Hesekiel 10 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 10:1-22

Animuonyam Firi Asɔredan No So

1Mehwɛeɛ, na mehunuu biribi te sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa a ɛhoho ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim apampam no so. 2Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Kɔhyɛ ntwahonan a ɛwɔ Kerubim ase no mu. Fa egyasramma nsabuo firi Kerubim no mu na to pete kuropɔn no so.” Megu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.

3Afei na Kerubim no gyinagyina asɔredan no anafoɔ fam ɛberɛ a ɔbarima no kɔhyɛnee mu no, na omununkum kɔhyɛɛ emu fam adihɔ hɔ ma. 4Na Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii Kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no aboboano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma na Awurade animuonyam hyerɛn yɛɛ adihɔ hɔ ma. 5Kerubim ntaban no nnyegyeeɛ no, na wɔte wɔ mfikyire fam adihɔ hɔ te sɛ Otumfoɔ Onyankopɔn nne, ɛberɛ a ɔrekasa.

6Ɛberɛ a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Yi egyasramma firi ntwahonan no mu, firi Kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kɔgyinaa ntwahonan no baako ho. 7Afei, Kerubim no mu baako tenee ne nsa hyɛɛ egyasramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no nsam, na ɔno nso gyeeɛ de firii adi. 8(Na wɔhunu biribi te sɛ onipa nsa wɔ Kerubim no ntaban ase.)

9Mehwɛeɛ, na mehunuu ntwahonan ɛnan a baako biara gyina Kerubim nkyɛn, na ntwahonan no pa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ. 10Sɛdeɛ ɛteɛ no deɛ, na ntwahonan no nyinaa sesɛ; ebiara wɔ ntwahonan foforɔ hyɛ mu. 11Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ deɛ Kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ. Ntwahonan no nnane wɔn ho ɛberɛ a Kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee deɛ etire no anim kyerɛ a ɔnnane ne ho. 12Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ. 13Metee sɛ wɔrefrɛ ntwahonan no, “kyinhyia ntwahonan.” 14Kerubim no mu biara wɔ anim ɛnan. Anim baako te sɛ kerub, deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ onipa anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa te sɛ gyata anim, deɛ ɛtɔ so ɛnan te sɛ ɔkɔdeɛ anim.

15Afei, Kerubim no pagyaa wɔn ho. Yeinom na na wɔyɛ ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no. 16Sɛ Kerubim no keka wɔn ho a, ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ Kerubim no trɛtrɛ wɔn ntaban mu pagya wɔn ho kɔ ewiem a, ntwahonan no ka wɔn ho ara. 17Sɛ Kerubim no gyinagyina dinn a, ntwahonan no nso gyinagyina dinn, na sɛ Kerubim no pagya wɔn ho a, wɔne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ, ateasefoɔ no honhom wɔ wɔn mu.

18Afei, Awurade animuonyam no firii asɔredan no aboboano na ɛkɔgyinaa Kerubim no atifi. 19Merehwɛ no, Kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu pagyaa wɔn ho firii fam na ntwahonan no ne wɔn kɔɔeɛ. Wɔkɔgyinaa Awurade efie ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.

20Yeinom ne ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Israel Onyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na medwene hunuiɛ sɛ wɔyɛ Kerubim. 21Wɔn mu biara wɔ animu ɛnan ne ataban ɛnan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase. 22Wɔn nyinaa animu te sɛ deɛ na mahunu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.

New International Reader’s Version

Ezekiel 10:1-22

The Glory of the Lord Moves Out of the Temple

1I looked up and saw something that appeared to be a throne made out of lapis lazuli. It was above the huge space that was spread out over the heads of the cherubim. 2The Lord spoke to the man who was wearing linen clothes. He said, “Go in among the wheels beneath the cherubim. Fill your hands with burning coals from the fire that is among the cherubim. Scatter the coals over the city.” As I watched, he went in.

3The cherubim were standing on the south side of the temple when the man went in. A cloud filled the inner courtyard. 4Then the glory of the Lord rose from above the cherubim. It moved to the doorway of the temple. The cloud filled the temple. And the courtyard was full of the brightness of the glory of the Lord. 5The sound the wings of the cherubim made could be heard as far away as the outer courtyard. It was like the voice of the Mighty God when he speaks.

6The Lord gave a command to the man who was dressed in linen clothes. He said, “Get some coals of fire from among the wheels. Take them from among the cherubim.” So the man went in and stood beside a wheel. 7Then one of the cherubim reached out his hand. He picked up some of the burning coals that were among the wheels. He handed them to the man who was wearing linen clothes. The man took them and left. 8I saw what looked like human hands. They were under the wings of the cherubim.

9I looked up and saw four wheels beside the cherubim. One wheel was beside each of them. The wheels gleamed like topaz. 10All four of them looked alike. Each wheel appeared to be inside another wheel at right angles. 11The wheels could go in any one of the four directions the cherubim faced. The wheels didn’t change their direction as the cherubim moved. The cherubim went in the direction their heads faced. They didn’t change their direction as they moved. 12Their whole bodies were completely covered with eyes. That included their backs, hands and wings. Their four wheels were covered with eyes too. 13I heard someone tell the wheels to start spinning around. 14Each of the cherubim had four faces. One face was the face of a cherub. The second was the face of a human being. The third was the face of a lion. And the fourth was an eagle’s face.

15The cherubim rose from the ground. They were the same living creatures I had seen by the Kebar River. 16When the cherubim moved, the wheels beside them moved. The cherubim spread their wings to rise from the ground. As they did, the wheels didn’t leave their side. 17When the cherubim stood still, the wheels also stood still. When the cherubim rose, the wheels rose along with them. That’s because the spirits of the living creatures were in the wheels.

18Then the glory of the Lord moved away from the doorway of the temple. It stopped above the cherubim. 19While I watched, they spread their wings. They rose from the ground. As they went, the wheels went along with them. They stopped at the entrance of the east gate of the Lord’s house. And the glory of the God of Israel was above them.

20These were the same living creatures I had seen by the Kebar River. I had seen them beneath the God of Israel. I realized that they were cherubim. 21Each one had four faces and four wings. Under their wings was what looked like human hands. 22Their faces looked the same as the ones I had seen by the Kebar River. Each of the cherubim went straight ahead.