Mateo 1 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 1:1-25

Yesu Kristo Mpanimfoɔ

1Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi:

2Abraham ba ne Isak,

Isak ba ne Yakob;

Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.

3Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn maame ne Tamar.

Peres ba ne Hesron

ɛnna Hesron nso ba ne Ram.

4Ram woo Aminadab;

Aminadab woo Nahson;

Nahson nso woo Salmon.

5Salmon ne ne yere Rahab woo Boas;

Boas ne ne yere Rut woo Obed;

Obed nso woo Yisai.

6Yisai ba ne Ɔhene Dawid.

Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.

7Salomo woo Rehoboam;

Rehoboam woo Abia;

Abia woo Asa.

8Asa woo Yehosafat;

Yehosafat woo Yoram,

Yoram nso woo Usia

9Usia ba ne Yotam;

Yotam ba ne Ahas:

Ahas ba ne Hiskia.

10Hiskia ba ne Manase,

Manase ba ne Amon;

Amon nso ba ne Yosia.

11Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no.

12Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie:

Yekonia woo Sealtiel;

Sealtiel woo Serubabel.

13Serubabel woo Abihud;

Abihud woo Eliakim;

Eliakim nso woo Asor.

14Asor ba ne Sadok;

Sadok ba ne Akim;

Akim ba ne Elihud.

15Elihud ba ne Eleasa;

Eleasa ba ne Matan.

Matan nso ba ne Yakob;

16Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.

17Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Ɛfiri Ɔhene Dawid so de bɛsi ɛberɛ a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awoɔ ntoatoasoɔ yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na ɛfiri ɛberɛ a wɔtu firii Babilon sane baa wɔn ɔman mu bio no de bɛsi Kristo awoɔ so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.

Yesu Awoɔ

18Sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ ho nsɛm teɛ nie: Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wɔbɛhyiam sɛ awarefoɔ no, ɔhunuu sɛ wanyinsɛn deɛ ɛfiri Honhom Kronkron. 19Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a ɔdi ne ho ni no ampɛ sɛ ɔbɛgu Maria anim ase enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgyaa no awadeɛ kɔkoam.

20Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri sɛ, ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron. 21Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu.”

22Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma sɛ: 23“Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel” a aseɛ ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”

24Ɛberɛ a Yosef nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fie ma ɔbɛyɛɛ ne yere. 25Yosef ne Maria anhyia da kɔsii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”

Japanese Contemporary Bible

マタイの福音書 1:1-25

1

イエスの系図

1これは、イエス・キリストの系図です。イエス・キリストはダビデ王の子孫、さらにさかのぼってアブラハムの子孫です。

2アブラハムはイサクの父、イサクはヤコブの父、ヤコブはユダとその兄弟たちの父です。

3ユダはパレスとザラの父〔彼らの母はタマル〕、パレスはエスロンの父、エスロンはアラムの父です。

4アラムはアミナダブの父、アミナダブはナアソンの父、ナアソンはサルモンの父です。

5サルモンはボアズの父〔母はラハブ〕、ボアズはオベデの父〔母はルツ〕、オベデはエッサイの父です。

6エッサイはダビデ王の父、ダビデはソロモンの父〔母はウリヤの妻でした〕です。

7ソロモンはレハブアムの父、レハブアムはアビヤの父、アビヤはアサの父です。

8アサはヨサパテの父、ヨサパテはヨラムの父、ヨラムはウジヤの父です。

9ウジヤはヨタムの父、ヨタムはアハズの父、アハズはヒゼキヤの父です。

10ヒゼキヤはマナセの父、マナセはアモンの父、アモンはヨシヤの父です。

11ヨシヤはエコニヤとその兄弟たちの父です〔彼らは、イスラエルの人たちがバビロンに移住していた時に生まれました〕。

12バビロンに移住してからは、エコニヤはサラテルの父、サラテルはゾロバベルの父です。

13ゾロバベルはアビウデの父、アビウデはエリヤキムの父、エリヤキムはアゾルの父です。

14アゾルはサドクの父、サドクはアキムの父、アキムはエリウデの父です。

15エリウデはエレアザルの父、エレアザルはマタンの父、マタンはヤコブの父です。

16そして、ヤコブはヨセフの父です〔このヨセフが、キリストと呼ばれるイエスの母マリヤの夫となった人です〕。

17こういう次第で、アブラハムからダビデ王までが十四代、ダビデ王からバビロン移住までが十四代、バビロン移住からキリストまでが十四代となります。

約束されていた救い主

18イエス・キリストの誕生は次のとおりです。母マリヤはヨセフと婚約していました。ところが結婚する前に、聖霊によってみごもったのです。 19婚約者のヨセフは、神の教えを堅く守る人でしたから、婚約を破棄しようと決心しました。しかし、人前にマリヤの恥をさらしたくなかったので、ひそかに縁を切ることにしました。

20ヨセフがこのことで悩んでいた時、天使が夢に現れて言いました。「ダビデの子孫ヨセフよ。ためらわないで、マリヤと結婚しなさい。マリヤは聖霊によってみごもったのです。 21彼女は男の子を産みます。その子をイエス(「主は救い」の意)と名づけなさい。この方こそ、ご自分を信じる人々を罪から救ってくださるからです。 22このことはみな、神が預言者(神に託されたことばを語る人)を通して語られた、次のことばが実現するためです。

23『見よ。処女がみごもって、男の子を産む。その子はインマヌエル〔神が私たちと共におられる〕と呼ばれる。』イザヤ7・14

24目が覚めるとヨセフは、天使の命じたとおり、マリヤと結婚しました。 25しかし、その子が生まれるまでは、マリヤに触れませんでした。そして、生まれた子をイエスと名づけました。