Habakuk 3 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Habakuk 3:1-19

Habakuk Mpaeɛbɔ

1Saa mpaeɛbɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:

2Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa,

na me ho adwiri me wɔ wʼanwanwannwuma a woayɛ ho,

Yɛ no foforɔ wɔ yɛn mmerɛ so.

Yɛn mmerɛ yi mu, ma wɔnhunu.

Wʼabofuhyeɛ mu no, kae wo mmɔborɔhunu.

3Onyankopɔn firi Teman baeɛ,

Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so,

Nʼanimuonyam kata ɔsoro,

na nʼayɛyie hyɛ asase so ma.

4Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia.

Ɛhan no twa ogya firi ne nsam,

Ɛhɔ na ne tumi ahinta.

5Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ;

Na nsaneyadeɛ di nʼakyi pɛɛ.

6Sɛ ɔgyina a, asase woso.

Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso.

Tete mmepɔ dwiri,

na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so.

Nʼakwan nntwa mu da.

7Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛ

ne Midianfoɔ3.7 Kusan…Midian—Wɔyɛ Arabia mmusuakuo. Awerɛhoɔ…ahoyera—Ɛberɛ a wɔyii Israelfoɔ firii Misraim nkoasom mu no, nnipa a wɔbemmɛn wɔn no bɔɔ hu. (2 Mose 15.14-16; Yos 2.9-10). atenaeɛ a agyigya.

8Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no?

Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no?

Wosɔre tiaa ɛpo,

ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ

ne nkonimdie nteaseɛnam nam.

9Woyii wo tadua,

Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree.

Wode nsubɔntene paapae asase mu.

10Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ

Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ.

Ebunu no woro so,

na ɛhuru baa soro.

11Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ,

ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann no

ne wo pea a ɛpa nyinam nyinam no.

12Wʼabufuhyeɛ mu no, wonante twaa asase so

na wode abufuo tiatiaa aman no so.

13Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ,

na woagye deɛ wɔasra no no nkwa.

Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ,

wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase.

14Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu,

ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu.

Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre

mmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa.

15Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu,

ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ.

16Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ,

nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri;

aporɔ hyɛnee me nnompe mu,

na me nan wosoeɛ.

Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ

amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no.

17Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,

na aba nso nni bobe no so;

ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ

na mfuo no mmɔ aduane.

Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu,

na anantwie nso nni ban no mu.

18Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu;

me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a

ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.

19Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden.

Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ,

ɔma me nante sorɔnsorɔmmea.

Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

哈巴谷书 3:1-19

哈巴谷的祷告

1以下是哈巴谷先知的祷告,采用流离调3:1 流离调是希伯来诗歌的一种曲调。

2耶和华啊,我听过你的威名;

耶和华啊,我对你的作为充满敬畏。

求你如今再次彰显你的作为,

求你发怒的时候仍以怜悯为念。

3上帝从提幔来,

圣者从巴兰山来。(细拉)

祂的荣耀遮蔽诸天,

颂赞祂的声音响彻大地。

4祂的荣光犹如太阳的光辉,

祂的手射出光芒,

其中蕴藏着大能。

5瘟疫行在祂前面,

灾病跟在祂脚后。

6祂停下,大地就震动;

祂观看,万民就战栗。

古老的山岳崩裂,

远古的丘陵塌陷,

但祂的作为永远不变。

7我看见古珊的帐篷遭难,

米甸人的幔子颤抖。

8耶和华啊,你是向江河发怒吗?

你乘着得胜的战车而来,

是向江河生气吗?

是向海洋发怒吗?

9你拿出弓,要射出许多箭羽。(细拉)

你以江河分开大地。

10群山看见你就战栗,

大雨倾盆,

深渊翻腾,波浪滔天。

11你射出的箭闪闪发光,

你的枪熠熠生辉,

以致日月都停在天上。

12你怀着烈怒走遍大地,

践踏万国。

13你出来是为了拯救你的子民,

拯救你膏立的王。

你打垮邪恶之人的首领,

从头到脚彻底毁灭他们。(细拉)

14他们的军队如旋风而至,

要驱散我们,

他们以暗中吞噬贫民为乐,

但你用他们的矛刺透他们的头颅。

15你骑马践踏汹涌的大海。

16我听到这些,

就胆战心惊,嘴唇哆嗦,

四肢无力,双腿发抖。

但我仍要静候灾难临到入侵者的日子。

17即使无花果树不发芽,

葡萄树不结果,

橄榄树无收成,

田地不产粮,

圈里没有羊,

棚里没有牛,

18我仍要因耶和华而欢欣,

因拯救我的上帝而喜乐。

19主耶和华是我的力量,

祂使我的脚如母鹿的蹄,

稳行在高处。

这首歌交给乐长,用弦乐器伴奏。