Hebrifoɔ 12 – ASCB & NCA

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 12:1-29

Yɛn Agya Nyankopɔn

1Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansie a ɛda yɛn anim no. 2Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so. 3Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno enti mommpa aba. 4Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu.

Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn

5Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ,

“Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,

na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba.

6Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.”

7Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da? 8Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. 9Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase? 10Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte. 11Sɛ wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ ho saa ɛberɛ no mu, na yɛn ani nnye. Na akyire no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, wɔnya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu.

12Montenetene nsa ne nkotodwe a emu agogo no mu. 13Monsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafoɔ, na mmom, wɔasa wɔn yadeɛ.

14Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade. 15Monhwɛ yie na mo mu bi annane nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ sɛ afifideɛ a ɛyɛ nwono a ɛnyini ma ne bɔnwoma no ha afoforɔ. 16Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ odwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no. 17Na afei ɛduruu ɛberɛ bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisuo peree sɛ wanya adwensakyera deɛ, nanso anyɛ yie.

Onyankopɔn Animuonyam

18Monhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhoɔ, esum ne ahum sɛdeɛ Israelfoɔ no hyiaa Sinai Bepɔ no so ɛberɛ a Onyankopɔn de ne mmara no maeɛ no. 19Ɛfiri sɛ, na wɔrebɔ totorobɛnto dendeenden a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyae kasa, 20ɛfiri sɛ, na wɔntumi nni mmara a na ɛka sɛ, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ kum no” no so. 21Na beaeɛ hɔ yɛ hu ara kɔsii sɛ Mose kaa sɛ. “Mesuro, na me ho popo.”

22Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem wɔ mu no mu. 23Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa ɔtemmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. 24Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho.

25Monhwɛ mo ho so yie na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie deɛ ɔkasa firii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane afiri deɛ ɔkasa firi ɔsoro no ho? 26Ne nne wosoo asase saa ɛberɛ no, nanso seesei wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsane awoso no, na mɛwoso soro nso bio saa ara.” 27Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwoso nneɛma a wɔbɔeɛ no na atutu afiri wɔn ananmu na nneɛma a wɔntumi nwoso no aka.

28Momma yɛnna so ase, ɛfiri sɛ, yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ anidie ne suro so nsom no, 29ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn yɛ ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.

New Chhattisgarhi Translation (नवां नियम छत्तीसगढ़ी)

इबरानीमन 12:1-29

परमेसर अपन संतान के ताड़ना करथे

1एकरसेति, जब हमर चारों कोति अइसने बहुंते गवाह हवंय, त आवव, हमन हर ओ बाधा देवइया चीज अऊ फंसा लेवइया पाप ले दूरिहा रहन अऊ ओ दऊड़ ला मन लगाके दऊड़न, जऊन ह हमर आघू म रखे हवय। 2आवव, हमन यीसू कोति अपन धियान लगाय रखन, जऊन ह सुरू ले लेके आखिरी तक हमर बिसवास के आधार ए अऊ जऊन ह अपन आघू म रखे आनंद खातिर कुरुस के मिरतू ला सहिस। ओह एकर दुवारा बेजत्ती होय के चिंता नइं करिस अऊ परमेसर के सिंघासन के जेवनी हांथ कोति बईठ गीस। 3एकरसेति, यीसू ऊपर अपन मन लगावव, जऊन ह पापी मनखेमन ले अइसने बिरोध सहिस, ताकि तुमन निरास झन होवव अऊ हिम्मत झन हारव।

4पाप के बिरूद्ध लड़ई म, तुमन अभी तक ओ जगह म नइं आय हवव, जिहां तुमन ला अपन खून बहाना पड़े हवय। 5अऊ तुमन उत्साह के ओ बचन ला भुला गे हवव, जऊन म परमेसर ह तुमन ला बेटा सहीं कहिथे:

“हे मोर बेटा, परभू के ताड़ना ला हल्‍का झन समझ,

अऊ जब ओह तोला दबकारथे, त हिम्मत झन हार,

6काबरकि परभू ह ओमन के ताड़ना करथे, जऊन मन ला ओह मया करथे,

अऊ ओह हर ओ मनखे ला दंड देथे, जऊन ला ओह बेटा बना लेथे।”

7दुःख-तकलीफ ला ताड़ना समझके सह लेवव; परमेसर ह तुमन ला अपन बेटा जानके तुम्‍हर संग बरताव करत हवय। काबरकि का अइसने कोनो बेटा हवय, जेकर ताड़ना ओकर ददा ह नइं करय? 8हर एक झन के ताड़ना होथे, पर कहूं तुम्‍हर ताड़ना नइं होईस, त तुमन नजायज संतान अव, अऊ सही के बेटा नो हव। 9हमन के हर एक के सारीरिक ददा हवंय, जऊन मन हमर ताड़ना करथें अऊ हमन एकर खातिर ओमन के आदर करथन। तब हमन ला हमर आतमा के ददा के अधीन, अऊ जादा रहना चाही ताकि हमन जीयत रहन। 10हमर ददामन थोरकन समय बर हमर ताड़ना करथें, जइसने ओमन उचित समझथें; पर परमेसर ह हमर भलई बर ताड़ना करथे ताकि हमन ओकर पबितरता म भागीदार होवन। 11ओतकीच बेरा, कोनो घलो किसम के ताड़ना बने नइं लगय, पर पीरा देथे। पर बाद म, एह ओमन के जिनगी म धरमीपन अऊ सांति के फर लाथे, जऊन मन ए ताड़ना म ले होके गुजर चुके होथें।

12एकरसेति, अपन कमजोर हांथ अऊ कमजोर माड़ी मन ला मजबूत करव। 13अपन गोड़ खातिर डहारमन ला समतल करव, ताकि खोरवा ह अपंग झन होवय, पर ओह चंगा हो जावय।

ओमन के बिरोध म चेतउनी, जऊन मन परमेसर ला इनकार करथें

14जम्मो मनखेमन संग सांति ले रहे के पूरा कोसिस करव अऊ पबितर बने बर घलो पूरा कोसिस करव, काबरकि बिगर पबितरता के, कोनो परभू ला नइं देख सकय। 15एकर धियान रखव कि हर एक झन ला परमेसर के अनुग्रह मिलय अऊ ओमन म कोनो किसम के कड़वाहट झन पनपे, जऊन ह समस्या खड़े करथे अऊ बहुंते झन ला असुध करथे। 16एकर घलो धियान रखव कि कोनो छिनारी झन करय या एसाव के सहीं भक्तिहीन झन होवय, जऊन ह एक बखत के भोजन खातिर अपन पहिलांत के अधिकार ला बेंच दीस। 17जइसने कि तुमन जानत हव, बाद म, जब ओह ए आसिस ला पाय चाहिस, त ओला नइं मिलिस। हालाकि ओह रो-रोके ओ आसिस ला पाय के कोसिस करिस, पर ओकर करा अपन ददा के मन ला बदले के अऊ कोनो आने उपाय नइं रिहिस।

18तुमन अब तक ओ जगह म नइं आय हवव अऊ अनुभव नइं करे हवव जइसने इसरायलीमन सीनै पहाड़ म अनुभव करे रिहिन, जिहां आगी बरत रिहिस; अंधियार, धुंधलापन अऊ आंधी-तूफान रिहिस; 19अऊ जिहां तुरही के अवाज अऊ एक झन के अइसने गोठियाय के अवाज आवत रिहिस, जऊन ला सुनके मनखेमन बिनती करे लगिन कि ओमन ले अऊ कोनो बात झन कहे जावय 20काबरकि ओमन ओ हुकूम ले घबरा गीन, जेम ए कहे गे रिहिस, “अऊ त अऊ कहूं कोनो पसु घलो पहाड़ ला छुवय, त ओला पत्थरवाह करके मार डारे जावय।”12:20 निरगमन 19:12, 13 21ओ दरसन ह अइसने भयानक रिहिस कि मूसा ह कहिस, “मेंह डर के मारे कांपत हवंव।”

22पर तुमन सियोन पहाड़, जीयत परमेसर के सहर, स्वरगीय यरूसलेम करा आ गे हवव। तुमन हजारों-हजार स्वरगदूतमन के संग आनंद के सभा, 23अऊ पहिलांतमन के कलीसिया म आय हवव, जेमन के नांव स्‍वरग म लिखे गे हवय। तुमन परमेसर करा आय हवव, जऊन ह जम्मो मनखेमन के नियाय करथे, अऊ तुमन ओ धरमीमन के आतमामन करा आ गे हवव, जऊन मन सिद्ध बनाय गे हवंय। 24तुमन यीसू करा आ गे हवव, जऊन ह एक नवां करार के मध्यस्‍थ ए अऊ तुमन ओ छिड़काय लहू करा आ गे हवव, जऊन ह हाबिल के लहू ले घलो अऊ उत्तम बात कहिथे।

25ए बात ला धियान देवव कि जऊन ह गोठियाथे, ओकर बात ला सुनव। काबरकि ओ मनखेमन बच नइं सकिन, जऊन मन ओकर बात ला नइं सुनिन, जऊन ह धरती म ओमन ला चेतउनी देवत रिहिस, त फेर हमन कइसने बच सकबो, कहूं हमन ओकर बात ला नइं सुनन, जऊन ह हमन ला स्‍वरग ले चेतउनी देथे? 26ओ समय ओकर अवाज ह धरती ला कंपा दीस, पर अब ओह ए वायदा करे हवय, “एक बार फेर, मेंह सिरिप धरती ला ही नइं, पर अकासमन ला घलो हलाहूं।”12:26 हाग्गै 2:6 27ए सबद “एक बार फेर” ए बात ला बताथे कि जऊन चीजमन हलाय जा सकथें, ओमन ला हटाय जाही, काबरकि एमन सिरजे गय चीज अंय, ताकि जऊन चीजमन हलाय नइं जा सकंय, ओमन अटल बने रहंय।

28एकरसेति, जब हमन ला एक अइसने राज मिलत हवय, जऊन ला हलाय नइं जा सकय; त आवव, हमन धनबाद देवन, अऊ आदर अऊ भय के संग परमेसर के अइसने अराधना करन, जेकर ले ओह खुस होवय, 29काबरकि हमर परमेसर ह एक भसम करइया आगी अय।