Marko 9 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 9:1-50

Yesu Animuonyam Da Adi

1Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!”

2Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu. 3Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no. 4Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ!

5Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.” 6Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa.

7Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.”

8Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho.

9Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu. 10Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaa sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn?

11Afei, nʼasuafoɔ no bisaa no deɛ enti a daa mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Onipa Ba no aba no.

12Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yie. Ɔkaa sɛ, “Ɛnneɛ na adɛn enti na wɔatwerɛ sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane bebree na wɔapo no? 13Nanso me se mo sɛ, Elia aba dada! Na wɔne no anni no yie sɛdeɛ adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm no.”

Yesu Sa Abarimaa Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yadeɛ

14Ɛberɛ a wɔsiane bɛduruu bepɔ no ase hɔ no, wɔhunuu sɛ nnipakuo atwa asuafoɔ a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no regye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ. 15Ɛberɛ a nnipakuo no hunuu Yesu no wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika, bɛhyiaa no.

16Yesu bisaa wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ a na moregye no fa ɛdeɛn ho?”

17Nnipa no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba aba ha sɛ sa no yadeɛ. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so enti, ɔntumi nkasa. 18Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, ɛtwa no hwe fam, ma nʼano twa ahuro, ma ɔtwɛre ne se, ma ɔsensene. Ɛno enti, mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no mfiri ne mu, nanso wɔantumi.”

19Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “O, mo a mo gyidie sua, me ne mo ntena nkɔsi da bɛn ansa na mo gyidie atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”

20Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Ɛberɛ a wɔde no duruu Yesu anim pɛ no, yadeɛ no baa dendeenden, twaa no hwee fam, ma ɔperee ara a nʼano retwa ahuro.

21Yesu bisaa abarimaa no agya sɛ, “Nna ahe ni a yadeɛ yi baa ne so?”

Abarimaa no agya buaa Yesu sɛ, “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ; 22na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.”

23Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama obiara a ɔgye die.”

24Abarimaa no agya buaa sɛ, “Mewɔ gyidie nanso ɛsua, enti boa me, na hyɛ me gyidie mu den!”

25Yesu hunuu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteaa honhommɔne no sɛ, “Honhommɔne sotifoɔ ne mumu, mehyɛ wo sɛ, firi abɔfra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!”

26Afei, yadeɛ no baa dendeenden ansa na ɛrefiri ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufoɔ. Enti, nnipakuo no kasaa huhuhuhu sɛ, “Wawu.” 27Nanso, Yesu sɔɔ ne nsa, pagyaa no ma ɔgyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.

28Yei akyi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nko ara wɔ efie no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn deɛ yɛantumi antu saa honhommɔne no?”

29Yesu buaa wɔn sɛ, “Mpaeɛbɔ nko ara na ɛbɛtumi atu saa yadeɛ yi.”

Yesu Owuo Ho Nkɔmhyɛ

30Yesu firii hɔ no, ɔfaa Galilea, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. 31Na ɔpɛ sɛ ɔnya berɛ ma nʼasuafoɔ no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so, ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.” 32Asuafoɔ no ante asɛm a ɔkaeɛ yi ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ.

Hwan Ne Ɔkɛseɛ?

33Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?” 34Asuafoɔ no antumi ammua ɛfiri sɛ, na wɔredwennwene deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho.

35Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!”

36Afei, ɔde abɔfra ketewa bi bɛgyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abɔfra no kyerɛɛ wɔn kaa sɛ, 37“Mo mu biara a me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ yei no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!”

Deɛ Ɔntia Yɛn No Wɔ Yɛn Afa

38Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne enti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, ɛfiri sɛ, ɔnka yɛn ho.”

39Yesu kaa sɛ, “Monnsi no ɛkwan. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwanwadeɛ wɔ me din mu na ɔbɛtwa ne ho atia me, 40na obiara a ɔntia yɛn no wɔ yɛn afa. 41Obiara a ɛsiane sɛ, moyɛ Kristo dea no enti, ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da.

42“Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me di yi mu bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, ato no atwene ɛpo mu. 43Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode wo onipadua nyinaa bɛto amanehunu ogya 44a ɛnnum da no mu. 45Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode nan mmienu bɛkɔ amanehunu ogya 46a ɛnnum da no mu.” 47Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu ogya mu, 48baabi a

“ ‘ogya no ɛnnum da,

na ɛhɔ asonsono nso nwu da.’

49Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.

50“Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfasoɔ; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti, monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.”

New International Reader’s Version

Mark 9:1-50

1Jesus said to them, “What I’m about to tell you is true. Some who are standing here will not die before they see that God’s kingdom has come with power.”

Jesus’ Appearance Is Changed

2After six days Jesus took Peter, James and John with him. He led them up a high mountain. They were all alone. There in front of them his appearance was changed. 3His clothes became so white they shone. They were whiter than anyone in the world could bleach them. 4Elijah and Moses appeared in front of Jesus and his disciples. The two of them were talking with Jesus.

5Peter said to Jesus, “Rabbi, it is good for us to be here. Let us put up three shelters. One will be for you, one for Moses, and one for Elijah.” 6Peter didn’t really know what to say, because they were so afraid.

7Then a cloud appeared and covered them. A voice came from the cloud. It said, “This is my Son, and I love him. Listen to him!”

8They looked around. Suddenly they no longer saw anyone with them except Jesus.

9They came down the mountain. On the way down, Jesus ordered them not to tell anyone what they had seen. He told them to wait until the Son of Man had risen from the dead. 10So they kept the matter to themselves. But they asked each other what “rising from the dead” meant.

11Then they asked Jesus, “Why do the teachers of the law say that Elijah has to come first?”

12Jesus replied, “That’s right. Elijah does come first. He makes all things new again. So why is it written that the Son of Man must suffer much and not be accepted? 13I tell you, Elijah has come. They have done to him everything they wanted to do. They did it just as it is written about him.”

Jesus Heals a Boy Who Is Controlled by an Evil Spirit

14When Jesus and those who were with him came to the other disciples, they saw a large crowd around them. The teachers of the law were arguing with them. 15When all the people saw Jesus, they were filled with wonder. And they ran to greet him.

16“What are you arguing with them about?” Jesus asked.

17A man in the crowd answered. “Teacher,” he said, “I brought you my son. He is controlled by an evil spirit. Because of this, my son can’t speak anymore. 18When the spirit takes hold of him, it throws him to the ground. He foams at the mouth. He grinds his teeth. And his body becomes stiff. I asked your disciples to drive out the spirit. But they couldn’t do it.”

19“You unbelieving people!” Jesus replied. “How long do I have to stay with you? How long do I have to put up with you? Bring the boy to me.”

20So they brought him. As soon as the spirit saw Jesus, it threw the boy into a fit. He fell to the ground. He rolled around and foamed at the mouth.

21Jesus asked the boy’s father, “How long has he been like this?”

“Since he was a child,” he answered. 22“The spirit has often thrown him into fire or water to kill him. But if you can do anything, take pity on us. Please help us.”

23“ ‘If you can’?” said Jesus. “Everything is possible for the one who believes.”

24Right away the boy’s father cried out, “I do believe! Help me overcome my unbelief!”

25Jesus saw that a crowd was running over to see what was happening. Then he ordered the evil spirit to leave the boy. “You spirit that makes him unable to hear and speak!” he said. “I command you, come out of him. Never enter him again.”

26The spirit screamed. It shook the boy wildly. Then it came out of him. The boy looked so lifeless that many people said, “He’s dead.” 27But Jesus took him by the hand. He lifted the boy to his feet, and the boy stood up.

28Jesus went indoors. Then his disciples asked him in private, “Why couldn’t we drive out the evil spirit?”

29He replied, “This kind can come out only by prayer.”

Jesus Speaks a Second Time About His Coming Death

30They left that place and passed through Galilee. Jesus did not want anyone to know where they were. 31That was because he was teaching his disciples. He said to them, “The Son of Man is going to be handed over to men. They will kill him. After three days he will rise from the dead.” 32But they didn’t understand what he meant. And they were afraid to ask him about it.

Who Is the Most Important Person?

33Jesus and his disciples came to a house in Capernaum. There he asked them, “What were you arguing about on the road?” 34But they kept quiet. On the way, they had argued about which one of them was the most important person.

35Jesus sat down and called for the 12 disciples to come to him. Then he said, “Anyone who wants to be first must be the very last. They must be the servant of everyone.”

36Jesus took a little child and had the child stand among them. Then he took the child in his arms. He said to them, 37“Anyone who welcomes one of these little children in my name welcomes me. And anyone who welcomes me also welcomes the one who sent me.”

Anyone Who Is Not Against Us Is for Us

38“Teacher,” said John, “we saw someone driving out demons in your name. We told him to stop, because he was not one of us.”

39“Do not stop him,” Jesus said. “For no one who does a miracle in my name can in the next moment say anything bad about me. 40Anyone who is not against us is for us. 41What I’m about to tell you is true. Suppose someone gives you a cup of water in my name because you belong to the Messiah. That person will certainly not go without a reward.

Leading People to Sin

42“What if someone leads one of these little ones who believe in me to sin? If they do, it would be better if a large millstone were hung around their neck and they were thrown into the sea. 43-44If your hand causes you to sin, cut it off. It would be better for you to enter God’s kingdom with only one hand than to go into hell with two hands. In hell the fire never goes out. 45-46If your foot causes you to sin, cut it off. It would be better to enter God’s kingdom with only one foot than to have two feet and be thrown into hell. 47If your eye causes you to sin, poke it out. It would be better for you to enter God’s kingdom with only one eye than to have two eyes and be thrown into hell. 48In hell,

“ ‘The worms that eat them do not die.

The fire is not put out.’ (Isaiah 66:24)

49Everyone will be salted with fire.

50“Salt is good. But suppose it loses its saltiness. How can you make it salty again? Have salt among yourselves. And be at peace with each other.”