Hiob 23 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 23:1-17

Hiob Mmuaeɛ

1Na Hiob buaa sɛ,

2“Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so yɛ den;

ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi.

3Sɛ menim baabi a mɛhunu no;

anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a,

4anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim

na magye akyinnyeɛ bebree.

5Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me,

na madwene deɛ ɔbɛka ho.

6Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa?

Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.

7Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim,

na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ.

8“Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ;

sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no.

9Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no;

sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho.

10Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ;

na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ.

11Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;

na manante nʼakwan so a mammane.

12Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho,

mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane.

13“Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no?

Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

14Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me;

ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree.

15Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim;

na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no.

16Onyankopɔn ama mʼakoma aboto;

Otumfoɔ ama mabɔ huboa.

17Nanso esum no mma menka mʼano ntom,

esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Аюб 23:1-17

Ответ Аюба

1Тогда Аюб ответил:

2– Всё ещё горька моя жалоба;

невзирая на мой стон, Его рука тяжела.

3О, если бы я знал, где мне найти Его!

О, если бы я мог войти в жилище Его!

4Я бы дело моё перед Ним изложил

и наполнил уста свои оправданиями.

5Я узнал бы, что Он ответит мне,

я бы понял, что Он мне скажет.

6Разве стал бы Он судиться со мной во всей Своей мощи?

Нет! Он выслушал бы меня Сам.

7Тогда праведник мог бы судиться с Ним,

и я был бы навеки оправдан моим Судьёй.

8Иду ли на восток – Его там нет;

иду ли на запад – не нахожу Его.

9Творит ли Он что на севере – не вижу Его;

повернёт ли к югу – не замечаю.

10Но Ему известен мой путь;

пусть Он испытает меня, я выйду как очищенное золото.

11Я верно держался и хранил Его пути,

не уклоняясь в сторону.

12Не отступал я от повелений Его,

слова Его я хранил в сердце своём.

13Но если Он решил, то кто Ему противостанет?

Он творит, что Ему угодно.

14Исполняет Он Свой приговор против меня,

и много подобного в запасе у Него!

15Потому я и в ужасе перед Ним;

размышляя об этом, страшусь Его.

16Сделал Всевышний моё сердце слабым;

Всемогущий ужасом поразил меня.

17Но тьма и мгла, застилающая мне лицо,

не ввергли меня в безмолвие.