Atemmufoɔ 7 – ASCB & NSP

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 7:1-25

Gideon Di Midianfoɔ So Nkonim

1Anɔpahema, Yerubaal (a ɔne Gideon) ne nʼakodɔm kɔɔ ara kɔsii Harod nsuo ho. Midian akodɔm nso bɔɔ dɔmpem wɔ atifi fam wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn More bepɔ no. 2Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Akofoɔ a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfoɔ a, Israelfoɔ no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wɔgyee wɔn ho sii hɔ. 3Ɛno enti, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara a ɔyɛ tebɔɔ anaa ɔsuro no, ɔnyi ne ho mfiri mu na ɔnkɔ efie.’ ” Wɔn mu ɔpeduonu mmienu na wɔkɔɔ fie, ɛnna ɛkaa wɔn mu ɔpedu a wɔpɛɛ sɛ wɔbɛko.

4Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”

5Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.” 6Mmarima no mu ahasa pɛ na na wɔnom nsuo firi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo firi asuwa no mu.

7Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Menam saa mmarima ahasa yi so bɛgye mo, na mama moadi Midianfoɔ no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.” 8Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn.

Na Midianfoɔ no atenaeɛ wɔ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ. 9Anadwo no, Awurade kaa sɛ, “Sɔre! Kɔ Midianfoɔ no atenaeɛ no mu wɔ aseɛ hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim! 10Na sɛ wosuro sɛ wobɛkoto ahyɛ wɔn so a, wo ne wo ɔsomfoɔ Pura nkɔ hɔ. 11Tie deɛ Midianfoɔ no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woato ahyɛ wɔn so.”

Enti, Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfoɔ no atenaeɛ no mfikyire. 12Saa ɛberɛ no na Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfifiri apueeɛ fam no abɛyɛ bitibiti te sɛ ntutummɛ wɔ bɔnhwa no mu. Na wɔn nyoma nso dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Wɔdɔɔso dodo!

13Gideon weaweaa kɔduruu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi sɛ, “Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!”

14Nʼadamfo no kaa sɛ, “Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”

15Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam sɛ, “Monsɔre! Awurade de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa.” 16Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.

17Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ me. Monni mʼakyi. Sɛ meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi. 18Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntotorobɛnto no a, mo a moatwa atenaeɛ no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo deɛ na monteam sɛ, ‘Yɛko ma Awurade ne Gideon.’ ”

19Anadwo dasuo mu a wɔasesa awɛmfoɔ no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no kɔduruu Midianfoɔ atenaeɛ mfikyire. Mpofirim wɔhyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, bobɔɔ dɔteɛ nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no. 20Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “Awurade akofena yɛ Gideon akofena!” 21Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no sɛ wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane.

22Ɛberɛ a Israelfoɔ ahasa no hyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfoɔ akofoɔ a wɔwɔ atenaeɛ hɔ no twaa wɔn ho de akofena ne wɔn ho koeɛ. Wɔn a wɔanwu no dwane kɔduruu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hyeɛ a ɛbɛn Tabat so.

23Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofoɔ a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian akodɔm a wɔredwane no. 24Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim mmepɔ aman no so kɔkaa sɛ “Mommra mmɛto nhyɛ Midianfoɔ so. Montware wɔn wɔ Yordan aworɔso a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.”

Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. 25Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wɔkumm Oreb wɔ Oreb botan so ɛnna wɔkumm Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamena ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no. Akyire no, Israelfoɔ no de Oreb ne Seeb tiri no brɛɛ Gideon a na saa ɛberɛ no ɔwɔ Yordan ho no.

New Serbian Translation

Књига о судијама 7:1-25

Гедеон поражава Мадијанце

1Порани Јеровал, то јест, Гедеон, и сав народ који је био с њим утабори се код Ен-Арода. Мадијански табор је био северно од његовог, у долини подно брда Море. 2Господ рече Гедеону: „Сувише је народа с тобом да бих предао Мадијанце у њихове руке; иначе би Израиљ могао да се хвали на мој рачун, говорећи: ’Моја ме је рука спасла.’ 3Зато објави народу: ’Ко се плаши и дрхти, нека напусти галадску гору и нека се врати.’“ Вратило се двадесет две хиљаде људи. Остало је десет хиљада.

4Господ рече Гедеону: „Још је сувише народа. Сиђи с народом на воду, а ја ћу их искушати тамо за тебе. За кога ти кажем: ’Нека овај пође с тобом’, тај нека пође с тобом. А за кога ти кажем: ’Овај нека не пође са тобом’, тај нека не пође.“

5Гедеон сиђе са народом на воду. Тада Господ рече Гедеону: „Одвој на једну страну све оне који лапћу воду језиком, као што пас лапће, од оних који клече на коленима док пију.“ 6Оних који су лаптали приносећи воду к устима било је три стотине. Сав остали народ је клечао на коленима док је пио воду.

7Господ рече Гедеону: „Избавићу вас са ових три стотине који су лаптали. Мадијанце ћу предати у твоје руке. Сав остали народ нека се врати, сваки у своје место.“ 8Они што су остали преузели су храну и рогове од народа, а онда је Гедеон послао све Израиљце у њихове шаторе. Задржао је само њих три стотине.

Мадијански табор је био испод њега у долини. 9Те ноћи му Господ рече: „Устани, сиђи у табор, јер сам ти га предао у руке. 10Али ако се бојиш да сиђеш у бој, сиђи у табор ти и твој слуга, Фура. 11Слушај шта говоре. После тога ћеш се охрабрити, те ћеш сићи и напасти табор.“ Гедеон сиђе са својим слугом Фуром до војних редова на ободу табора. 12А Мадијанци, Амаличани и сви источни народи били су прекрили долину као велико мноштво скакаваца. Њиховим камилама није било броја; било их је као песка на морској обали.

13Гедеон је стигао тамо баш кад је један човек причао своме другу свој сан. Говорио је: „Ево, ово је сан који сам уснио: видео сам погачу јечменог хлеба како се котрља у мадијански табор. Кад је дошла до једног шатора и ударила га, шатор се преврнуо и пао.“

14Његов друг му одговори: „То није ништа друго него ли мач Гедеона, сина Јоасова, Израиљца. Бог је у његове руке предао Мадијанце и сав табор.“

15Кад је Гедеон чуо како је онај испричао сан и како га је други протумачио, поклонио се Богу и вратио се у израиљски табор. Онда је рекао: „Устајте, јер је Господ предао у ваше руке мадијански табор!“ 16Тих три стотине људи је поделио у три чете и сваком је у руке дао по један рог, празан крчаг и бакљу. Бакље су биле у крчазима.

17„Гледајте мене – рече им – и радите што и ја. Кад дођем до руба табора, радите оно што ја радим. 18Кад ја затрубим у рог и сви они који буду са мном, онда и ви затрубите у рогове свуда око табора и кличите: ’За Господа и Гедеона!’“

19Гедеон је дошао са стотином људи за собом на руб табора, при почетку поноћне страже. Смена страже је тек била извршена. 20Тада су затрубили у рогове и разбили крчаге које су имали у рукама. Тако су све три чете затрубиле у рогове и разбиле крчаге. Носећи бакље у левој руци, а рогове да трубе у десној, клицали су: „Мач за Господа и Гедеона!“ 21Сваки човек је остао да стоји на свом месту око табора, док се сав табор дао у бег. Мадијанци су вичући стали да беже.

22Кад су оних три стотине затрубили у рогове, Господ је учинио да Мадијанци у целом табору окрену мачеве једни на друге. Војска побеже све до Вет-Асете, у правцу Серере, до обале Авел-Меоле код Тавата. 23Тада су се сабрали Израиљци из Нефталимовог, Асировог и целог Манасијиног племена и кренули у потеру за Мадијанцима. 24Гедеон је послао гласнике по целој Јефремовој гори поручујући: „Сиђите да пресретнете Мадијанце. Одсеците им газове на Јордану код Витваре.“

Сви су се Јефремовци сабрали и заузели газове на Јордану до Витваре. 25Они су ухватили два мадијанска кнеза, Орива и Зива. Орива су убили код Оривове стене а Зива код Зивове муљаре. Потом су се дали у потеру за Мадијанцима. А Оривову и Зивову главу су донели Гедеону преко Јордана.