Marko 13 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 13:1-37

Asɔredan No Sɛeɛ

1Yesu refiri asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no.”

2Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso wɔbɛdwiri saa ɛdan yi agu pasaa.”

3Ɛberɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 4“Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnneɛ bi bɛdi ɛkan aba ansa anaa?”

5Yesu buaa wɔn sɛ, “Monhwɛ yie na obi annaadaa mo. 6Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 7Akokoakoko bɛsisi afanan nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 8Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.

9“Nanso, sɛ yeinom fiti aseɛ sɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Esiane sɛ modi mʼakyi enti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniiɛ; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa ɛberɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. 10Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di ɛkan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba. 11Na sɛ wɔkyere mo de mo bɛgyina asɛnniiɛ a, monnnwene deɛ mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka deɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo deɛ monka.

12“Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn. 13Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa.

14“Enti, sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so. 15Wɔn a wɔwɔ wɔn afie mu no nnwane a wɔnnsane nkɔ efie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfiri hɔ. 16Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntoma wɔ efie. 17Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. 18Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ. 19Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da.

20“Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso, ɛsiane wɔn a wɔayi wɔn no enti, ɔbɛtwa nna no so. 21Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no ni’ a, mommua. 22Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma. 23Monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, maka biribiara akyerɛ mo!

24“Ahohia no akyi no,

“ ‘owia bɛduru sum,

na ɔsrane renhyerɛn,

25na nsoromma bɛtete ahwe,

na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ewiem no.’

26“Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba. 27Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ ewiase afanan nyinaa, firi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.

28“Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn. 29Sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ me ba a mɛsane aba no abɛn. 30Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 31Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

32“Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim. 33Esiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no. 34Me ba no te sɛ ɔbarima bi a ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso sɛ, ɔnwɛn hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛba.

35“Enti, mo nso monwɛn, ɛfiri sɛ, monnim berɛ ko a efiewura no bɛba. Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbɛba anwummerɛ, ɔdasuom, ahemadakye anaa awia. 36Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda. 37Asɛm a mede agya mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn.’ ”

New International Reader’s Version

Mark 13:1-37

When the Temple Will Be Destroyed and the Signs of the End

1Jesus was leaving the temple. One of his disciples said to him, “Look, Teacher! What huge stones! What wonderful buildings!”

2“Do you see these huge buildings?” Jesus asked. “Not one stone here will be left on top of another. Every stone will be thrown down.”

3Jesus was sitting on the Mount of Olives, across from the temple. Peter, James, John and Andrew asked him a question in private. 4“Tell us,” they said. “When will these things happen? And what will be the sign that they are all about to come true?”

5Jesus said to them, “Keep watch! Be careful that no one fools you. 6Many will come in my name. They will claim, ‘I am he.’ They will fool many people. 7You will hear about wars. You will also hear people talking about future wars. Don’t be alarmed. These things must happen. But the end still isn’t here. 8Nation will fight against nation. Kingdom will fight against kingdom. There will be earthquakes in many places. People will go hungry. All these things are the beginning of birth pains.

9“Watch out! You will be handed over to the local courts. You will be whipped in the synagogues. You will stand in front of governors and kings because of me. In that way you will be witnesses to them. 10The good news has to be preached to all nations before the end comes. 11You will be arrested and brought to trial. But don’t worry ahead of time about what you will say. Just say what God brings to your mind at the time. It is not you speaking, but the Holy Spirit.

12“Brothers will hand over brothers to be killed. Fathers will hand over their children. Children will rise up against their parents and have them put to death. 13Everyone will hate you because of me. But the one who remains strong in the faith will be saved.

14“You will see ‘the hated thing that destroys.’ (Daniel 9:27; 11:31; 12:11) It will stand where it does not belong. The reader should understand this. Then those who are in Judea should escape to the mountains. 15No one on the roof should go down into the house to take anything out. 16No one in the field should go back to get their coat. 17How awful it will be in those days for pregnant women! How awful for nursing mothers! 18Pray that this will not happen in winter. 19Those days will be worse than any others from the time God created the world until now. And there will never be any like them again.

20“If the Lord had not cut the time short, no one would live. But because of God’s chosen people, he has shortened it. 21At that time someone may say to you, ‘Look! Here is the Messiah!’ Or, ‘Look! There he is!’ Do not believe it. 22False messiahs and false prophets will appear. They will do signs and miracles. They will try to fool God’s chosen people if possible. 23Keep watch! I have told you everything ahead of time.

24“So in those days there will be terrible suffering. After that, Scripture says,

“ ‘The sun will be darkened.

The moon will not shine.

25The stars will fall from the sky.

The heavenly bodies will be shaken.’ (Isaiah 13:10; 34:4)

26“At that time people will see the Son of Man coming in clouds. He will come with great power and glory. 27He will send his angels. He will gather his chosen people from all four directions. He will bring them from the ends of the earth to the ends of the heavens.

28“Learn a lesson from the fig tree. As soon as its twigs get tender and its leaves come out, you know that summer is near. 29In the same way, when you see these things happening, you know that the end is near. It is right at the door. 30What I’m about to tell you is true. The people living now will certainly not pass away until all those things have happened. 31Heaven and earth will pass away. But my words will never pass away.

The Day and Hour Are Not Known

32“But no one knows about that day or hour. Not even the angels in heaven know. The Son does not know. Only the Father knows. 33Keep watch! Stay awake! You do not know when that time will come. 34It’s like a man going away. He leaves his house and puts his servants in charge. Each one is given a task to do. He tells the one at the door to keep watch.

35“So keep watch! You do not know when the owner of the house will come back. It may be in the evening or at midnight. It may be when the rooster crows or at dawn. 36He may come suddenly. So do not let him find you sleeping. 37What I say to you, I say to everyone. ‘Watch!’ ”