Galatifoɔ 4 – ASCB & NIVUK

Asante Twi Contemporary Bible

Galatifoɔ 4:1-31

1Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodoɔ a ɔdedifoɔ no yɛ abɔfra no, ɛwom sɛ agyapadeɛ no nyinaa hyɛ ne nsa deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔno ne akoa ntam. 2Esiane sɛ ɔnnyiniiɛ no enti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kɔsi ɛberɛ a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnane agyapadeɛ no mma no no.

Onyankopɔn Tɔɔ Ahofadie Maa Yɛn

3Saa ara na na yɛn nso yɛteɛ. Na yɛte sɛ mmɔfra a ewiase ahonhom dii yɛn so. 4Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbaa woo no Mmara ase 5sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase sɛdeɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. 6Esiane sɛ moyɛ mma enti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn akoma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.” 7Enti, wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba enti, Onyankopɔn de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.

Galatifoɔ Ho Hia Paulo

8Mmerɛ bi a atwam no, na monnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame. 9Nanso, afei a moahunu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahunu mo yi, adɛn enti na mopɛ sɛ modane mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio? 10Modi nna, abosome, nnapɔnna ne mfeɛ bi. 11Mesuro sɛ, ɛkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.

12Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. 13Sɛdeɛ monim no, ɛberɛ a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede yadeɛ na ɛbaeɛ. 14Ɛwom sɛ na me yadeɛ no ha mo deɛ, nanso moampo me. Mmom, mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Kristo Yesu. 15Anigyeɛ a mowɔ no nyinaa afa he? Mɛtumi aka sɛ, sɛ mobɛtumi a, anka mobɛtutu mo ani de ama me. 16Nokorɛ a meka kyerɛ mo enti na afei mabɛyɛ mo ɔtamfoɔ yi?

17Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wɔnni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtete me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛdeɛ wɔn ani ku mo ho no. 18Ɛyɛ sɛ mobɛyɛ nsi ɛberɛ biara, ɛberɛ a mewɔ mo nkyɛn ne ɛberɛ a menni mo nkyɛn mpo. 19Me mma pa, mo a mo enti merehunu awoyea bio kɔsi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no, 20mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masesa kwan a me fa so kasa, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.

Hagar Ne Sara

21Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ Mmara no ase no, monnim deɛ Mmara no ka no anaa? 22Wɔatwerɛ sɛ, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo baako na ɔne ɔbaa bi a ɔde ne ho nso woo baako. 23Afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, ɛnna ɔbaa a ɔde ne ho no nso, Onyankopɔn bɔhyɛ enti na ɔwoo ne ba no.

24Saa asɛm yi yɛ mfatoho ɛfiri sɛ, saa mmaa baanu yi gyina hɔ ma apam mmienu. Apam baako firi bepɔ Sinai so, na ɛgyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar. 25Hagar gyina hɔ ma bepɔ Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, ɛfiri sɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu. 26Nanso, Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no deɛ, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn maame. 27Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ,

“Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie,

wo a wonnwoo da;

ma wo nne so na team,

wo a awoɔ nkaa wo da,

ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔso

sene deɛ ɔwɔ kunu.”

28Me nuanom mmaa ne mmarima, bɔhyɛ no enti na wɔwoo mo sɛdeɛ wɔwoo Isak no. 29Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa. 30Na Atwerɛsɛm no ka sɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi firi ha; ɛfiri sɛ, afenaa babarima no ne ɔdehyeɛ no renkyɛ agyapadeɛ no.” 31Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom, yɛyɛ ɔbaa a ɔde ne ho no mma.

New International Version – UK

Galatians 4:1-31

1What I am saying is that as long as an heir is under age, he is no different from a slave, although he owns the whole estate. 2The heir is subject to guardians and trustees until the time set by his father. 3So also, when we were under age, we were in slavery under the elemental spiritual forces4:3 Or under the basic principles of the world. 4But when the set time had fully come, God sent his Son, born of a woman, born under the law, 5to redeem those under the law, that we might receive adoption to sonship.4:5 The Greek word for adoption to sonship is a legal term referring to the full legal standing of an adopted male heir in Roman culture. 6Because you are his sons, God sent the Spirit of his Son into our hearts, the Spirit who calls out, ‘Abba,4:6 Aramaic for Father Father.’ 7So you are no longer a slave, but God’s child; and since you are his child, God has made you also an heir.

Paul’s concern for the Galatians

8Formerly, when you did not know God, you were slaves to those who by nature are not gods. 9But now that you know God – or rather are known by God – how is it that you are turning back to those weak and miserable forces4:9 Or principles? Do you wish to be enslaved by them all over again? 10You are observing special days and months and seasons and years! 11I fear for you, that somehow I have wasted my efforts on you.

12I plead with you, brothers and sisters, become like me, for I became like you. You did me no wrong. 13As you know, it was because of an illness that I first preached the gospel to you, 14and even though my illness was a trial to you, you did not treat me with contempt or scorn. Instead, you welcomed me as if I were an angel of God, as if I were Christ Jesus himself. 15Where, then, is your blessing of me now? I can testify that, if you could have done so, you would have torn out your eyes and given them to me. 16Have I now become your enemy by telling you the truth?

17Those people are zealous to win you over, but for no good. What they want is to alienate you from us, so that you may have zeal for them. 18It is fine to be zealous, provided the purpose is good, and to be so always, not just when I am with you. 19My dear children, for whom I am again in the pains of childbirth until Christ is formed in you, 20how I wish I could be with you now and change my tone, because I am perplexed about you!

Hagar and Sarah

21Tell me, you who want to be under the law, are you not aware of what the law says? 22For it is written that Abraham had two sons, one by the slave woman and the other by the free woman. 23His son by the slave woman was born according to the flesh, but his son by the free woman was born as the result of a divine promise.

24These things are being taken figuratively: the women represent two covenants. One covenant is from Mount Sinai and bears children who are to be slaves: this is Hagar. 25Now Hagar stands for Mount Sinai in Arabia and corresponds to the present city of Jerusalem, because she is in slavery with her children. 26But the Jerusalem that is above is free, and she is our mother. 27For it is written:

‘Be glad, barren woman,

you who never bore a child;

break forth and cry aloud,

you who were never in labour;

because more are the children of the desolate woman

than of her who has a husband.’4:27 Isaiah 54:1

28Now you, brothers and sisters, like Isaac, are children of promise. 29At that time the son born according to the flesh persecuted the son born by the power of the Spirit. It is the same now. 30But what does Scripture say? ‘Get rid of the slave woman and her son, for the slave woman’s son will never share in the inheritance with the free woman’s son.’4:30 Gen. 21:10 31Therefore, brothers and sisters, we are not children of the slave woman, but of the free woman.