Hesekiel 6 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 6:1-14

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Israel Mmepɔ

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn, 3na ka sɛ, ‘Ao Israel mmepɔ montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, abon ne mmɔnhwa: Merebɛtwe mo so akofena na masɛe mo sorɔnsorɔmmea. 4Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia ahodoɔ no na wɔasɛe nnuhwam adum; na mɛkunkum mo nkurɔfoɔ wɔ mo ahoni anim. 5Mede Israelfoɔ afunu bɛgugu wɔn ahoni anim, na mede mo nnompe apete mo afɔrebukyia ahodoɔ ho. 6Baabiara a moteɛ no, nkuro no bɛda mpan, na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo afɔrebukyia ahodoɔ no bɛda mpan na ayɛ afo. Mo ahoni bɛbubu na asɛe. Mo nnuhwam adum bɛbubu agu fam, na deɛ moayɛ nso bɛhwere mo. 7Mo nkurɔfoɔ bɛtotɔ wɔ mo mu, na mobɛhunu sɛ me ne Awurade.

8“ ‘Nanso mɛgya mo mu bi, ɛfiri sɛ ebinom bɛdwane akofena ano wɔ ɛberɛ a moahwete wɔ nsase ne amanaman so. 9Na afei wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, wɔn a wɔnyaa wɔn ho firii mu no bɛkae me, sɛdeɛ madi awerɛhoɔ wɔ wɔn awaresɛeɛ akoma a wɔde twee wɔn ho firii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu wɔ bɔne ne akyiwadeɛ a wɔayɛ enti. 10Wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.

11“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteam sɛ, “A!” Esiane Israel efie amumuyɛ ne akyiwadeɛ nyinaa enti, wɔbɛwuwu akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano. 12Ɔyaredɔm bɛkum deɛ ɔwɔ akyirikyiri. Deɛ ɔbɛn no bɛtɔ akofena ano na deɛ ɔbɛfiri mu na waka no, ɛkɔm bɛkum no. Saa na mede mʼabufuhyeɛ bɛyɛ wɔn. 13Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, ɛberɛ a wɔn nkurɔfoɔ a wɔatotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, wɔ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔ atifi nyinaa ne nnua a adendan ne odum frɔmfrɔm ase, mmea mmea a wɔde nnuhwam bɔ afɔdeɛ ma wɔn ahoni nyinaa. 14Afei mɛtene me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afiri anweatam no akɔsi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade.’ ”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Езекиил 6:1-14

Идолопоклонство на горах Исроила

1Было ко мне слово Вечного:

2– Смертный, обрати лицо к горам Исроила; пророчествуй против них 3и скажи: «О горы Исроила, слушайте слово Владыки Вечного. Так говорит Владыка Вечный горам и холмам, ущельям и долинам: Смотрите, Я пошлю против вас меч и разрушу ваши капища на возвышенностях. 4Ваши жертвенники и сосуды для благовоний будут разорены и разбиты, и Я брошу убитых перед вашими идолами. 5Я положу трупы исроильтян перед их идолами и разбросаю ваши кости вокруг ваших жертвенников. 6Где бы вы ни жили, ваши города будут опустошены, а капища на возвышенностях разрушены, чтобы ваши жертвенники были опустошены и разрушены, ваши идолы разбиты и уничтожены, ваши жертвенники для благовоний расколоты и то, что вы делали, было искоренено. 7Среди вас будут падать убитые, и вы узнаете, что Я – Вечный.

8Но некоторых Я пощажу. Некоторые из вас спасутся от меча, когда вы будете рассеяны среди народов и стран. 9И уцелевшие вспомнят Меня среди народов, к которым их отведут в плен, вспомнят, как удручали Меня их распутные сердца, отвернувшиеся от Меня, и их глаза, которые распутно смотрели на идолов. Они станут противны сами себе из-за злодеяний, которые они совершили, и своих омерзительных обычаев. 10И они узнают, что Я – Вечный; Я не впустую грозил наслать на них эту беду.

11Так говорит Владыка Вечный: Хлопни в ладоши, топни ногой и воскликни: „Горе!“ – о гнусных и омерзительных обычаях исроильтян, потому что они будут гибнуть от меча, голода и мора. 12Те, кто далеко, погибнут от мора, те, кто близко, падут от меча, а те, кто уцелеют и будут оставлены в живых, умрут от голода. Так Я изолью на них Свой гнев. 13И они узнают, что Я – Вечный, когда их убитые лягут среди своих идолов вокруг жертвенников, на каждом высоком холме и на всех горных вершинах, под каждым тенистым деревом и каждым ветвистым дубом – там, где они возжигали благовония своим идолам. 14А Я подниму на них Свою руку и превращу страну в разорённую пустошь от пустыни до Дивлы6:14 Или: «Ривлы» – везде, где они живут. Тогда они узнают, что Я – Вечный».