Atemmufoɔ 8 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 8:1-35

Gideon Kum Seba Ne Salmunna

1Afei, Efraimfoɔ no bisaa Gideon sɛ, “Adɛn enti na woyɛ yɛn saa? Adɛn enti na worekɔko atia Midian kane no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibereɛ so.

2Na Gideon buaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twaberɛ akyi no nyɛ nsene Abieser bobe a wɔnteeɛ nyinaa? 3Onyankopɔn ma modii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Ɛdeɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ yei?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuaeɛ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.

4Gideon ne ne mmarima ahasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwom sɛ na wɔabrɛ deɛ, nanso wɔtoaa so taa atamfoɔ no. 5Wɔduruu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Momma mʼakofoɔ no aduane nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”

6Na Sukot ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ no aduane adi.”

7Gideon buaa sɛ, “Sɛ Awurade ma medi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsane aba de ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ abɛsunsuane mo honam ani.”

8Na Gideon firii hɔ kɔɔ Penuel8.8 Penuel yɛ baabi a Yakob ne Onyankopɔn peree so no. kɔsrɛɛ aduane bio, na ɔnyaa mmuaeɛ korɔ no ara. 9Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no sɛ, “Sɛ mefiri nkonimdie mu ba a, mɛbubu saa abantenten yi.”

10Saa ɛberɛ yi na Seba ne Salmuna ne akofoɔ mpem dunum wɔ Karkor, aboafoɔ a wɔfiri apueeɛ fam a na emu ɔpeha aduonu atotɔ dada no nkaeɛfoɔ. 11Gideon faa atutenafoɔ ɛkwan a ɛda Noba ne Yogbeha apueeɛ fam no ho hyiaeɛ, na wɔto hyɛɛ Midian akodɔm a na wɔn ani nna wɔn ho soɔ no so. 12Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no dwaneeɛ, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofoɔ nyinaa nnommum.

13Yei akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres kwantempɔn so saneeɛ. 14Ɛhɔ na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔntwerɛ nnipa aduɔson nson a wɔyɛ sodifoɔ ne ntuanofoɔ a wɔwɔ kuro no mu no din mma no. 15Afei, Gideon sane kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Seba ne Salmuna nie. Yɛbaa ha no modii me ho fɛ, kaa sɛ, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ a wɔabrɛ no aduane adi.’ ” 16Afei Gideon faa kuro no mu ntuanofoɔ kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ twee wɔn aso. 17Ɔsane dwirii Penuel abantenten no guu fam, kunkumm kuro no mu mmarima nyinaa.

18Afei, ɔbisaa Seba ne Salmuna sɛ, “Mmarima a mokumm wɔn wɔ Tabor no, na wɔte sɛn?”

Wɔbuaa sɛ, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.”

19Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.”

20Ɔdanee nʼani kyerɛɛ ne babarima panin Yeter sɛ, “Ku wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼakofena, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ abarimaa enti na ɔsuro.

21Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanin adwuma! Wo ankasa yɛ!” Enti, Gideon kumm wɔn baanu, faa adehyeɛ agudeɛ a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no.

Gideon Asɔfotadeɛ Kronkron No

22Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri sɛ, woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.”

23Nanso, Gideon buaa sɛ, “Merenni mo so ɔhene na me babarima nso renni mo so ɔhene. Awurade na ɔbɛdi mo so.” 24Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, mewɔ adebisa baako. “Mo mu biara mma me asomuadeɛ baako a mofa firii asadeɛ a monya firii mo atamfoɔ a modii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfoɔ a na wɔyɛ Ismaelfoɔ no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asomuadeɛ).

25Wɔbuaa sɛ, “Yɛpene so dodo.” Wɔde akatasoɔ sɛɛ fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asomuadeɛ a ɔnyaeɛ bɛguu so. 26Na sikakɔkɔɔ asomuadeɛ dodoɔ a wɔnyaeɛ no karii kilogram aduonu a asrane nketewa ne kɔnmuadeɛ, Midian ahemfo adehyeɛ ahyehyɛdeɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wɔn yoma kɔn mu nka ho. 27Gideon de yɛɛ asɔfotadeɛ kronkron na ɔde sii kuro Ofra, ne kurom, mu. Nanso, ankyɛre na Israelfoɔ no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdanee afidie maa Gideon ne ne fiefoɔ.

28Yei ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛdeɛ Israelfoɔ dii Midianfoɔ so nkonim a wantumi ansɔre bio. Gideon nna a ɛtwa toɔ bɛyɛ mfeɛ aduanan mu no, na asomdwoeɛ wɔ asase no so.

29Afei, Yoas babarima Yerub-Baal sane kɔɔ ne kurom. 30Na ɔwɔ yerenom bebree enti ɔwoo mmammarima aduɔson. 31Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek. 32Gideon wuiɛ no na wanyini yie. Na wɔsiee no wɔ nʼagya Yoas damena mu wɔ Ofra wɔ Abieserfoɔ abusuasase so.

33Gideon wuiɛ ara pɛ, Israelfoɔ no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit8.33 Baal-Berit yɛ onyame bi a na nʼasɔredan si Sekem. wɔn nyame. 34Wɔn werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no. 35Na mpo, wɔanni nokorɛ ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fiefoɔ wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfoɔ no ho.