Atemmufoɔ 5 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 5:1-31

Debora Dwom

1Ɛda no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi:

2“Israel mpanimfoɔ sɔre dii animu,

na nnipa no de anigyeɛ dii wɔn akyi.

Nhyira nka Awurade!

3“Mo ahemfo, montie!

Monyɛ aso, mo aberempɔn!

Na mɛto dwom ama Awurade.

Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Onyankopɔn.

4Awurade, ɛberɛ a wofirii Seir,

na wobɔɔ nsra faa Edom mfuo so no,

asase wosoeɛ

na ɔsoro omununkum tuee nsuo.

5Awurade ba no maa mmepɔ wosoeɛ.

Sinai Bepɔ mpo wosoeɛ wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim.

6“Anat ba Samgar ne Yael berɛ so,

nnipa amfa akwantempɔn so,

na akwantufoɔ faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so.

7Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraaseɛ

kɔsii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel.

8Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no,

ɔko sɔree kuropɔn no apono ano.

Nanso wɔanhunu kyɛm anaa pea

wɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu!

9Mewɔ Israel ntuanofoɔ afa

ne wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi.

Hyira Awurade!

10“Mo a motete afunumu a wɔte apɔ so,

tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, montie!

Ne mo a ɛsɛ sɛ monante fam nso, montie!

11Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ.

Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie,

ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm.

“Afei Awurade nkurɔfoɔ

bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano.

12‘Sɔre! Debora, sɔre!

Sɔre, sɔre na to dwom!

Sɔre, Barak!

Di wo nneduafoɔ anim kɔ, Abinoam ba!’

13“Nkaeɛfoɔ no bɔɔ nsra firi Tabor kɔɔ ahoɔdenfoɔ so.

Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ akofoɔ ahoɔdenfoɔ so.

14Wɔfiri Efraim baeɛ, asase a na kane no na ɛyɛ Amalekfoɔ dea,

na Benyamin nso dii wʼakyi.

Asahene no bɔɔ nsra firii Makir;

ɔsahene pomakurafoɔ firi Sebulon baeɛ.

15Na Isakar mu atitire ka Debora ne Barak ho.

Wɔdii Barak akyi, bɔ wuraa bɔnhwa no mu.

Nanso, Ruben abusuakuo mu deɛ,

wɔansi wɔn adwene pi.

16Adɛn enti na wotenaa efie wɔ nnwanhwɛfoɔ mu,

tie nnwanhwɛfoɔ a wɔde hwerɛma frɛ wɔn nnwan?

Ruben abusuakuo mu,

wɔansi wɔn adwene pi.

17Gilead kaa Yordan apueeɛ hɔ.

Na Dan deɛ, adɛn enti na ɔtenaa fie?

Aser tenaa mpoano a wanka ne ho,

ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahodoɔ hɔ.

18Nanso, Sebulon too ne nkwa akyerɛ

sɛdeɛ Naftali yɛɛ wɔ akono no.

19“Kanaan ahemfo koeɛ wɔ Taanak a ɛbɛn Megido nsutire ho,

nanso, wɔannya asadeɛ biara ankɔ.

20Nsoromma firi soro koeɛ.

Nsoromma nam wɔn kyenenee so ko tiaa Sisera.

21Asubɔnten Kison twee wɔn kɔeɛ,

tete asuo, Kison.

Me kra, fa akokoɔduru bɔ nsra kɔ wʼanim!

22Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam,

wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no mmirikatɛntɛ.

23‘Nnome nka Merosfoɔ,’ Awurade ɔbɔfoɔ na ɔseɛ.

Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn

ɛfiri sɛ, wɔammɛboa Awurade,

wɔammɛboa Awurade anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no.

24“Nhyira nka Yael,

Heber a ɔfiri Keni yere.

Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa.

25Sisera srɛɛ nsuo,

na Yael maa no nufosuo;

bonsua a ɛfata ahemfo no mu

na ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no.

26Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa,

na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ.

Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti.

Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.

27Ɔhodwoeɛ, ɔhwee ase;

ɔwuu wɔ ne nan ase.

28“Sisera nena hwɛɛ mpomma mu;

ɔtɛɛ mpomma mu hwɛɛ no kwan,

ɔkaa sɛ, ‘Adɛn enti na ne teaseɛnam akyɛre ba yi?

Adɛn enti na yɛnte teaseɛnam nhankra nnyegyeeɛ yi?’

29Ne mmaa anyansafoɔ no rema mmuaeɛ no,

ɔtii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho sɛ:

30‘Wɔrekyɛ asadeɛ a wɔnyaeɛ no,

ɔbarima biara nya ɔbaa baako anaa mmienu.

Sisera bɛnya ntadeɛ a ɛyɛ fɛ

na me nso menya ntadeɛ a ɛkura ahosuo ahodoɔ na wɔanwono mu fɛɛfɛ.’

31Awurade, ma wʼatamfoɔ nyinaa nwu sɛ Sisera!

Nanso, ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinaeɛ.”

Afei, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan.

Persian Contemporary Bible

داوران 5:1-31

سرود دبوره و باراق

1آنگاه دبوره و باراق اين سرود را به مناسبت پيروزی خود سراييدند:

2خداوند را ستايش كنيد!

رهبران اسرائيل شجاعانه به جنگ رفتند،

و قوم با اشتياق از آنها پيروی نمودند.

3ای پادشاهان و ای حكام گوش كنيد!

من در وصف خداوند خواهم سراييد،

و برای خدای اسرائيل سرود خواهم خواند.

4ای خداوند، وقتی از سعير بيرون آمدی

و صحرای ادوم را ترک فرمودی،

زمين متزلزل گرديد

و آسمان قطرات بارانش را فرو ريخت.

5آری، حتی كوه سينا از حضور خدای اسرائيل به لرزه درآمد!

6در ايام شمجر و ياعيل شاهراهها متروک بودند.

مسافران از كوره راههای پر پيچ و خم عبور می‌كردند.

7اسرائيل رو به زوال می‌رفت،

تا اينكه دبوره برخاست تا همچون مادری از اسرائيل حمايت كند.

8چون اسرائيل به دنبال خدايان تازه رفت،

جنگ به دروازه‌های ما رسيد.

در ميان چهل هزار مرد اسرائيلی،

نه نيزه‌ای يافت می‌شد و نه سپری.

9قلب من مشتاق رهبران اسرائيل است

كه با اشتياق تمام، خود را وقف كردند.

خداوند را ستايش كنيد،

10ای كسانی كه بر الاغهای سفيد سواريد

و بر فرشهای گرانبها می‌نشينيد،

و ای كسانی كه پای پياده راه می‌رويد.

11گوش كنيد! سرايندگان، گرد چاهها جمع شده‌اند

تا پيروزيهای خداوند را بسرايند.

آری، آنان می‌سرايند

كه چگونه خداوند اسرائيل را پيروز ساخت،

و چگونه قوم خداوند از دروازه‌های دشمن گذشتند!

12بيدار شو ای دبوره! بيدار شو و سرود بخوان.

برخيز ای باراق!

ای فرزند ابينوعم، برخيز و اسيرانت را به اسارت ببر!

13مردان امين از كوه سرازير شدند،

قوم خداوند برای جنگ نزد او آمدند.

14مردان جنگی از قبايل افرايم و بنيامين

و از ماخير و زبولون آمدند.

15رهبران يساكار با دبوره و باراق،

به دره هجوم بردند.

اما قبيلهٔ رئوبين مردد بود.

16چرا رئوبين در میان آغلها ماند؟

آيا می‌خواست به نوای نی شبانان گوش دهد؟

آری قبيلهٔ رئوبين مردد بود!

17چرا جلعاد در آن سوس رود اردن ماند؟

چرا دان نزد كشتی‌هايش توقف نمود؟

چرا اشير كنار دريا نزد بنادر خود ساكت نشست؟

18اما قبايل زبولون و نفتالی

جان خود را در ميدان نبرد به خطر انداختند.

19پادشاهان كنعان در تعنک

نزد چشمه‌های مجدو جنگيدند،

اما پيروزی را به چنگ نياوردند.

20ستارگان از آسمان با سيسرا جنگيدند.

21رود خروشان قيشون، دشمن را با خود برد.

ای جان من با شهامت به پيش برو.

22صدای پای اسبان دشمن را بشنويد!

ببينيد چگونه چهار نعل می‌تازند و دور می‌شوند!

23فرشتهٔ خداوند می‌گويد:

«ميروز را لعنت كنيد،

ساكنانش را به سختی لعنت نماييد،

زيرا به كمک خداوند نيامدند

تا او را در جنگ با دشمنان ياری دهند.»

24آفرين بر ياعيل، زن حابر قينی،

خداوند او را بركت دهد، بيش از تمامی زنان خيمه نشين!

25سيسرا آب خواست، اما ياعيل در جامی ملوكانه به وی شير داد!

26آنگاه ميخ چادر و چكش را برداشت

و ميخ را بر شقيقه‌اش كوبيد و سرش را به زمين دوخت.

27او نزد پايهای ياعيل افتاد و جان سپرد.

28مادر سيسرا از پنجرهٔ اتاقش

چشم به راه او دوخته بود و می‌گفت:

«چرا عرابه‌اش نمی‌آيد؟

چرا صدای چرخهای عرابه‌اش را نمی‌شنوم؟»

29نديمه‌های خردمندش با او همصدا شده گفتند:

30غنيمت فراوان به چنگ آورده‌اند

و برای تقسيم آن وقت لازم دارند.

يک يا دو دختر نصيب هر سرباز می‌شود.

سيسرا جامه‌های رنگارنگ به ارمغان خواهد آورد،

شالهای قلابدوزی برای گردن ما با خود خواهد آورد.

31ای خداوند تمامی دشمنانت

همچون سيسرا نابود گردند.

اما كسانی كه تو را دوست دارند

مثل خورشيد تابان بدرخشند.

بعد از آن، به مدت چهل سال آرامش در سرزمين بنی‌اسرائيل برقرار گرديد.