Galatifoɔ 5 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Galatifoɔ 5:1-26

Ahofadie Wɔ Kristo Mu

1Ahofadie enti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Monnyina pintinn. Mommma ho ɛkwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio.

2Montie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo sɛ, sɛ moma ho ɛkwan ma wɔtwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfasoɔ biara amma mo koraa. 3Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho ɛkwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so. 4Mo a mopɛ sɛ wɔde Mmara no bu mo bem no ate mo ho afiri Kristo ho. Adom no nni mo so bio. 5Nanso yɛfiri gyidie mu nam Honhom no so twɛne tenenee a yɛn ani da soɔ no. 6Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ ho nni mfasoɔ. Deɛ ɛho hia ne gyidie a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.

7Na anka moresi mmirikakan no yie! Na hwan na ɔtwintwanee mo anan mu ma mogyaee nokorɛ no tie? 8Saa nnaadaa no mfiri deɛ ɔfrɛ mo no. 9“Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.” 10Mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ morennwene adwene foforɔ bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wɔbɛtua ne so ka. 11Anuanom, sɛ megu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn enti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokorɛ a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛnneɛ na anka asɛnnua no ho suntidua biara nni hɔ bio. 12Sɛ ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔha mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho.

13Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi mmɔ ɛkwan mma bɔne; mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. 14Ɛfiri sɛ, Mmara no nyinaa tiawatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 15Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛe mo ho mo ho.

Honhom Mu Asetena

16Na mese, montena ase wɔ Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan. 17Ɛfiri sɛ, deɛ honam pɛ no tia deɛ Honhom no pɛ; saa ara nso na deɛ Honhom no pɛ no, honam no tia. Ne mmienu no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ deɛ mopɛ. 18Sɛ mo nante Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.

19Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie, 20abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, apereapereɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu, 21nitan, nsãborɔ, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no sɛ, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.

22Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie, 23ɔdwoɔ ne ahohyɛsoɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom. 24Na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu. 25Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnante Honhom mu. 26Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuo, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Galatifo 5:1-26

Ahofadi Wɔ Kristo Mu

1Ahofadi nti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Munnyina pintinn. Mommma ho kwan mma wɔmmfa mo nyɛ nkoa bio.

2Muntie! Me Paulo, meka kyerɛ mo se, sɛ moma ho kwan ma wotwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo so amma mfaso biara amma mo koraa. 3Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho kwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ odi mmara no nyinaa so. 4Mo a mopɛ sɛ wɔde mmara no bu mo bem no atew mo ho afi Kristo ho. Adom no nni mo so bio. 5Nanso yefi gyidi mu nam Honhom no so twɛn trenee a yɛn ani da so no. 6Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ so nni mfaso. Nea ɛho hia ne gyidi a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.

7Na anka moresi mmirikakan no yiye! Na hena na otwintwan mo anan mu ma mugyaee nokware no tie? 8Saa nnaadaa no mfi nea ɔfrɛ mo no. 9“Mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.” 10Mewɔ anidaso wɔ Awurade mu sɛ morennwen adwene foforo bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wobetua ne so ka. 11Anuanom, sɛ migu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn nti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokware a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asennua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛno de, na anka asennua no ho hintidua biara nni hɔ bio. 12Sɛ ɛkaa me nko a anka wɔn a wɔhaw mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho.

13Me nuanom, mo de, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso mommma saa ahofadi yi mmɔ ɔkwan mma bɔne; mmom momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. 14Efisɛ Mmara no nyinaa tiaatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 15Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛno de monhwɛ yiye na moansɛe mo ho mo ho.

Honhom Mu Asetena

16Na mise montena ase wɔ Honhom mu, na moremma ɔhonam akɔnnɔ ho kwan. 17Efisɛ nea ɔhonam pɛ no tia nea Honhom no pɛ; saa ara nso na nea Honhom no pɛ no, ɔhonam no tia. Nʼabien no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ nea mopɛ. 18Sɛ monantew Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.

19Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi, 20abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu, 21nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.

22Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, 23odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni hɔ a etia eyinom. 24Na wɔn a wɔyɛ Kristo de no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asennua mu. 25Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnantew Honhom mu. 26Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuw, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.