Atemmufoɔ 2 – ASCB & NVI

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 2:1-23

Awurade Bɔfoɔ Ba Bokim

1Na Awurade ɔbɔfoɔ firi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfoɔ sɛ, “Meyii mo firii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekaa sɛ, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so. 2Mo fam deɛ ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔrebukyia nyinaa. Na adɛn enti na moanni me mmaransɛm so? 3Deɛ moayɛ yi enti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛnmu nkasɛɛ na wɔn anyame nso ayɛ mfidie ama mo.”

4Awurade ɔbɔfoɔ kasa wieeɛ no Israelfoɔ no suu denden. 5Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin “Agyaadwotwa”. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ maa Awurade.

Yosua Owuo

6Yosua gyaa nkurɔfoɔ no kwan akyi no, mmusuakuo no mu biara kɔfaa nʼagyapadeɛ a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no. 7Na Israelfoɔ no somm Awurade wɔ Yosua ne mpanimfoɔ a wɔanyini sene Yosua a wɔhunuu nneɛma akɛseɛ a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.

8Afei, Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne edu. 9Wɔsiee no wɔ nʼawunya asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔ asase no a ɛwɔ Gaas bepɔ no atifi fam no.

Israelfoɔ Yɛ Asoɔden Tia Awurade

10Saa awoɔ ntoatoasoɔ no akyi no, awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ nyiniiɛ a na wɔnnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama Israel. 11Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni. 12Wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim no. Wɔdii anyame foforɔ akyi, somm saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuiɛ. 13Wɔgyaa Awurade akyi die, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni. 14Yei maa Awurade bo fuu Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa, ma wɔwiaa wɔn ahodeɛ. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano. 15Ɛberɛ biara a Israelfoɔ bɛkɔ ɔko no, Awurade ko tia wɔn ma wɔdi nkoguo, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no. Enti, wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.

Onyankopɔn Gye Ne Nkurɔfoɔ

16Afei, Awurade pagyaa atemmufoɔ ma wɔbɛgyee Israelfoɔ firi wɔn atamfoɔ nsam. 17Nanso, Israelfoɔ no antie atemmufoɔ no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforɔ, kotoo wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so firii wɔn agyanom a wɔyɛɛ ɔsetie maa Awurade mmaransɛm no kwan so. 18Ɛberɛ biara a Awurade de ɔtemmufoɔ bi bɛdua Israel so no, na ɔka saa ɔtemmufoɔ no ho na ɔgye nnipa no firi wɔn atamfoɔ no nsam wɔ saa ɔtemmufoɔ no nkwa nna nyinaa mu. Ɛfiri sɛ, Awurade hunuu ne nkurɔfoɔ a wɔredi wɔn nya na wɔrehunu amane no mmɔbɔ. 19Nanso, atemmufoɔ no wuo akyi no, nnipa no sane kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sene wɔn a wɔdii wɔn anim ɛkan no. Wɔdii anyame foforɔ akyi. Wɔkotoo wɔn, somm wɔn. Na wɔampɛ sɛ wɔgyae wɔn nnebɔnesɛm ne kɔnseneeɛsɛm no.

20Enti, Awurade bo fuu Israel. Ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ so, na wɔapo me mmaransɛm enti, 21merempamo aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewuo no. 22Meyɛɛ yei de sɔɔ Israel hwɛeɛ sɛ wɔbɛtie Awurade sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no.” 23Ɛno enti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammɛdi wɔn nyinaa so no.

Nueva Versión Internacional

Jueces 2:1-23

El ángel del Señor en Boquín

1El ángel del Señor subió de Guilgal a Boquín y dijo: «Yo los saqué a ustedes de Egipto y los hice entrar en la tierra que juré dar a sus antepasados. Dije: “Nunca quebrantaré mi pacto con ustedes; 2ustedes, por su parte, no harán ningún pacto con la gente de esta tierra, sino que derribarán sus altares”. ¡Pero me han desobedecido! ¿Por qué han actuado así? 3Pues quiero que sepan que no expulsaré de la presencia de ustedes a esa gente; ellos les harán la vida imposible y sus dioses les serán una trampa».

4Cuando el ángel del Señor habló así a todos los israelitas, el pueblo lloró a gritos. 5Por eso llamaron a aquel lugar Boquín,2:5 En hebreo, Boquín significa los que lloran. y allí ofrecieron sacrificios al Señor.

Desobediencia y derrota

2:6-9Jos 24:29-31

6Cuando Josué despidió al pueblo, los israelitas se fueron a tomar posesión de la tierra, cada uno a su propio territorio. 7Durante toda la vida de Josué, el pueblo sirvió al Señor. Así sucedió también durante el tiempo en que estuvieron al frente de Israel los jefes que habían compartido el liderazgo con Josué y que habían visto todas las grandes obras que el Señor había hecho por Israel.

8Josué, hijo de Nun, siervo del Señor, murió a la edad de ciento diez años 9y lo sepultaron en Timnat Jeres,2:9 Timnat Jeres. También conocida como Timnat Sera (véanse Jos 19:50 y 24:30). tierra de su heredad, en la región montañosa de Efraín, al norte del monte de Gaas.

10También murió toda aquella generación y surgió otra que no conocía al Señor ni sabía lo que él había hecho por Israel. 11Esos israelitas hicieron lo malo ante los ojos del Señor y adoraron a los ídolos de Baal. 12Abandonaron al Señor, Dios de sus antepasados, que los había sacado de Egipto, siguieron a otros dioses —dioses de los pueblos que los rodeaban— y los adoraron, provocando así la ira del Señor. 13Abandonaron al Señor y adoraron a Baal y a las imágenes de Astarté. 14Entonces el Señor se enfureció contra los israelitas y los entregó en manos de invasores que los saquearon. Los dejó en manos de los enemigos que tenían a su alrededor, a los que ya no pudieron hacerles frente. 15Cada vez que los israelitas salían a combatir, la mano del Señor estaba en contra de ellos para su mal, tal como el Señor se lo había dicho y jurado. Así llegaron a verse muy angustiados.

16Entonces el Señor hizo surgir líderes2:16 líderes. Tradicionalmente jueces; así en el resto de este libro. que los libraron del poder de esos invasores. 17Sin embargo, tampoco escucharon a esos líderes, sino que se prostituyeron al entregarse a otros dioses y adorarlos. Muy pronto se apartaron del camino que habían seguido sus antepasados, el camino de la obediencia a los mandamientos del Señor. 18Cada vez que el Señor levantaba entre ellos un líder, el Señor estaba con él. Mientras ese líder vivía, los libraba del poder de sus enemigos, porque el Señor se compadecía de ellos al oírlos gemir por causa de quienes los oprimían y afligían. 19Pero cuando el líder moría, ellos volvían a corromperse aún más que sus antepasados, pues se iban tras otros dioses, a los que servían y adoraban. De tal forma se negaban a abandonar sus malvadas costumbres y su obstinada conducta.

20Por eso el Señor se enfureció contra Israel y dijo: «Puesto que esta nación ha violado el pacto que yo establecí con sus antepasados y no me ha obedecido, 21tampoco yo echaré de su presencia a ninguna de las naciones que Josué dejó al morir. 22Las usaré para poner a prueba a Israel y ver si guarda mi camino y anda por él, como lo hicieron sus antepasados». 23Por eso el Señor dejó en paz a esas naciones; no las echó enseguida ni las entregó en manos de Josué.