Kolosefoɔ 1 – ASCB & KJV

Asante Twi Contemporary Bible

Kolosefoɔ 1:1-29

Nkyea

1Krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,

2Yɛde kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifoɔ no:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.

Aseda Ne Mpaeɛbɔ

3Ɛberɛ biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. 4Ɛfiri sɛ, yɛate mo gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefoɔ no. 5Ɛda a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no, monyaa mu anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti, mo gyidie ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidasoɔ a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. 6Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a motee Onyankopɔn adom na mohunuu sɛdeɛ ɛteɛ no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ ewiase afanan nyinaa, na trɛ ara na ɛretrɛ sɛdeɛ mohunu no wɔ mo mu no. 7Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua ɔsomfoɔ a ɔde gyidie yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na mohunuu yei. 8Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.

9Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no. 10Ɛba saa a na mobɛtumi atena ase sɛdeɛ Awurade hwehwɛ na ɛberɛ biara nso, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mobɛdi no, ɛbɛso aba pa na mobɛnyini wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. 11Yɛrebɔ mpaeɛ nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛ ne boasetɔ bɛgyina biribiara ano. 12Momfa ahosɛpɛ nna Agya no a ɛnam ne so enti, moanya deɛ Onyankopɔn akora so ama nʼahotefoɔ a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. 13Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo. 14Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ.

15Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae. 16Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. 17Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. 18Asafo no yɛ ne onipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na onipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu ɛkan. 19Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no wɔ Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu. 20Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne pɛ mu de ewiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.

21Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho enti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfoɔ nso. 22Nanso, ɛnam ne Ba no wuo so enti Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim. 23Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidie mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidasoɔ a monyaa no da a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi enti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfoɔ no.

Paulo Brɛ Asafo No Ho

24Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amaneɛ a merehunu no so retoa Kristo amanehunu a ɔhunuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so. 25Onyankopɔn a mo yiedie enti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no ɔsomfoɔ. Dwumadie no yɛ nʼasɛm no ka, 26a ɛyɛ ahintasɛm a mfeɛ bebree a atwam no, ɔde hintaa adasamma, nanso afei deɛ, wada no adi akyerɛ nʼahotefoɔ. 27Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne animuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufoɔ nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a nʼasekyerɛ ne sɛ, yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn animuonyam no bi.

28Ɛno enti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu. 29Ɛno enti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.

King James Version

Colossians 1:1-29

1Paul, an apostle of Jesus Christ by the will of God, and Timotheus our brother, 2To the saints and faithful brethren in Christ which are at Colosse: Grace be unto you, and peace, from God our Father and the Lord Jesus Christ. 3We give thanks to God and the Father of our Lord Jesus Christ, praying always for you, 4Since we heard of your faith in Christ Jesus, and of the love which ye have to all the saints, 5For the hope which is laid up for you in heaven, whereof ye heard before in the word of the truth of the gospel; 6Which is come unto you, as it is in all the world; and bringeth forth fruit, as it doth also in you, since the day ye heard of it, and knew the grace of God in truth: 7As ye also learned of Epaphras our dear fellowservant, who is for you a faithful minister of Christ; 8Who also declared unto us your love in the Spirit. 9For this cause we also, since the day we heard it, do not cease to pray for you, and to desire that ye might be filled with the knowledge of his will in all wisdom and spiritual understanding; 10That ye might walk worthy of the Lord unto all pleasing, being fruitful in every good work, and increasing in the knowledge of God; 11Strengthened with all might, according to his glorious power, unto all patience and longsuffering with joyfulness; 12Giving thanks unto the Father, which hath made us meet to be partakers of the inheritance of the saints in light: 13Who hath delivered us from the power of darkness, and hath translated us into the kingdom of his dear Son: 14In whom we have redemption through his blood, even the forgiveness of sins: 15Who is the image of the invisible God, the firstborn of every creature: 16For by him were all things created, that are in heaven, and that are in earth, visible and invisible, whether they be thrones, or dominions, or principalities, or powers: all things were created by him, and for him: 17And he is before all things, and by him all things consist. 18And he is the head of the body, the church: who is the beginning, the firstborn from the dead; that in all things he might have the preeminence. 19For it pleased the Father that in him should all fulness dwell; 20And, having made peace through the blood of his cross, by him to reconcile all things unto himself; by him, I say, whether they be things in earth, or things in heaven. 21And you, that were sometime alienated and enemies in your mind by wicked works, yet now hath he reconciled 22In the body of his flesh through death, to present you holy and unblameable and unreproveable in his sight: 23If ye continue in the faith grounded and settled, and be not moved away from the hope of the gospel, which ye have heard, and which was preached to every creature which is under heaven; whereof I Paul am made a minister; 24Who now rejoice in my sufferings for you, and fill up that which is behind of the afflictions of Christ in my flesh for his body’s sake, which is the church: 25Whereof I am made a minister, according to the dispensation of God which is given to me for you, to fulfil the word of God; 26Even the mystery which hath been hid from ages and from generations, but now is made manifest to his saints: 27To whom God would make known what is the riches of the glory of this mystery among the Gentiles; which is Christ in you, the hope of glory: 28Whom we preach, warning every man, and teaching every man in all wisdom; that we may present every man perfect in Christ Jesus: 29Whereunto I also labour, striving according to his working, which worketh in me mightily.