Hiob 17 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 17:1-16

1Me sunsum atɔ piti,

me nna so atwa,

na damena retwɛn me.

2Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia;

ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutupɛ.

3“Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ.

Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ?

4Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;

enti woremma wɔnni nkonim.

5Sɛ obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a,

ne mma ani bɛfira.

6“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,

obi a wɔte ntasuo gu nʼani so.

7Awerɛhoɔ ama mʼani ayɛ samoo

me bɔberɛ nyinaa yɛ sunsumma.

8Ateneneefoɔ hunu me a, ɛyɛ wɔn nwanwa.

Wɔn a wɔdi bem no bɛsɔre atia wɔn a wɔnni nyamesu.

9Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim,

na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden.

10“Mo nyinaa mo nsane mmra mmɛsɔ me nhwɛ!

Na merennya onyansafoɔ wɔ mo mu.

11Me nna atwam, me nhyehyɛeɛ apansam,

saa ara na mʼakoma apɛdeɛ nso ayɛ.

12Saa nnipa yi ma anadwo dane awia;

esum mu koraa no, wɔka sɛ, ‘Hann abɛn,’

13Sɛ efie baako pɛ a mʼani da so ne damena,

sɛ mesɛ me kɛtɛ wɔ esum mu,

14sɛ meka kyerɛ porɔeɛ sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’

na me kyerɛ ɔsonsono sɛ, ‘Me maame’ anaa ‘Me nuabaa’ a,

15na afei mʼanidasoɔ wɔ he?

Hwan na ɔbɛtumi anya anidasoɔ bi ama me?

16Ɛbɛsiane akɔ owuo ɛpono ano anaa?

Yɛn nyinaa bɛsiane akɔ mfuturo mu anaa?”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Аюб 17:1-16

1Надломлен мой дух,

кончаются мои дни,

меня ждёт могила.

2Поистине, рядом со мной насмешники,

вижу, как они издеваются.

3Заступись за меня Сам перед Собой.

Кто другой за меня поручится?

4Ты закрыл разум моих друзей от понимания,

поэтому и не дашь им торжествовать.

5У того, кто друзей оговаривает за плату, –

дети ослабеют глазами.

6Всевышний сделал меня притчей во языцех,

тем, кому люди плюют в лицо.

7Помутились от горя мои глаза,

и всё тело моё стало как тень.

8Ужаснутся этому праведные,

и невинные вознегодуют на безбожников.

9Но своего пути будет держаться праведный,

и тот, чьи руки чисты, будет больше и больше утверждаться.

10Ну, а вы – попробуйте снова!

Я не найду среди вас мудреца.

11Мои дни прошли, надежды разбиты,

желания сердца мертвы,

12а эти люди ночь превращают в день;

«Свет, – говорят они, – тьме сродни».

13Если дом мой – мир мёртвых,

если я во мгле его расстелю постель

14и скажу гробу: «Ты мне отец»,

а червям: «Ты мне мать, ну а ты – сестра»,

15то где же моя надежда?

Кто надежду мою увидит?

16Она сойдёт к воротам мира мёртвых,

вместе со мной ляжет в прах.