Luka 24 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 24:1-53

Owusɔreɛ

1Kwasiada anɔpahema, mmaa no de nnuhwam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. 2Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ wɔapire ɛboɔ a wɔde hinii ɔboda no ano no afiri hɔ. 3Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no, na Yesu amu no nna hɔ. 4Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn. 5Mmaa yi akoma tuiɛ na wɔkotokotoo wɔn na mmarima no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na morehwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ mu? 6Ɔnni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na ɔwɔ Galilea no sɛ, 7‘Ɛtwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?’ ” 8Mmaa no kaee asɛm no no, 9wɔde ahoɔherɛ firii ɔboda no so bɛkaa deɛ wɔhunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ asuafoɔ dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. 10Mmaa a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi no ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo maame Maria ne afoforɔ bi. 11Wɔn nsɛm a wɔbɛkaeɛ no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi enti, wɔannye anni. 12Ɛwom sɛ nnipa no annye asɛm no anni deɛ, nanso Petro deɛ, ɔtuu mmirika kɔɔ ɔboda no so, koto hwɛɛ mu, hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsane baa efie a na ɔnte deɛ ɔhunuiɛ no ase.

Emaus Ɛkwan So

13Ɛda no ara asuafoɔ no mu baanu siim sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansini nson. 14Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. 15Wɔgu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnyeɛ no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔeɛ. 16Wɔhunuu sɛ obi ka wɔn ho deɛ, nanso wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ Yesu.

17Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ aho mo ho yi?”

18Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no sɛ, “Wo nko ara ne ɔhɔhoɔ a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi hɔ nnansa yi no?”

19Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nsɛm bɛn?”

Wɔbuaa no sɛ, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛeɛ ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, 20ne sɛdeɛ asɔfoɔ mpanin ne yɛn mpanimfoɔ kyeree no de no kɔɔ aban mu sɛ wɔmmu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho. 21Yɛn deɛ, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebɛgye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi siiɛ. 22Na mmaa bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifoɔ sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiri yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, 23nanso wɔanhunu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, Yesu te ase. 24Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛeɛ na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛdeɛ mmaa no kaeɛ no ara pɛ.”

25Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adwenemherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi. 26Wɔanhyɛ ho nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no bɛhunu amane ansa na wakɔ nʼanimuonyam mu anaa?” 27Na ɔfirii Mose ne adiyifoɔ no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Atwerɛsɛm no mu no nyinaa ase.

28Wɔduruu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantuo no so. 29Nanso, wɔsrɛɛ no, sanee no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, na adeɛ reyɛ asa enti, ɔsane ne wɔn kɔɔ efie.

30Ɛberɛ a wɔte adidiiɛ no, Yesu bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase, faa burodo bubuu mu de maa wɔn. 31Amonom, wɔn ani so tetee wɔn maa afei wɔhunuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara, ɔtu yeraeɛ. 32Na afei, wɔsesee wɔn ho wɔn ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn ɛberɛ a na wɔnam ɛkwan so no si fa kaa wɔn akoma no.

33Ntɛm ara, wɔsane wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafoɔ dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. 34Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ, “Ampa ara, Awurade asɔre afiri awufoɔ mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.” 35Baanu a wɔfiri Emaus baeɛ no nso bɔɔ wɔn amaneɛ, sɛdeɛ Yesu bɛtoo wɔn Emaus ɛkwan so na wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno kɔsii ɛberɛ a ɔbubuu burodo mu de maa wɔn no ansa.

Yesu Yi Ne Ho Adi Bio

36Wɔgu so rebɔ amaneɛ no, prɛko pɛ, Yesu bɛpuee hɔ, kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!”

37Wɔn nyinaa bobɔɔ birim, suroeɛ ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. 38Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na mo akoma atutu na monnye nni nso sɛ ɛyɛ me a? 39Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me a! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; ɛfiri sɛ, ɔsaman nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.”

40Ɔkasa wieeɛ no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41Anigyetrasoɔ ne ahodwirie enti, amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mowɔ biribi wɔ ha a mobɛdi anaa?” 42Wɔmaa no apataa sini bi a wɔatoto 43ma ɔgye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.

44Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na me ne mo wɔ hɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifoɔ nwoma ne Nnwom mu no ba mu.”

45Afei, ɔbuee wɔn adwene mu ma wɔtee Atwerɛsɛm a ɛfa ne ho no ase. 46Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane na ɔwu na ne nnansa so, wasɔre afiri awufoɔ mu. 47Na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakyera ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan. 48Mone yeinom nyinaa ho adansefoɔ. 49Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛdeɛ mʼAgya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkɔsi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a ɛfiri ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”

Yesu Sorokɔ

50Yesu ne asuafoɔ no bɔɔ anan kɔduruu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51Ɔgu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. 52Na wɔsɔree no de anigyeɛ sane kɔɔ Yerusalem. 53Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.

New International Reader’s Version

Luke 24:1-53

Jesus Rises From the Dead

1It was very early in the morning on the first day of the week. The women took the spices they had prepared. Then they went to the tomb. 2They found the stone rolled away from it. 3When they entered the tomb, they did not find the body of the Lord Jesus. 4They were wondering about this. Suddenly two men in clothes as bright as lightning stood beside them. 5The women were terrified. They bowed down with their faces to the ground. Then the men said to them, “Why do you look for the living among the dead? 6Jesus is not here! He has risen! Remember how he told you he would rise. It was while he was still with you in Galilee. 7He said, ‘The Son of Man must be handed over to sinful people. He must be nailed to a cross. On the third day he will rise from the dead.’ ” 8Then the women remembered Jesus’ words.

9They came back from the tomb. They told all these things to the 11 apostles and to all the others. 10Mary Magdalene, Joanna, Mary the mother of James, and the others with them were the ones who told the apostles. 11But the apostles did not believe the women. Their words didn’t make any sense to them. 12But Peter got up and ran to the tomb. He bent over and saw the strips of linen lying by themselves. Then he went away, wondering what had happened.

On the Road to Emmaus

13That same day two of Jesus’ followers were going to a village called Emmaus. It was about seven miles from Jerusalem. 14They were talking with each other about everything that had happened. 15As they talked about those things, Jesus himself came up and walked along with them. 16But God kept them from recognizing him.

17Jesus asked them, “What are you talking about as you walk along?”

They stood still, and their faces were sad. 18One of them was named Cleopas. He said to Jesus, “Are you the only person visiting Jerusalem who doesn’t know? Don’t you know about the things that have happened there in the last few days?”

19“What things?” Jesus asked.

“About Jesus of Nazareth,” they replied. “He was a prophet. He was powerful in what he said and did in the sight of God and all the people. 20The chief priests and our rulers handed Jesus over to be sentenced to death. They nailed him to a cross. 21But we had hoped that he was the one who was going to set Israel free. Also, it is the third day since all this happened. 22Some of our women amazed us too. Early this morning they went to the tomb. 23But they didn’t find his body. So they came and told us what they had seen. They saw angels, who said Jesus was alive. 24Then some of our friends went to the tomb. They saw it was empty, just as the women had said. They didn’t see Jesus’ body there.”

25Jesus said to them, “How foolish you are! How long it takes you to believe all that the prophets said! 26Didn’t the Messiah have to suffer these things and then receive his glory?” 27Jesus explained to them what was said about himself in all the Scriptures. He began with Moses and all the Prophets.

28They approached the village where they were going. Jesus kept walking as if he were going farther. 29But they tried hard to keep him from leaving. They said, “Stay with us. It is nearly evening. The day is almost over.” So he went in to stay with them.

30He joined them at the table. Then he took bread and gave thanks. He broke it and began to give it to them. 31Their eyes were opened, and they recognized him. But then he disappeared from their sight. 32They said to each other, “He explained to us what the Scriptures meant. Weren’t we excited as he talked with us on the road?”

33They got up and returned at once to Jerusalem. There they found the 11 disciples and those with them. They were all gathered together. 34They were saying, “It’s true! The Lord has risen! He has appeared to Simon!” 35Then the two of them told what had happened to them on the way. They told how they had recognized Jesus when he broke the bread.

Jesus Appears to the Disciples

36The disciples were still talking about this when Jesus himself suddenly stood among them. He said, “May you have peace!”

37They were surprised and terrified. They thought they were seeing a ghost. 38Jesus said to them, “Why are you troubled? Why do you have doubts in your minds? 39Look at my hands and my feet. It’s really me! Touch me and see. A ghost does not have a body or bones. But you can see that I do.”

40After he said that, he showed them his hands and feet. 41But they still did not believe it. They were amazed and filled with joy. So Jesus asked them, “Do you have anything here to eat?” 42They gave him a piece of cooked fish. 43He took it and ate it in front of them.

44Jesus said to them, “This is what I told you while I was still with you. Everything written about me in the Law of Moses, the Prophets and the Psalms must come true.”

45Then he opened their minds so they could understand the Scriptures. 46He told them, “This is what is written. The Messiah will suffer. He will rise from the dead on the third day. 47His followers will preach in his name. They will tell others to turn away from their sins and be forgiven. People from every nation will hear it, beginning at Jerusalem. 48You have seen these things with your own eyes. 49I am going to send you what my Father has promised. But for now, stay in the city. Stay there until you have received power from heaven.”

Jesus Is Taken Up Into Heaven

50Jesus led his disciples out to the area near Bethany. Then he lifted up his hands and blessed them. 51While he was blessing them, he left them. He was taken up into heaven. 52Then they worshiped him. With great joy, they returned to Jerusalem. 53Every day they went to the temple, praising God.