Hiob 13 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 13:1-28

1“Mʼani ahunu yeinom nyinaa,

mʼaso ate, na ate aseɛ nso.

2Deɛ wonim no, me nso menim;

wo nsene me.

3Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfoɔ no

na me ne Onyankopɔn toatoa adwene wɔ mʼasɛm ho.

4Mode atorɔ mmom na afɔre me ho;

mo nyinaa moyɛ ayaresafoɔ a mo ho nni mfasoɔ!

5Sɛ mobɛyɛ komm koraa a

ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!

6Afei montie mʼano asɛm;

montie mʼanoyie.

7Mobɛka amumuyɛsɛm ama Onyankopɔn anaa?

Mobɛka nnaadaasɛm ama no anaa?

8Mobɛkyea mo aso ama no?

Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no anaa?

9Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi mo yie anaa?

Mobɛtumi adaadaa no sɛdeɛ modaadaa nnipa no anaa?

10Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kɔkoam a,

sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛka mo anim.

11Nʼanimuonyam mmɔ mo hu anaa?

Ne ho suro nntɔ mo so anaa?

12Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbuo a ɛte sɛ nsõ;

mo anoyie yɛ dɔteɛ.

13“Monyɛ dinn, na menkasa;

na deɛ ɛbɛyɛ me biara mmra me so.

14Adɛn enti na mede me ho to amaneɛ mu

na mede me nkwa to me nsam?

15Ɛwom sɛ ɔkumm me deɛ, nanso ne so na mʼani bɛda;

ampa ara mɛdi mʼakwan ho adanseɛ wɔ nʼanim.

16Nokorɛm, yei na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ,

ɛfiri sɛ deɛ ɔnsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!

17Montie me nsɛm yi yie;

monyɛ aso mma deɛ meka.

18Afei a masiesie me nkurobɔ yi,

menim sɛ mɛdi bem.

19Obi bɛtumi abɔ me kwaadu anaa?

Sɛ ɛte saa deɛ a, anka mɛyɛ komm na mawu.

20“Ao Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma mmienu yi pɛ ma me,

na afei meremfa me ho nsuma wo:

21Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri,

na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.

22Afei samena me na mɛba,

anaa ma menkasa na bua me.

23Mfomsoɔ ne bɔne dodoɔ ahe na mayɛ?

Kyerɛ me me mfomsoɔ ne me bɔne.

24Adɛn enti na wode wʼanim asie me

na wodwene sɛ meyɛ wo ɔtamfoɔ?

25Wobɛyɛ ahahan a mframa rebɔ no ayayadeɛ anaa?

Wobɛtaa ntɛtɛ a awoɔ anaa?

26Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me,

na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so.

27Wode nkyehoma gu me nan;

wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yie

na wode ahyɛnsodeɛ ayeyɛ mʼanammɔn mu.

28“Enti onipa nkwa sa te sɛ biribi a aporɔ,

te sɛ atadeɛ a nweweboa adie.