei yi brɛɛ yɛn ne yɛn kuro yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntrasoɔ seesei no bɛma abufuhyeɛ aba Israelfoɔ so.”

19Na afei, mehyɛɛ sɛ, ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ, Efiada biara anwummerɛ, wɔntoto kuro no apono mu a wɔmmue ara kɔsi sɛ Homeda no bɛtwam. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfoɔ kɔwɛnn apono no, sɛdeɛ wɔrentumi mfa adwadeɛ mma homeda no. 20Adwadifoɔ ne nsaanodwumayɛfoɔ a wɔde adwadeɛ ahodoɔ ba no soɛɛ Yerusalem mfikyire pɛnkorɔ anaa mprenu. 21Nanso, mekasa kyerɛɛ wɔn anibereɛ so sɛ, “Ɛdeɛn na motete ɔfasuo yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Ɛfiri hɔ, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio. 22Na mehyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔnnwira wɔn ho, na wɔnnwɛn apono no sɛdeɛ Homeda no kronnyɛ no bɛka hɔ.

Kae saa ade pa yi yɛ nso, Ao me Onyankopɔn, na wʼadɔeɛ kɛseɛ a ɛnsa da no enti, hunu me mmɔbɔ.

23Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, mehunuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wɔfiri Asdod, Amon ne Moab. 24Na deɛ na ɛnyɛ koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforɔ bi kasa a na wɔntumi nka Yudafoɔ kasa no koraa. 25Enti, mekɔɔ wɔn so, kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tirinwi. Memaa wɔkaa ntam Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nni awadeɛ. 26Mebisaa sɛ, “Ɛnyɛ yei bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so ɔhene to ne ho a, ɛnyɛ yie. Onyankopɔn dɔɔ no, na ɔsii no ɔhene wɔ Israel nyinaa so. Nanso, ɔno mpo ananafoɔ awadeɛ de no kɔɔ bɔne mu. 27Ɛdeɛn na ɛha mo ma modwene sɛ mobɛware ananafoɔ mmaa, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na monni Onyankopɔn nokorɛ?

28Esiane sɛ ɔsɔfopanin Eliasib babarima Yehoiada aware Horonni Sanbalat babaa enti, mepamoo no firii mʼanim.

29Kae wɔn, Ao me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔagu asɔfodwuma, asɔfoɔ ne Lewifoɔ bɔhyɛ ne ntam ho fi.

30Enti, meguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nsa, hwɛɛ sɛ obiara nim nʼadwuma. 31Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔrebukyia so no nso bɛba mmerɛ a ɛsɛ mu, na afei wɔbɛgye otwa a ɛdi ɛkan no mu nnɔbaeɛ de abrɛ asɔfoɔ no.

Kae yei na dom me, Ao me Onyankopɔn.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

尼希米记 13:1-31

与外族人隔离

1那天,有人给民众宣读摩西律法书时,发现书上说亚扪人和摩押人永不可加入上帝的会众。 2因为他们没有用食物和水接待以色列人,还雇巴兰咒诅他们,但我们的上帝将咒诅变为祝福。 3以色列人听到律法书上的话,便逐出所有外族人。

尼希米的改革

4这事之前,被委派负责上帝殿库房的以利亚实祭司因与多比雅是亲戚, 5就为多比雅预备了一个大房间,这房间从前用来存放素祭、乳香、器皿,按律法给利未人、歌乐手、殿门守卫的十分之一五谷、新酒和新油,以及给祭司的举祭。 6这一切发生的时候,我不在耶路撒冷,因为我已在巴比伦亚达薛西三十二年回到王那里。过了一段日子,我向王请求离开。 7我返回耶路撒冷后,才得知以利亚实在上帝殿的院内为多比雅预备房间的恶事。 8我非常愤怒,把多比雅所有的物品从房间里扔出去, 9下令洁净那些房间,然后搬回上帝殿内的器皿、素祭和乳香。

10我发现利未人没有得到应得之份,以致当值的利未人和歌乐手都跑回自己的田地。 11我斥责众首领说:“为何忽略上帝的殿?”然后,我招聚利未人,叫他们各归各职。 12犹大人都把他们的五谷、新酒和新油的十分之一送进库房。 13我派示利米雅祭司、律法教师撒督利未毗大雅管理库房,并派撒刻的儿子、玛他尼的孙子哈难做他们的助手。这些人忠诚可靠,他们负责把物品分配给他们的弟兄。 14我的上帝啊,求你因这事而记念我,不要涂抹我为上帝的殿和其中的敬拜礼仪所做的善事。

15那些天,我在犹大看见有人在安息日榨酒,搬运禾捆驮在驴背上,又在安息日把酒、葡萄、无花果和各样的出产带进耶路撒冷。我就在他们卖食物的那天警告他们。 16一些住在耶路撒冷泰尔人运来鱼和各样货物,在安息日卖给耶路撒冷犹大人。 17我斥责犹大的贵族说:“你们为何做这恶事干犯安息日? 18你们的祖先难道不是犯了这样的罪,以致我们的上帝使一切灾祸临到我们和这城吗?如今你们干犯安息日,使上帝的愤怒更多地临到以色列。”

19我下令在安息日之前夜幕来临时关上耶路撒冷城门,一直到安息日完毕才打开。我又派我的一些仆人把守城门,不准在安息日带货物进城。 20有一两次,商人和贩卖各样货物的曾在耶路撒冷城外住宿。 21我警告他们说:“你们为什么在城墙外面住宿呢?若再这样,我必拘捕你们。”从此,他们就不再在安息日来了。 22我吩咐利未人洁净自己,然后来看守城门,尊安息日为圣日。我的上帝啊,求你因此而记念我,按你丰盛的慈爱怜悯我。

23那些天,我见犹大人娶了亚实突亚扪摩押的女子为妻。 24他们半数的子女说亚实突话或其他外族人的话,不懂得犹大话。 25我就斥责他们,咒诅他们,打了他们其中一些人,又扯他们的头发,要他们奉上帝的名起誓不再让自己的子女与外族人通婚,自己也不娶外族女子。 26我说:“这岂不是以色列所罗门所犯的罪吗?众国中没有王可与他相比,他的上帝爱他,立他做全以色列的王。然而,连他也被外族女子引入罪中。 27我怎能听凭你们行这大恶,因娶外族女子而背叛我们的上帝呢?” 28以利亚实大祭司的孙子、耶何耶大的一个儿子娶了和伦参巴拉的女儿,我就把他赶了出去。 29我的上帝啊,求你记住他们,因为他们玷污了祭司的职分,违背了你与祭司和利未人所立的约。

30这样,我清除了他们当中的一切外族之物,并指定祭司和利未人的职分,使他们各尽其职, 31又让民众定期供应木柴和初熟的物产。

我的上帝啊,求你记念我,施恩于我。