Atemmufoɔ 19 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 19:1-30

Lewini Ne Ne Mpena

1Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi abusuakuo mu te Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi. Ɛda bi, ɔde ɔbaa bi firi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena. 2Nanso, ɔbaa no anni no nokorɛ enti ɔsane kɔɔ nʼagya fie wɔ Betlehem. Abosome ɛnan akyi, 3ne kunu no faa ɔsomfoɔ ne afunumu foforɔ kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔkorɔkorɔ no na wasane nʼakyi aba. Ɔduruu ɔbaa no agya fie no, ɔde no kɔɔ efie no mu maa nʼagya no gyee no fɛ so. 4Ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ ɔntena nkyɛ kakra. Enti, ɔdii nnansa, didiiɛ, nomeeɛ, daa hɔ.

5Ne nna ɛnan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Didi ansa na woakɔ.” 6Enti, wɔn baanu no tenaa ase didiiɛ, nomeeɛ. Afei, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.” 7Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso, nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti, ɔpenee so daa hɔ anadwo no. 8Nnanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, bio, ɔbaa no agya kaa sɛ, “Didi ansa, na awiam kakra no wobɛtumi akɔ.” Enti, wɔsane didii bio.

9Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne ɔsomfoɔ boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso, nʼase no ka kyerɛɛ no sɛ, “Montie! Adeɛ reyɛ asa. Montena na monnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mobɛtumi asim anɔpahema.”

10Nanso, afei deɛ ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem). 11Ɛberɛ a wɔduruu Yebus no na adeɛ reyɛ asa, na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ, “Adeɛ reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifoɔ kuropɔn yi mu anadwo yi.”

12Ne wura no buaa sɛ, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafoɔ kuropɔn a Israelfoɔ nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea. 13Yɛbɛnya daberɛ anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.” 14Enti, wɔtoaa so. Wɔrebɛduru kuro Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ, 15Enti wɔdaa hɔ anadwo no. Wɔdaa kuro no abɔntene kɛseɛ so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔhoɔ.

16Anwummerɛ no, akɔkoraa bi firii nʼafuom baa fie. Na ɔfiri Efraim bepɔ asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so. 17Ɛberɛ a ɔhunuu akwantufoɔ yi sɛ wɔtete kuro no abɔntene kɛseɛ so no, ɔbisaa wɔn baabi a wɔfiri ne baabi a wɔrekorɔ.

18Ɔbarima no buaa no sɛ, “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yudea na yɛrekɔ Efraim bepɔ asase no so kuro bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Asɔrefie. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fie ankɔpɛ yɛn daberɛ, 19ɛwom sɛ yɛwɔ deɛ ɛhia yɛn biara. Yɛwɔ ɛserɛ ne aduane a yɛde bɛma yɛn mfunumu; yɛwɔ burodo ne nsã.”

20Akɔkoraa no kaa sɛ, “Mommra mmɛsoɛ me. Mɛma mo biribiara a ɛbɛhia mo. Na mmom, anadwo yi deɛ, ɛnsɛ sɛ moda abɔntene kɛseɛ so hɔ.” 21Enti, ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fie, na ɔmaa wɔn mfunumu no aduane. Wɔhohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, wɔbɔɔ mu didiiɛ.

22Ɛberɛ a wɔregye wɔn ani no, kuro no mu nnipa bɔnefoɔ bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ pempem ɛpono no teateaam guu akɔkoraa no so sɛ, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne no ada.”

23Akɔkoraa no firi baeɛ, bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔhoɔ na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguaseɛ. 24Me babaa ɔbaabunu ne ɔbarima yi mpena nie. Mede wɔn bɛma mo. Na deɛ mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasedeɛ yi.”

25Nanso, wɔantie no. Enti, Lewini no faa ne mpena no piaa no firii adi. Na kuro no mu mmarima no faa no nnidisoɔ nnidisoɔ kɔsii adekyeeɛ. Ahemadakye no na wɔgyaa no ma ɔkɔeɛ. 26Ɔbaa no kɔduruu fie a ne kunu no te mu no ɛpono ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kɔsii sɛ anim teteeɛ.

27Ɛberɛ a ne kunu buee ɛpono sɛ ɔrepue pɛ na ɔhunuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butu hɔ a ne nsa gu aponnwa no so. 28Ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso, wammua. Enti, ɔde no too nʼafunumu no so de no kɔɔ efie.

29Ɔduruu fie no, ɔtwee sekan de twitwaa ne mpena no mu asinasini dumienu. Na ɔde esini baako biara kɔɔ Israel mmusuakuo dumienu no mu. 30Na obiara a ɔhunuu saa aninyanneɛ yi kaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a Israel firii Misraim no, obi nnii saa amumuyɛsɛm yi bi da. Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?”

Japanese Contemporary Bible

士師記 19:1-30

19

ベミヤニン族による暴行事件

1イスラエルにまだ王がいなかったころ、あるレビ人がエフライムの山地の奥に住んでいました。その人は、ユダのベツレヘムから一人の娘をそばめとして連れて来ました。 2ところが彼女はその人をきらって、ベツレヘムの実家へ逃げ帰り、四か月もそこにいました。 3そこで夫は従者を一人伴い、そばめを乗せるろばをもう一頭連れて、彼女を連れ戻そうと会いに出かけたのです。彼女は訪ねて来た夫を招き入れ、父親に引き合わせると、父親も歓待してくれました。 4勧められるまま三日間滞在し、うちとけて、楽しい時を過ごしました。

5四日目の朝早く、出立しようと腰を上げると、父親は、朝食をすませてからにするよう熱心に勧めます。 6そうこうするうち、たいそう楽しかったのか、父親は、もう一晩泊まってくれとしきりに頼むのです。 7初めはなかなか承知しませんでしたが、しゅうとがあまりに頼むので断りきれず、泊まることにしました。 8翌朝、二人が早く起きると、またも父親が、「夕方までいてください。そして、日暮れ前にお発ちなさい」と、拝み倒さんばかりに頼むのです。二人はこの日も、ごちそう攻めに会いました。

9午後になって、夫婦と従者は出立の用意をしました。すると、しゅうとが言いました。「もう日も暮れかかった。今晩だけ泊まってお行きなさい。楽しい最後の晩を過ごそうじゃないか。明日の朝早く発てばいいだろう。」

10しかし、今度ばかりは耳を貸さず、彼らは出立し、日暮れまでに、エブスとも呼ばれたエルサレムの近くまで来ました。 11従者が主人に言いました。「日が暮れかかっておりますので、これ以上旅を続けるわけにはいきません。今夜はここに泊まってはいかがでしょう。」

12-13「いや、だめだ。イスラエル人のいない異教徒の町だから。ギブアか、できればラマまで行こう。」

14こうして、一行は旅を続けました。ベニヤミン族の村ギブアまで来た時、ちょうど日が沈みました。 15ここで一泊しようと町へ入って行きましたが、だれも招き入れてくれません。しかたなく町の広場で野宿することにしました。 16ちょうどそこへ、野良仕事を終えた老人が通りかかりました。そこはベニヤミンの領地でしたが、この老人はエフライムの山地出身で、今はギブアに住んでいる人でした。 17広場に野宿している旅人に目を留めた老人は、「どちらからお越しかな。どこまで行かれるのじゃ」と尋ねました。

18「ユダのベツレヘムから戻る途中です。シロからそう遠くないエフライムの山奥に住んでおります。今夜は、どこの家にも泊めてもらえなかったのです。 19ろばの餌も私たちの食糧やぶどう酒も、たくさん持っています。」

20「お気づかいは無用ですよ。私の家にお泊まりなさい。こんな所に野宿してはいけない。」

21老人は一行を自宅に案内しました。ろばにたっぷりまぐさをやったあと、共に食卓を囲みました。 22夕食の席がしだいにはなやいできた時、ならず者の一団が家を取り囲み、戸をたたき始めたのです。彼らは大声で、「おまえの所に泊まった男を出せ。そいつに興味があるのだ」とどなります。 23老人は外へ出て、彼らと話し合いました。「そんな悪いことはよしなされ。あの方は私の客人だ。 24代わりに、私のところの生娘と客人のそばめを差し出そう。いま二人を連れて来るから、好きなようにすればいい。ただし、客人には指一本ふれてくれるな。」

25それでも彼らは聞き入れません。すると客人のレビ人は、自分のそばめを外のならず者の前に放り出しました。彼らは夜通し代わる代わる彼女を辱め、夜が明けるころようやく解放したのです。 26彼女は、明るくなるまで戸口に倒れたままでした。

27旅立とうとして夫が戸を開けると、自分のそばめが手を敷居にかけたまま入口に倒れているのを見ました。 28「さあ、立ちなさい。出かけよう」と声をかけましたが、何の返事もありません。すでに彼女は死んでいたのです。彼は死体をろばに乗せ、家まで運びました。 29家に着くと、ナイフで死体を十二に切り分け、一つずつイスラエルの各部族に送りました。 30それを見た民はみな、ベニヤミン人の野蛮な行為に怒りをかきたてられました。「エジプトを出て以来、こんなひどい出来事があっただろうか。この事件を見過ごすわけにはいかない。」