Hiob 33 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 33:1-33

1“Na afei, Hiob, tie me nsɛm;

yɛ aso ma biribiara a mɛka.

2Merebɛbue mʼano;

me nsɛm aba me tɛkrɛma so.

3Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu;

na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim.

4Onyankopɔn Honhom na abɔ me;

Otumfoɔ no ahome ma me nkwa.

5Sɛ wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ;

siesie wo ho, na ka si mʼanim.

6Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim;

me nso wɔbɔɔ me firii dɔteɛ mu.

7Ɛnsɛ sɛ wosuro me,

na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.

8“Nanso woaka ama mate,

metee saa nsɛm no, na wokaa sɛ,

9‘Meyɛ kronn na menni bɔne;

me ho te na afɔdie biara nni me ho.

10Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomsoɔ;

wafa me sɛ ne ɔtamfoɔ.

11Ɔde me nan ahyɛ mpɔkyerɛ mu;

na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’

12“Nanso meka mekyerɛ wo sɛ, yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn so sene ɔdasani.

13Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no

sɛ ɔmmua onipa nsɛm biara anaa?

14Nanso, Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahodoɔ so,

na ebia nnipa nte.

15Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu,

ɛberɛ a nna afa nnipa

na wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so,

16ɔtumi kasa gu wɔn asom

na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,

17sɛ ɔbɛdane onipa afiri nneyɛɛ bɔne ho

na watwe no afiri ahantan ho,

18sɛ ɔmma ne ɔkra nnkɔ amena mu

na ɔnhwere ne nkwa wɔ akofena ano.

19Onyankopɔn tumi de yea twe onipa aso ɛberɛ a ɔda mpa so

na ne nnompe mu yea nnyae da,

20kɔsi sɛ ne kɔn nnɔ aduane

na ne ɔkra nso po aduane a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;

21ɔfɔn yɛ basaa,

na ne nnompe a anka ɛho akata no ho da hɔ.

22Ne ɔkra bɛn damena,

na ne nkwa bɛn owuo abɔfoɔ.

23“Nanso sɛ abɔfoɔ apem no mu baako wɔ nʼafa

sɛ ɔdimafoɔ a ɔbɛkyerɛ no deɛ ɛyɛ ma no a,

24ɔbɛhunu no mmɔbɔ na waka sɛ,

‘Monnyaa no na wankɔ damena mu;

na manya mpatadeɛ ama no,’

25afei ne wedeɛ bɛyɛ foforɔ sɛ abɔfra deɛ,

na asi ne dada mu sɛ mmeranteberɛ mu deɛ.

26Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ,

ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam

na Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni.

27Afei ɔbɛba nnipa mu abɛka sɛ,

‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa deɛ ɛtene,

nanso wantwe mʼaso sɛdeɛ ɛfata me.

28Ɔgyee me ɔkra na wamma no ankɔ damena mu,

enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’

29“Onyankopɔn yɛ yeinom nyinaa ma onipa,

mprɛnu ne ne mprɛnsa so,

30sɛdeɛ onipa kra renkɔ damena mu,

na nkwa hann no ahyerɛn ne so.

31“Yɛ aso, Hiob, na tie me;

yɛ dinn na menkasa.

32Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me;

kasa, na mepɛ sɛ wɔbu wo bem.

33Sɛ ɛnte saa nso a, ɛnneɛ tie me.

Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.”

Het Boek

Job 33:1-33

Elihu wijst Job terecht

1‘Luister alstublieft naar wat ik te zeggen heb, Job.

2Laat mij uitspreken, nu ik eenmaal het woord heb genomen.

3Ik zal in alle oprechtheid de waarheid spreken.

4De Geest van God heeft mij namelijk gemaakt en de adem van de Almachtige geeft mij leven.

5Aarzel niet mij een antwoord te geven als u dat kunt.

6Voor God ben ik volkomen gelijk aan u. Ik ben ook uit de aarde gevormd, net als u.

7U hoeft niet bang voor mij te zijn. Ik ben er niet de man naar u in het nauw te drijven.

8Ik heb u steeds weer horen zeggen:

9“Ik ben rein, ik heb niet gezondigd, ik ben onschuldig.

10En toch heeft God aanmerkingen op mij en beschouwt mij als zijn vijand.

11Hij legt ketens om mijn enkels en kijkt scherp naar elke beweging die ik maak.”

12Juist hierin hebt u ongelijk, dat u op deze wijze over God spreekt. Want God is veel groter dan de mens.

13Waarom klaagt u bij God dat Hij niet antwoordt?

14God spreekt wel degelijk—nu op de ene, dan op de andere wijze—hoewel de mens dat misschien niet opmerkt.

15Bijvoorbeeld in dromen en in nachtelijke visioenen als een diepe slaap komt over mensen die op bed liggen.

16Op zulke ogenblikken opent Hij hun oren en waarschuwt Hij hen

17-18 zodat zij van gedachten veranderen en ervoor zorgen niet trots te worden. Zij worden gewaarschuwd voor de straf op de zonde en leren goed op te letten dat zij niet op een of andere manier omkomen.

19God kan een mens echter ook terechtwijzen door een ziekte, zodat hij met voortdurende pijn in zijn botten in bed moet blijven

20en hij zijn eetlust verliest en zelfs voor het heerlijkste gerecht zijn neus optrekt.

21-22 Hij wordt broodmager en komt steeds dichter bij de afgrond en de machten van de dood.

23-24 Maar als een boodschapper uit de hemel aanwezig is die als voorspraak dient, een uit duizend die het als een vriend voor hem opneemt, dan zal Hij Zich over hem ontfermen en zeggen: “Maak hem vrij, hij zal niet sterven. Er is voor hem een losgeld betaald.”

25Dan zal zijn lichaam weer zo gezond worden als dat van een kind, fris en jeugdig.

26En als hij tot God bidt, zal God naar hem luisteren en hem antwoorden. Hij zal vreugde ervaren als hij het gezicht van de Here weer ziet en zijn rechtvaardigheid weer terugkrijgt.

27Tegen zijn vrienden zal hij later zeggen: “Ik had gezondigd, maar God gaf mij niet de straf die ik had verdiend.

28Hij liet mij niet sterven. Ik zal voortaan leven en veel meer van het licht genieten.”

29Ja, God doet vaak zulke dingen met de mens,

30tweemaal, zelfs driemaal zijn ziel terughalen uit de grafkuil, zodat hij het levenslicht kan blijven genieten.

31Let daar goed op, Job. Luister naar wat ik nog meer te zeggen heb.

32Maar als u nu al iets wilt zeggen, ga uw gang. Want ik zou zo graag willen dat uw onschuld wordt bewezen.

33Maar zo niet, luister dan naar mij. Houdt u stil, terwijl ik u wijsheid leer!’