Hagai 1 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hagai 1:1-15

Asɔredan Sie Ho Nkaebɔ

1Ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi ɛkan wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade nam Odiyifoɔ Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua. 2Asɛm a Asafo Awurade ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi Awurade fie no.’ ”

3Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifoɔ Hagai so: 4“Saa ɛberɛ yi a me fie yi abubuo yi, ɛna mo deɛ motete mo afie a wɔaduradura mu yi anaa?”

5Asɛm a, Asafo Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie. 6Moduaa bebree, nanso motwaa kakraa bi. Modidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntadeɛ, nanso ɛnka mo hye. Monya akatua, na mode gu sikabɔtɔ a wɔatuetue mu ntokuro mu.”

7Asɛm a Otumfoɔ Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie. 8Afei, momforo nkɔ nkokoɔ no atifi, na momfa nnua mmra mmɛsi me fie no. Na mʼani bɛgye ho, na wɔahyɛ me animuonyam.” Saa na Awurade ka. 9“Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mehu guiɛ. Ɛdeɛn ntira?” Ɛfiri sɛ, “me fie abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “ɛberɛ a mo ani abere resisi mo afie. 10Mo enti na ɔsoro akyere ɛbɔ agyina, na asase nso akyere mo mfudeɛ. 11Mahyɛ ɔpɛ sɛ ɛnsi mo mfuo ne nkokoɔ so; ɔpɛ a ɛbɛhye mo atokoɔ ne mo bobe ne mo ngo dua ne mo mfudeɛ, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ɛbɛsi mo ne mo anantwie mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”

Nkaebɔ No So Die

12Ɛnna Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no tiee asɛm a ɛfiri Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Odiyifoɔ Hagai a Awurade, wɔn Onyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade. 13Na Hagai, Awurade somafoɔ no, de saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn maa nkurɔfoɔ no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade seɛ. 14Ɛno enti, Awurade kanyanee Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no nyinaa. Wɔbɛhyɛɛ wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Onyankopɔn, fie no ase, 15wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

哈该书 1:1-15

耶和华命令百姓重建圣殿

1大流士王执政第二年六月一日,耶和华借着先知哈该撒拉铁的儿子犹大省长所罗巴伯约撒答的儿子大祭司约书亚说:

2“万军之耶和华说,‘这些百姓说,重建耶和华殿的时候还没到。’” 3因此,耶和华对先知哈该说: 4“这殿还是一片废墟,你们却住在华丽的房子里。 5万军之耶和华说,你们要认真反省自己的行为。 6你们种多收少,吃不饱,喝不足,穿不暖,挣来的工钱却放在漏口袋中。”

7万军之耶和华说:“你们要认真反省自己的行为。 8你们要上山伐木,重建这殿,好让我欢喜并得到尊崇。这是耶和华说的。 9你们盼望丰收,结果收的很少;你们把收成带回家,我却把它们吹走。这是什么缘故?万军之耶和华告诉你们,‘因为你们都忙于建自家的房子,任由我的殿一片废墟。 10所以,天不降雨露,地无出产。 11我让旱灾临到大地、群山、五谷、葡萄、橄榄等地里的出产以及人畜,使你们一切的劳碌付诸东流。’”

12撒拉铁的儿子犹大省长所罗巴伯约撒答的儿子大祭司约书亚和所有的余民1:12 余民”指“从流亡之地归回的人”。听到他们的上帝耶和华借先知哈该所讲的话,都顺服耶和华的话。百姓都敬畏耶和华。 13耶和华的使者哈该向百姓传达耶和华的话,说:“耶和华说,‘我与你们同在。’” 14耶和华感动撒拉铁的儿子犹大省长所罗巴伯约撒答的儿子大祭司约书亚和所有的余民,他们就动工建造他们的上帝万军之耶和华的殿, 15时值大流士王执政第二年六月二十四日。