Filemon 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Filemon 1:1-25

Nkyea

1Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn,

Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon 2ne asafo a wɔhyia wɔ wo fie no ne yɛn nuabaa Apia ne yɛn yɔnko ɔsraani Arkipo no:

3Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

4Onua Filemon, ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mebɔ bi ma wo na meda me Onyankopɔn nso ase. 5Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no. 6Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa. 7Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

8Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ, 9nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei, 10meresrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba ɛberɛ a na meda afiase no. 11Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo.

12Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn. 13Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me. 14Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so. 15Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn ɛberɛ tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye no ato mu bio afebɔɔ. 16Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu.

17Enti, sɛ wodwene me ho sɛ wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara. 18Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, mɛtua wo ka. 19Me Paulo, mede mʼankasa me nsa retwerɛ sɛ mɛtua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfiri sɛ wo nso wode me ka, a ɛyɛ wʼankasa wo nkwa. 20Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade enti, yɛ me saa adɔeɛ yi; ka mʼakoma hye sɛ wo nua wɔ Kristo mu. 21Mewɔ anidasoɔ sɛ, deɛ meretwerɛ wo yi, wobɛyɛ ama aboro deɛ merebisa wo yi so.

22Afei pɛ ɛdan ma me, ɛfiri sɛ, menim sɛ Onyankopɔn bɛtie mo mpaeɛbɔ ama mabɛka mo ho bio.

23Epafra a Kristo Yesu enti ɔne me da afiase no kyea wo.

24Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyea wo.

25Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Filemon 1:1-25

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti ɔyɛ odeduani ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn,

Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon 2ne asafo a wohyia wɔ wo fi no ne yɛn nuabea Apia ne yɛn yɔnko sraani Arkipo no:

3Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

4Onua Filemon, bere biara a mebɔ mpae no mebɔ bi ma wo na meda me Nyankopɔn nso ase. 5Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfo ne gyidi a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no. 6Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa. 7Onua pa, wo dɔ no ama me anigye na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyan Onyankopɔn nkurɔfo.

8Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduru ahyɛ wo, ama woayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ, 9nanso me Paulo a meyɛ akwakoraa ne Kristo Yesu deduani fi ɔdɔ mu mprempren 10resrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba, bere a na meda afiase no. 11Bere bi a atwa mu no na ne so nni mfaso mma wo, nanso mprempren de, ne so wɔ mfaso ma me ne wo.

12Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa me koma no asan aba wo nkyɛn. 13Esiane asɛmpa no nti, mepɛe sɛ ɔtena me nkyɛn bere a meda afiase yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obesi wʼanan mu aboa me. 14Nanso na mempɛ sɛ mefi wʼakyi ayɛ biribi, sɛnea ɛrenyɛ sɛ adɔe biara a wobɛyɛ no fi ɔhyɛ mu na mmom efi ɔpɛ pa mu nti. 15Ebia na Onesimo fii wo nkyɛn bere tiaa bi sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye no ato mu bio afebɔɔ. 16Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.

17Enti sɛ wudwen me ho sɛ wo ne me bɔ mu di dwuma a, saa ara nso na gye no to mu sɛnea wubegye me no ara no. 18Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, bu tia me. 19Me Paulo, mʼankasa me nsa ano nkyerɛw ni. Metua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfi sɛ wo nipadua no ankasa de me ka. 20Enti me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade nti, yɛ me saa adɔe yi; ka me koma hyew sɛ wo nua wɔ Kristo mu. 21Mewɔ anidaso sɛ, nea merekyerɛw wo yi, wobɛyɛ ama aboro nea merebisa wo yi so.

22Afei pɛ ɔdan ma me, efisɛ minim sɛ Onyankopɔn betie mo mpaebɔ ama mabɛka mo ho bio.

23Epafra a Kristo Yesu nti ɔne me da afiase no kyia wo.

24Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyia wo.

25Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom.