Atemmufoɔ 3 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 3:1-31

Aman A Wɔkaa Kanaan

1Awurade gyaa aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfoɔ a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ. 2Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛdeɛ wɔbɛnya akodie ho nimdeɛ. 3Saa aman no nie: Filistifoɔ (wɔn a na wɔhyɛ Filistifoɔ ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfoɔ nyinaa, Sidonfoɔ, Hewifoɔ a na wɔte Lebanon bepɔ no so firi Baal Hermon bepɔ ho de kɔsi Lebo Hamat. 4Wɔgyaa saa nkurɔfoɔ yi de sɔɔ Israelfoɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ wɔbɛdi mmara a Awurade nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so anaa.

5Enti, Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu. 6Na wɔdii wɔn ho awadeɛ. Israelfoɔ mmammarima no warewaree wɔn mmammaa ɛnna wɔde Israelfoɔ mmammaa nso maa wɔn mmammarima awadeɛ. Na Israelfoɔ no somm wɔn anyame.

Otniel Bɛyɛ Israel So Ɔtɛmmufoɔ

7Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne. Wɔn werɛ firii Awurade wɔn Onyankopɔn, na wɔsomm Baalim ahoni ne Asera afɔrebukyia. 8Awurade abufuo mu yɛɛ den tiaa Israel enti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfoɔ yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirinhyia nwɔtwe.

9Nanso, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, ɔyii ɔbarima bi sɛ ɔgyefoɔ maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima. 10Awurade honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel ɔtemmufoɔ. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na Awurade maa Otniel dii ne so nkonim. 11Enti, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wuiɛ.

Ehud Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

12Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na ɛno enti, Awurade de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma ɔdii Israel so. 13Eglon boaboaa Amonfoɔ3.13 Na Amonfoɔ yɛ Lot asefoɔ (1 Mose 19.38). Na Amalekfoɔ nso yɛ Esau asefoɔ (1 Mose 36.12,16). Na wɔbɛn Israel, nanso na wɔyɛ Israelfoɔ atamfoɔ kɛseɛ. ne Amalekfoɔ ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔto hyɛɛ Israelfoɔ so. Wɔdii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko. 14Israelfoɔ no somm Moabhene Eglon mfirinhyia dunwɔtwe.

15Nanso Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ɔgyefoɔ. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Israelfoɔ no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn apeatoɔ sika nkɔma Moabhene Eglon. 16Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu. 17Ɔde apeatoɔ sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse twɔfee no. 18Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie. 19Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ.

20Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ, 21Ehud de ne nsa benkum twee sekan a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu. 22Sekan no kɔɔ akyiri kɔsii sɛ nʼabona no mpo wuraa ɔhene no sradeɛ mu maa ɛso kataeɛ. Enti, Ehud gyaa sekan no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu guiɛ. 23Afei, Ehud totoo apono no mu foroo agyanan dan no, faa ne nsuseneeɛ no mu dwane kɔeɛ.

24Ehud kɔeɛ akyi no, ɔhene asomfoɔ no baa hɔ bɛhunuu sɛ, apono a ɛkɔ aborɔsan no so no, wɔatoto mu. Na wɔdwene sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ, 25enti, wɔtwɛneeɛ. Wɔtwɛneeɛ ara na ɔhene no mma no, ɛhaa wɔn ma wɔkɔpɛɛ safoa bi. Na wɔbuee ɛpono no, wɔhunuu sɛ wɔn wura awu da fam.

26Ɛberɛ a asomfoɔ no retwɛn no, Ehud dwane faa aboɔ ahoni no so a ɔrekɔ Seira. 27Ɔduruu Efraim bepɔ asase no so no, Ehud hyɛnee totorobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akodeɛ mmra. Enti, ɔdii Israelfoɔ kuo bi anim sianee bepɔ no.

28Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfoɔ a wɔyɛ mo atamfoɔ no so nkonim.” Enti, wɔtu dii nʼakyi. Israelfoɔ no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wɔfiri Moab tware. Ɛno enti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no. 29Wɔto hyɛɛ Moabfoɔ no so. Wɔkunkumm wɔn nnɔmmarima no bɛyɛ ɔpedu. Wɔn mu biara antumi annwane. 30Enti, Israelfoɔ dii Moabfoɔ so nkonim saa ɛda no, na asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduɔwɔtwe.

Samgar Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

31Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfoɔ. Ɔde nantwika abaa kumm Filistifoɔ aha nsia.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

士师记 3:1-31

迦南余族

1-2耶和华为了考验那些没有经历过迦南战事的以色列人,让他们学习作战,就留下了以下各族: 3五个非利士王、所有的迦南人、西顿人和住在巴力·黑门山到哈马口一带的黎巴嫩山区的希未人。 4耶和华留下这几个外族是要考验以色列人,看他们是否愿意遵从祂借摩西向他们祖先颁布的诫命。 5以色列人住在这些迦南人、人、亚摩利人、比利洗人、希未人和耶布斯人当中, 6跟他们通婚,祭拜他们的神明。

士师俄陀聂

7以色列人做耶和华视为恶的事,忘记他们的上帝耶和华,祭拜假神巴力亚舍拉8耶和华向他们发怒,把他们交在美索不达米亚古珊·利萨田的手中,受古珊·利萨田统治八年。 9他们向耶和华呼求,耶和华就使一位名叫俄陀聂的拯救者兴起,他是迦勒弟弟基纳斯的儿子。 10耶和华的灵降在俄陀聂身上,他就做了以色列的士师,领兵出战。耶和华将美索不达米亚古珊·利萨田交在他手中,他便战胜了古珊·利萨田11此后,国内安享太平四十年,直到俄陀聂去世。

士师以笏

12之后,以色列人又做耶和华视为恶的事,耶和华就使摩押伊矶伦强盛起来,攻打以色列人。 13伊矶伦联合亚扪人和亚玛力人进攻以色列人,占据了棕树城, 14以色列人受摩押伊矶伦统治十八年。 15他们呼求耶和华,耶和华就使一位名叫以笏的拯救者兴起。他是便雅悯基拉的儿子,善用左手。以色列人派他去向摩押伊矶伦进贡。 16他造了一把约半米长的两刃利剑,绑在右腿的衣服里。 17他带着贡物去见肥胖的摩押伊矶伦18以笏献上了贡物之后,便和抬贡物的人一起离去。 19到了吉甲附近雕石神像的地方,他让抬贡物的人先回去,自己则折回王宫,对王说:“王啊,我有机密禀告。”王就命左右的人回避,众人便都退去了。 20当时王独自坐在楼上的房间乘凉,以笏近前说:“我有从上帝而来的讯息要禀告。”王站起来的时候, 21以笏左手拔出藏在右腿上的剑刺进王的肚腹, 22连剑柄也刺了进去,深深嵌入肥肉。以笏没有拔剑, 23便走出房间,把门都关上,锁好。

24以笏走后,王的仆人过来,见房门紧锁,以为王在大解。 25等了很久,门还没开,他们很焦急,就拿钥匙开门,发现他们的主人已经倒毙在地上。

26他们等待的时候,以笏已经逃走了。他经过雕石神像的地方,逃往西伊拉27到了那里,他就在以法莲的山区吹响号角,召集以色列人。众人跟随以笏下山, 28以笏对他们说:“跟我来!耶和华已经把仇敌摩押人交在你们手中了。”于是,众人跟着他占领了通往摩押约旦河各渡口,不许任何人渡河。 29当时他们杀了约一万名强悍善战的摩押勇士,没有一人逃脱。 30这样,以色列人征服了摩押人,国中安享太平八十年。

珊迦

31以笏之后,亚拿的儿子珊迦拯救了以色列人。他曾用一根赶牛棍杀了六百名非利士人。