Luka 13 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 13:1-35

Sakyera Anaasɛ Wu

1Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, Pilato akum Galileafoɔ bi a wɔrebɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn, de wɔn mogya fraa afɔrebɔ no. 2Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ saa Galileafoɔ no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene wɔn a aka no nyinaa enti na wɔkumm wɔn no? 3Dabi, sɛ mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara. 4Anaasɛ mosusu sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kumm wɔn no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a na wɔte Yerusalem no? 5Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.”

6Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi. 7Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba sɛ merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’

8“Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ɛnsi hɔ afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ 9sɛ ebia, ɛbɛso aba bi anaa, na sɛ antumi anso a, ɛnneɛ mɛtwa atwene.’ ”

Yesu Sa Yadeɛ Homeda

10Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no, 11na ɔbaa bi wɔ hɔ a honhommɔne mu yadeɛ bi akyere no mfeɛ dunwɔtwe ama ne mu akoa a ɔntumi ntene ne mu koraa. 12Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den.” 13Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ.

14Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa sɛ, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.”

15Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda? 16Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?”

17Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.

Onyina Aba Ne Mmɔka Ho Ɛbɛ

18Afei, Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no te sɛn? Na ɛdeɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ aseɛ? 19Onyankopɔn Ahennie no te sɛ onyina aba ketewa bi a obi dua wɔ nʼafuo mu na ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ ma ewiem nnomaa kɔnwono wɔn mpirebuo wɔ so.”

20Ɔbisaa bio sɛ, “Ɛdeɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ aseɛ? 21Ɛte sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”

Ɛpono Teateaa No

22Ɛberɛ a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkuro so ne nkuraa ase ansa na ɔreduru hɔ. 23Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no sɛ, “Awurade, nnipa kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa anaa?”

Ɔbuaa no sɛ, 24“Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛpere sɛ wɔbɛwura mu, nanso wɔrentumi. 25Sɛ ɛba sɛ efiewura no ato ɛpono no mu a, mobɛba abɛgyina akyire abɔ mu, aka sɛ, ‘Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.’

“Na ɔno nso abisa mo sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo?’

26“Na mo nso moaka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔno so.’

27“Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’

28“Na sɛ mohunu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahennie no mu na montumi nkɔ hɔ bi a, mode mo nsa bɛgu mo ti atwa agyaadwoɔ. 29Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi. 30Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”

Yesu Twa Yerusalem Ho Agyaadwoɔ

31Saa ɛberɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ, Herode rehwehwɛ wo akum wo.”

32Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ, ‘metu ahonhommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛduru Yerusalem.’ 33Nanso, ɛsɛ sɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem!

34“Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ na wosi wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so. 35Na mo afie bɛdane afituo na morenhunu me kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!’ ”

New International Reader’s Version

Luke 13:1-35

Turn Away From Sin or Die

1Some people who were there at that time told Jesus about certain Galileans. Pilate had mixed their blood with their sacrifices. 2Jesus said, “These people from Galilee suffered greatly. Do you think they were worse sinners than all the other Galileans? 3I tell you, no! But unless you turn away from your sins, you will all die too. 4Or what about the 18 people in Siloam? They died when the tower fell on them. Do you think they were more guilty than all the others living in Jerusalem? 5I tell you, no! But unless you turn away from your sins, you will all die too.”

6Then Jesus told a story. “A man had a fig tree,” he said. “It was growing in his vineyard. When he went to look for fruit on it, he didn’t find any. 7So he went to the man who took care of the vineyard. He said, ‘For three years now I’ve been coming to look for fruit on this fig tree. But I haven’t found any. Cut it down! Why should it use up the soil?’

8“ ‘Sir,’ the man replied, ‘leave it alone for one more year. I’ll dig around it and feed it. 9If it bears fruit next year, fine! If not, then cut it down.’ ”

Jesus Heals a Disabled Woman on the Sabbath Day

10Jesus was teaching in one of the synagogues on a Sabbath day. 11A woman there had been disabled by an evil spirit for 18 years. She was bent over and could not stand up straight. 12Jesus saw her. He asked her to come to him. He said to her, “Woman, you will no longer be disabled. I am about to set you free.” 13Then he put his hands on her. Right away she stood up straight and praised God.

14Jesus had healed the woman on the Sabbath day. This made the synagogue leader angry. He told the people, “There are six days for work. So come and be healed on those days. But do not come on the Sabbath day.”

15The Lord answered him, “You pretenders! Doesn’t each of you go to the barn and untie your ox or donkey on the Sabbath day? Then don’t you lead it out to give it water? 16This woman is a member of Abraham’s family line. But Satan has kept her disabled for 18 long years. Shouldn’t she be set free on the Sabbath day from what was keeping her disabled?”

17When Jesus said this, all those who opposed him were put to shame. But the people were delighted. They loved all the wonderful things he was doing.

The Stories of the Mustard Seed and the Yeast

18Then Jesus asked, “What is God’s kingdom like? What can I compare it to? 19It is like a mustard seed. Someone took the seed and planted it in a garden. It grew and became a tree. The birds sat in its branches.”

20Again he asked, “What can I compare God’s kingdom to? 21It is like yeast that a woman used. She mixed it into 60 pounds of flour. The yeast worked its way all through the dough.”

The Narrow Door

22Then Jesus went through the towns and villages, teaching the people. He was on his way to Jerusalem. 23Someone asked him, “Lord, are only a few people going to be saved?”

He said to them, 24“Try very hard to enter through the narrow door. I tell you, many will try to enter and will not be able to. 25The owner of the house will get up and close the door. Then you will stand outside knocking and begging. You will say, ‘Sir, open the door for us.’

“But he will answer, ‘I don’t know you. And I don’t know where you come from.’

26“Then you will say, ‘We ate and drank with you. You taught in our streets.’

27“But he will reply, ‘I don’t know you. And I don’t know where you come from. Get away from me, all you who do evil!’

28“You will weep and grind your teeth together when you see those who are in God’s kingdom. You will see Abraham, Isaac and Jacob and all the prophets there. But you yourselves will be thrown out. 29People will come from east and west and north and south. They will take their places at the feast in God’s kingdom. 30Then the last will be first. And the first will be last.”

Jesus’ Sadness Over Jerusalem

31At that time some Pharisees came to Jesus. They said to him, “Leave this place. Go somewhere else. Herod wants to kill you.”

32He replied, “Go and tell that fox, ‘I will keep on driving out demons. I will keep on healing people today and tomorrow. And on the third day I will reach my goal.’ 33In any case, I must keep going today and tomorrow and the next day. Certainly no prophet can die outside Jerusalem!

34“Jerusalem! Jerusalem! You kill the prophets and throw stones in order to kill those who are sent to you. Many times I have wanted to gather your people together. I have wanted to be like a hen who gathers her chicks under her wings. And you would not let me. 35Look, your house is left empty. I tell you, you will not see me again until you say, ‘Blessed is the one who comes in the name of the Lord.’ ” (Psalm 118:26)